So Worekɔ Asafo Foforo Mu?
Sɛ saa na asɛm no te a, ɛnde nneɛma pii wɔ hɔ a ɛho behia sɛ wo ne afoforo bom di ho dwuma. Sɛ wode akwankyerɛ a wɔde ama wɔ ase hɔ no di dwuma a, ɛrenkyɛ koraa na w’ani aka asafo foforo a worekɔ mu no mu.
(1) Sɛ wunya hu faako a woretu akɔ no a, asafo a wowɔ mu mprempren no mu ɔkyerɛwfo no nsa betumi aka asafo foforo a worekɔ mu no Ahenni Asa no address. Sɛ wudu hɔ pɛ a, hwehwɛ Ahenni Asa no ntɛm na hu mmere a wɔde hyiam no yiye. Sɛ asafo a wohyia wɔ Ahenni Asa no so boro biako a, bisa mpanyimfo no ma wɔnkyerɛ wo asafo a wote wɔn asasesin mu no. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛkɔ nhyiam ahorow no na ama ɛhɔnom mpanyimfo no ahu wo.
(2) Akyerɛwfo a wɔwɔ asafo a wowɔ mu mprempren ne nea worekɔ mu foforo no mu no bɛka wɔn ti abom adi wo ne w’abusua no Asafo mu Adawurubɔfo Kyerɛwtohɔ kratasin no ho dwuma. Wɔde krataa a wɔakyerɛw mo ho nsɛm wom nso bɛmena asafo foforo a morekɔ mu no mu mpanyimfo. (Hwɛ March 1991 [Vol. 34, No. 3] Yɛn Ahenni Som Nsɛmmisa Afã no.) Ɛsɛ sɛ ɛhɔnom Asafo Ɔsom Boayikuw no ma nhoma mu adesuakuw sohwɛfo a ɔfata no hu sɛ woaba na ama watumi ahu wo aboa wo ma woahu adesuakuw foforo a wobɛkɔ no.—Rom. 15:7.
(3) Adawurubɔfo a wɔwɔ asafo foforo a worekɔ mu no mu nyinaa wɔ ɔfa a ɛyɛ anigye a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma—sɛ wobehu wo na wɔama w’ani aka. (Fa toto 3 Yohane 8 ho.) Nokwarem no, eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wokɔ nhyiam ahorow no nyinaa na woanya hokwan ne anuanom ahyehyɛ mo ho nkuran na moahyehyɛ mo ho den.
(4) Ɛnsɛ sɛ wotwɛn ma wowie biribiara a ɛfa asafo foforo a woakɔ mu no ho ansa na woafi ase ne asafo foforo no mufo akɔ asɛnka. Bere a wode Ahenni nneɛma redi kan no, wɔbɛhwɛ ayɛ nneɛma foforo a aka no nyinaa na wubenya akomatɔyam ankasa wɔ beae foforo a woakɔtra no. (Mat. 6:33) Sɛ w’ase tim wɔ wo fie foforo no mu a, ebia wobɛpɛ sɛ woto nsa frɛ asafo no mufo bi ma wɔbɛsra wo na mode ahu mo ho yiye.—Rom. 12:13b.
Sɛ woretu akɔtra baabi foforo a, ɛyɛ den. Nanso, sɛ obiara yɛ nea yɛaka ho asɛm wɔ ha no a, yɛn honhom fam nkɔso renka akyi. Yɛn Kristofo dɔ a ɛyɛ anigye no bɛma obiara anya akomatɔyam a edi mu.