Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/94 kr. 1
  • Kyerɛ Onyankopɔn Fie ho Anisɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyerɛ Onyankopɔn Fie ho Anisɔ
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛsɛ Sɛ Yenya Obu Ma Yɛn Nhyiam A Ɛyɛ Kronkron No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Bere So Di—Biribi A Ɛkyerɛ Anidahɔ
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wudi Bere So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Kristofo Nhyiam Horow A Yɛbɛkyerɛ Ho Anisɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 12/94 kr. 1

Kyerɛ Onyankopɔn Fie ho Anisɔ

1 Wɔ Bible mmere mu no, Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo sɛ wɔmmom nhyiam daa wɔ ne fie. (Lev. 23:2) Nhyiam horow yi boaa wɔn ma wɔde wɔn adwene sii Onyankopɔn asɛm so, ɛma wonyaa bere de dwennwenee ho, bɔɔ fekuw, na wosusuw Yehowa Mmara ho. Onyankopɔn nsusuwii hyɛɛ wɔn adwene ma, na ɛma wonyaa nhyira pii. Na eyi yɛ anigye bere ankasa. Nhyehyɛe no maa biakoyɛ ne ɔsom a ɛho tew nyaa nkɔanim. Nhyiam horow a wɔyɛ wɔ Onyankopɔn fie nnɛ ho hia saa ara.

2 Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Akyerɛ sɛ Yɛwɔ Nhyiam Horow no ho Anisɔ? Asafo ahorow bi bɔ amanneɛ sɛ nnipa kakraa bi na wɔba nhyiam horow no, titiriw Asafo Nhoma Adesua. Ɛtɔ da bi a, ebia obi tebea remma ɔnkɔ nhyiam bi. Nanso woama kwan ma ɔhaw nketenkete bi nti wonkɔ nhyiam daa? Ebia ebinom besi gyinae sɛ wɔnkɔ nhyiam sɛ wɔn ti pae wɔn kakra anaa wɔabrɛ bere a wɔyɛɛ adwuma pii da no a. Afoforo ate nka sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wogye wɔn abusuafo a wonnye nni a wɔpɛ sɛ wɔbɛsra wɔn no ani. Ebinom ankɔ nhyiam mpo na ama wɔanya kwan ahwɛ TV so dwumadi anaasɛ agumadi bi a wɔn ani gye ho. Ɛda adi sɛ anisɔ a wɔdaa no adi wɔ tebea horow yi mu no nnu ɔpɛ a efi komam a Kora mma daa no adi no: “Me kra ani gyina, ɛtɔ piti po, [Yehowa] adiwo no nti.”—Dw. 84:2.

3 Ɛwom sɛ wɔde honhom fam aduan pii ma wɔ nhyiam horow ase de, nanso ɛyɛ den ma ebinom a wɔkɔ no sɛ wɔbɛyɛ aso atie. Ebia wohu sɛ wɔn adwene rekyinkyin, wodwen da no mu ɔhaw ahorow ho, anaasɛ wɔtɔ nko mpo. Pii ahu sɛ nsɛm ntiantiaa a wɔkyerɛkyerɛw to hɔ boa ma wɔn ani nkum na wotumi de wɔn adwene si nea wɔreka no so. Nneɛma a wɔkyerɛkyerɛw to hɔ nso ma asɛm no ka adwene no mu. Bio nso, wɔn ho a wodi kan siesie boa ma wonya mu mfaso kosi ase. Sɛ yesiesie yɛn ho yiye a, yebetumi “ayɛ aso aboro so.”—Heb. 2:1, NW.

4 Ɛho hia sɛ mmofra ne mpanyin nyinaa tie nea wɔkyerɛkyerɛ wɔ nhyiam horow ase no. Nneɛma kakraa bi na mmofra no besua sɛ awofo de agode ne nhoma a mmofra yɛ mfonini wom ma wɔn na ama wɔanya biribi ayɛ na wɔayɛ komm a. Sɛ wɔma mmofra kwan ma wodi agoru, wɔkasa, wosu, anaasɛ wɔyɛ nneɛma a ɛhaw afoforo a wɔte bɛn wɔn no a, ɛkyerɛ sɛ wɔmfa nteɛso pa mma. Sɛ abofra nim sɛ n’awofo mu biako ne no bɛkɔ baabi a yegyaw yɛn anan anaasɛ yɛnom nsu bere a nhyiam no rekɔ so no a, wɔntaa nkɔ hɔ basabasa.

5 Ɛho Hia sɛ Yedu Hɔ Bere Ano: Ɛtɔ mmere bi a, ebia tebea a yentumi nyɛ ho hwee remma yennu nhyiam ase bere ano, nanso akyi a yɛbɛka daa adu hɔ bere a wɔato dwom abɔ mpae a wɔde bue ano no awie no kyerɛ sɛ yebu nhyiam horow no atirimpɔw kronkron no ne asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛkwati sɛ yɛbɛhaw afoforo adwene no animtiaa. Kae sɛ nnwom a yɛne yɛn nuanom bɛto ne mpae a yɛne wɔn bɛbɔ wɔ asafo nhyiam horow ase no yɛ yɛn som fã. Nhyehyɛe pa a yɛnyɛ anaasɛ yentumi nni kan nyɛ na ɛtaa ma yɛka akyi daa no. Ɛhɔnom a yebedu bere ano kyerɛ sɛ yebu yɛn nhyiam horow no na yɛn ani sɔ.

6 Bere a da no rebɛn bere nyinaa no, hia a ɛho hia sɛ yɛbom hyiam no bɛkɔ so ayɛ kɛse ara. (Heb. 10:24, 25) Momma yɛnkɔ daa, nni kan nsiesie yɛn ho, nnu hɔ bere ano, nyɛ komm ntie asɛm na afei yɛmfa nea yesua no nni dwuma mfa nna yɛn anisɔ adi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena