Nhwɛsode a Ɛsɛ sɛ Yedi Akyi Pɛpɛɛpɛ
1 Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu ne onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn. Ɔyɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa n’asuafo. Ɛwom sɛ yentumi nnu ne gyinapɛn a ɛyɛ pɛ no ho de, nanso wɔhyɛ yɛn sɛ ‘yenni n’anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ.’ (1 Pet. 2:21) Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Yesu sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara na yɛde nnamyɛ ka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo.
2 Ná Yesu nyɛ ɔsɛnkafo kɛkɛ; na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔkyɛn so. “Ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn.” (Mat. 7:28) Dɛn nti na otumi tuu mpɔn saa? Momma yɛnhwehwɛ “ne kyerɛkyerɛ” no mu nkɔ akyiri.
3 Ɔkwan a Yebetumi Afa so Adi Yesu Akyi: Ná Yesu Agya akyerɛkyerɛ no. (Yoh. 8:28) Ná n’atirimpɔw ne sɛ obedi Yehowa ni na wahyɛ Ne din anuonyam. (Yoh. 17:4, 26) Wɔ yɛn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ mu no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nso yɛn atirimpɔw sɛ yebedi Yehowa ni, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛdan adwene aba yɛn ankasa so.
4 Biribiara a Yesu kyerɛkyerɛe no gyina Onyankopɔn Asɛm so. Ɔtwee adwene sii nea wɔakyerɛw no Kyerɛwnsɛm a wɔde honhom kyerɛwee mu no so bere nyinaa. (Mat. 4:4, 7; 19:4; 22:31) Yɛpɛ sɛ yɛdan yɛn atiefo adwene kɔ Bible no so; saayɛ so no, yɛma wohu sɛ asɛm a yɛka ne nea yɛkyerɛkyerɛ no gyina tumi a ɛkorɔn sen biara no so.
5 Nsɛm ntiantia a aba wom na emu da hɔ na Yesu de dii dwuma. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔrekyerɛ ɔkwan a yebetumi afa so anya Onyankopɔn hɔ fafiri no, ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛn ankasa mfa afoforo bɔne mfiri wɔn. (Mat. 6:14, 15) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de nsɛm a emu da hɔ a asete nyɛ den kyerɛkyerɛ Ahenni asɛm no mu.
6 Yesu de mfatoho ahorow ne nsemmisa dii dwuma ahokokwaw so de kanyan afoforo nsusuwii. (Mat. 13:34, 35; 22:20-22) Mfatoho ahorow a ɛfa nneɛma a yehu no daa ho betumi aboa nkurɔfo ma wɔate Bible nkyerɛkyerɛ ahorow a asete yɛ den ase. Ɛsɛ sɛ yebisa nsɛm a ɛhyɛ yɛn atiefo nkuran ma wosusuw nsɛm a wɔte ho. Nsemmisa a ɛma obi susuw nsɛm ho betumi aboa wɔn ma wɔde nsɛm aba awiei ɔkwan a ɛfata so.
7 Yesu gyee bere de kyerɛkyerɛɛ nsɛm a emu yɛ den mu kyerɛɛ wɔn a wobisaa ho nsɛm afoforo no. Wɔn a wɔkyerɛɛ ho anigye ampa, te sɛ n’asuafo no, tumi tee nea Yesu kyerɛkyerɛe no ase. (Mat. 13:36) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛboa afoforo bere a wofi nokwaredi mu bisa nsɛm no. Sɛ yennim mmuae no a, yebetumi akɔyɛ asɛm no ho nhwehwɛmu na yɛasan akɔ de ho mmuae akɔma akyiri yi.
8 Yesu de nhwɛso ahorow a asuade wom kyerɛkyerɛe. Eyi ho nhwɛso ne n’asuafo no nan ho a ɔhohoroe ɛmfa ho sɛ na ɔyɛ wɔn Wura no. (Yoh. 13:2-16) Sɛ yɛda ahobrɛase su adi a, ɛbɛkanyan wɔn a yɛrekyerɛkyerɛ wɔn no ma wɔde nea wɔresua no adi dwuma.
9 Yesu kanyan nkurɔfo koma ne trenee ho dɔ a na wɔwɔ no. Yɛn nso yɛpɛ sɛ yedu nkurɔfo koma mu. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkanyan ɔpɛ a adesamma nyinaa fi awosu mu wɔ sɛ wɔbɛsom obi a ɔkorɔn sen wɔn na wɔne afoforo atra asomdwoe ne anigye mu no.
10 Wɔ December mu no, yebetumi aka nneɛma a yɛasua wɔ Yesu ho no akyerɛ afoforo denam Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no a yɛde bɛma so. Ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe a yebesuasua no betumi akanyan nnipa komapafo ma wɔatie bere a yɛkyerɛ nea ɔkyerɛkyerɛe mu no.—Mat. 10:40.