Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/91
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔkyerɛwfo
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • So Worekɔ Asafo Foforo Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Ɔfã 3: Boa Ma Afoforo Nnya Nkɔso
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 3/91

Asemmisa Afã

● Sɛ ɔdawurubɔfo bi tu kɔ baabi foforo a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔde mmoa ama wɔ kɔ a ɔrekɔ asafo foforo mu no ho?

Sɛ ɔdawurubɔfo bi fi asafo foforo mu bedu ara pɛ a, ɛsɛ sɛ asafo no ɔkyerɛwfo gye ɔdawurubɔfo no kan asafo no din ne saa asafo no ɔkyerɛwfo din ne n’address. Afei ɛsɛ sɛ ɔno kyerɛw ɔdawurubɔfo no kan asafo no ɔkyerɛwfo na obisa n’Asafo mu Ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ kratasin ne krataa a wɔde da no adi kyerɛ. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo a ne nsa ka abisade yi ma mmuae ntɛm ara. Ɔsom boayikuw no mufo betumi de wɔn nsa ahyɛ krataa yi ase.​—Hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma, nkratafa 104-5.

Ɔdawurubɔfo a ɔreyɛ nhyehyɛe atu no betumi aboa denam hwɛ a ɔbɛhwɛ ahu sɛ onim asafo a ɔrefi mu no din ankasa ne ɔkyerɛwfo no din ne n’address. Afei, sɛ odu asafo foforo no mu a, obetumi de eyi ama ɔkyerɛwfo no na ama watumi akyerɛw ne kan asafo no ntɛm ara. Wobetumi akora asɛnka akontaabu a ɔde ma asafo foforo no so akosi sɛ nsa bɛka ne kyerɛwtohɔ kratasin no. Ɛno akyi no, wobetumi ahyehyɛ ɔdawurubɔfo no dwumadi wɔ ne kyerɛwtohɔ kratasin no so na wɔde aka asafo no akontaabu ma ɔsram a edi hɔ no ho.

Nsɛm no bi mu no, ebia na ɔdawurubɔfo no nim asafo a ɔretu akɔ mu no ɔkyerɛwfo din ne n’address dedaw. Sɛ saa a, ɛho renhia sɛ mpanyimfo no twɛn kosi sɛ wobebisa wɔn ansa. Wobetumi de ɔdawurubɔfo no dwumadi ho kyerɛwtohɔ ne krataa a wɔde da no adi kyerɛ no amana asafo a ɔdawurubɔfo no ne wɔn bɛbɔ no ɔkyerɛwfo ntɛm ara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena