Boa Wɔn ma Wontie ‘Bere Foforo Nso’
1 “Yebetie wo wɔ asɛm yi ho bere foforo nso.” (Aso. 17:32, New World Translation.) Saa na ebinom kae wɔ Paulo kasa a agye din a ɔmae wɔ Mars’ Hill no ho. Saa ara na ɛnnɛ nso ebinom wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛte pii afa Ahenni asɛm a yɛne wɔn bɔɔ ho nkɔmmɔ wɔ yɛn nsrahwɛ a edi kan mu no ho.
2 Yɛde yɛn nkyerɛkyerɛ no fã kɛse ma bere a yɛsan kɔ hɔ kɔkanyan wɔn anigye no. Ahosiesie a edi mu bɛboa yɛn ma yɛasow aba pa. School Guidebook no kratafa 51 hyɛ nyansa sɛ: “Nea edi kan no, ma nsɛntitiriw a ɛfoa asɛm no so no ntra w’adwene mu fann. Bɔ mmɔden hu nea enti a asɛm bi yɛ nokware. Hwɛ sɛ wubetumi de w’ankasa nsɛm ada adwene a ɛwom no adi anaa. Nya Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a wɔde agyina akyi no mu ntease a ɛfata. Siesie wo ho sɛ wode kyerɛw nsɛm no bedi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.”
3 Sɛ womaa “The Bible—God’s Word or Man’s?” nhoma no a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Nnaano a yɛbɔɔ nkɔmmɔ no, yesusuw ntease horow nti a yebetumi anya Bible no mu ahotoso ho. Nhoma a mede maa wo no bisa asɛm a ɛne sɛ, ‘Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokenkan Bible No?’ [Kenkan nnianim asɛm a ɛwɔ kratafa 5 no, na twɛn ma ommua asemmisa a ɛwɔ n’awiei no.] Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ ɛnkyɛ koraa Onyankopɔn ankasa bedi adesamma haw akɛse no nyinaa ho dwuma, na ɛkyerɛ yɛn ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so na yɛanya saa anigye bere no mu nhyira horow no. [Kenkan Dwom 119:105.] Wɔayɛ saa nhoma yi na aboa ma wɔayɛ kokoam anaa abusua Bible adesua. M’ani begye ho sɛ mɛkyerɛ wo sɛnea wɔde di dwuma.”
4 Sɛ wokɔ baabi a wugyaw “Nea Enti a Wubetumi De Wo ho Ato Bible no So” kratawa no a, wubetumi aka eyi:
◼ “Nea ɛbɛba daakye ho asɛm hia yɛn nyinaa. Esiane tebea horow a mprempren ɛwɔ wiase nti, wususuw sɛ dɛn na ebesi? [Twɛn ma ommua.] Bere a nnipa adwene kɛkɛ na wobetumi de abu nea ɛbɛba no, Onyankopɔn nim nea ebesi ankasa. [Kenkan Yesaia 46:10.] Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ Bible no hyɛ nkɔm sɛ ɛnkyɛ yebenya paradise wiase foforo mu nhyira horow. [Kenkan nkyekyem a ɛto so abiɛsa no wɔ kratafa 4.] Ma menka saa bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa yi ho nsɛm pii nkyerɛ wo.”
5 Sɛ wosan kɔ obi a womaa no “New World Translation” hɔ a, ebia saa nyansahyɛ yi bɛyɛ adwuma yiye:
◼ “Mebɛmaa wo Bible nnansa yi ara, na mehyɛɛ bɔ sɛ mɛsan aba abɛboa wo ma wode adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛkyɛn so so. Ɛtɔ da bi a ebia yebesusuw sɛnea yebetumi akɔ so ne afoforo anya abusuabɔ pa ho. Bible no de afotu pa ma, na New World Translation no ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yebehu nea yehia no. [Dan kɔ 1984 de a ne kɛse yɛ hɔ-ne-hɔ a ɛtwe adwene si kyerɛw nsɛm afoforo so no kratafa 1595, na hwɛ asɛmti “Love(s)” (“Ɔdɔ”) ase. Twe adwene si kyerɛw nsɛm te sɛ 1 Korintofo 13:4; Kolosefo 3:14; ne 1 Petro 4:8 so. Fa bere tiaa kyerɛ sɛnea saa nnyinasosɛm ahorow yi a yɛde bedi dwuma no betumi asow aba pa.] Eyi yɛ nhwɛso biako a ɛkyerɛ sɛnea Bible no de yɛn haw ahorow ano aduru a mfaso wɔ so ma. Bere foforo no, mɛpɛ sɛ mekyerɛ wo ɔkwan foforo a Bible no betumi afa so aboa yɛn ma yɛanya anigye ne asomdwoe.”
6 Akorade biara nni hɔ a yebetumi de ama afoforo a ɛsen Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ. Nimdeɛ a ɛte saa betumi akyerɛ Yehowa ho suro na ahyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔanantew ne kwan so, nea ɛde nhyira a ɛtra hɔ daa ba no.—Mmeb. 2:20, 21.