December Ɔsom Nhyiam Horow
MONHYƐ NO NSOW: Yɛn Ahenni Som no bɛyɛ nhyehyɛe ama dapɛn biara Ɔsom Nhyiam wɔ December ne January mu. Asafo ahorow betumi ayɛ nsakrae a ehia na ama wɔakɔ “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam no, na wɔde simma 30 atĩ dwumadi no mu nsɛntitiriw mu wɔ dapɛn a edi hɔ no Ɔsom Nhyiam mu. Ɛsɛ sɛ wodi kan de ɔmantam nhyiam no da biara da dwumadi mu ntimũ no ma anuanom mmarima baanu anaa baasa a wɔfata a wobetumi atwe adwene asi nsɛntitiriw no so. Saa ntimũ a wɔasiesie no yiye yi bɛboa asafo no ma wɔakae nsɛntitiriw no de adi dwuma wɔ wɔn ankasa asetra ne asɛnka mu. Ɛsɛ sɛ nsɛm ne osuahu ahorow a atiefo no bɛka yɛ ntiantiaa na ɛfa asɛm no ho tẽẽ.
Dapɛn a Efi Ase December 5
Dwom 68
12 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata. Kyerɛ asɛm biako anaa abien a ɛkanyan adwene a wobetumi de adi dwuma bere a wɔde nsɛmma nhoma a aba foforo rema no. Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata mfa nsɛm no mu biako nyɛ sɛnea wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “Nhwɛsode a Ɛsɛ sɛ Yedi Akyi Pɛpɛɛpɛ.” Nsemmisa ne mmuae.
18 min: “To Nsa Frɛ Afoforo Ma Wonni Onipa a Ɔsen Biara no Akyi.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Yɛ ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien. Si so dua sɛ ɛho hia sɛ yɛyɛ afie afie kyerɛwtohɔ a edi mũ; ka nsɛm ko a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw ho asɛm tiawa.
Dwom 153 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 12
Dwom 86
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Sika ho amanneɛbɔ, a ntoboa biara a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ka ho.
15 min: “Ma W’ani Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ so Bere Nyinaa.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma. Ka akwankyerɛ a ɛka “Theocratic Ministry School Schedule for 1995” ho no ho asɛm, na fa nkaebɔ biara a ehia sɛ asafo no te ma.
18 min: “Kyerɛ Onyankopɔn Fie ho Anisɔ.” Nsemmisa ne mmuae. Fa sɛnea ɛho hia sɛ wodu nhyiam ase bere ano ho asɛm foforo ka ho.—Hwɛ June 15, 1990, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 26-9.
Dwom 99 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 19
Dwom 78
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka mo asafo no asɛnka nhyehyɛe ma nnapɔnna a ɛreba no ho asɛm. Fa akwan a wɔbɛfa so de nsɛmma nhoma a aba foforo ama wɔ mo asasesin mu ho nyansahyɛ ahorow ma.
20 min: “Monyɛ Aso Mma Nkɔmhyɛ Asɛm No.” Krataa a ɛhyɛ mu. Nsemmisa ne mmuae a ɛfa nkyekyem 1-8 ho, ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Munsusuw nea kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din no fa ho ho.
15 min: “Monhyɛ Wɔn Nkuran Ma Wɔmmɛyɛ N’akyidifo.” Wo ne atiefo nsusuw ho. Yɛ ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien. Kamfo kyerɛ sɛ obiara mfa asɛnka bere no bi nyɛ sankɔhwɛ ahorow dapɛn biara.
Dwom 22 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 26
Dwom 74
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw “Mo Nhyiam Bere Bɛsesa Anaa?” ho, sɛ ɛfa mo asafo no ho a.
18 min: “Monyɛ Aso Mma Nkɔmhyɛ Asɛm No.” Krataa a ɛhyɛ mu. Nsemmisa ne mmuae a ɛfa nkyekyem 9-13 ho, ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Si so dua sɛ ɛho hia sɛ wosiesie wɔn ho ma Asafo Nhoma Adesua, wɔkɔ daa na wɔde wɔn ho hyem. Kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wonya honhom mu nkyerɛkyerɛ a ehia na wɔakyerɛ yɛn kwan wɔ nna a edi akyiri yi mu ho anisɔ.
20 min: “Awofo, Mo Mma Rebɔ Asɛm no Dawuru?” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw ho. Bere a moasusuw nkyekyem 3 ho awie no, ma abofra nka asɛm a kyerɛwsɛm biako wom nkyerɛ ofiewura bi.
Dwom 164 ne mpaebɔ a wɔde wie.