Bible No—Ɛma Awerɛkyekye ne Anidaso wɔ Ɔhaw Wiase Mu
1 Saa wiase yi de nhyɛso kɛse ba adesamma so, na ɛma wohia awerɛkyekye ne anidaso. Bible no nkutoo na ɛma nokware awerɛkyekye. Ɛde trenee wiase foforo bi ho anidaso ma. (Rom. 15:4; 2 Pet. 3:13) Insight nhoma no, Po 1, kratafa 311, ka sɛ: “Sɛ ɛnyɛ Bible no a, anka yɛrenhu Yehowa, anka yɛrenhu mfaso horow a ɛyɛ nwonwa a Kristo agyede afɔrebɔ no de ba no, na anka yɛrente ahwehwɛde ahorow a ɛsɛ sɛ yedu ho na ama yɛatumi anya daa nkwa wɔ Onyankopɔn trenee Ahenni no mu anaa yɛayɛ ne nkoa no ase.”
2 Wɔ November mu no, yɛbɛtwe adwene asi nea Onyankopɔn Asɛm Bible no yɛ de boa nkurɔfo ma wotumi gyina wiase no nhyɛso horow ano so titiriw. Yɛde New World Translation of the Holy Scriptures ne The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no bɛma. Dɛn na yebetumi aka a ɛbɛboa ankorankoro a wɔdɔ trenee ma wɔn ani asɔ ɛbo a Bible no som no?
3 Sɛ woda wo ho adi wie a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Akyinnye biara nni ho sɛ wugye tom sɛ ɔhaw ahorow a ɛsɛe yɛn asomdwoe atwa yɛn ho ahyia. Ɛhe na yebetumi anya afotu pa a ɛbɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfaso agyina ɔhaw ahorow yi ano? [Twɛn ma ommua.] Mahu sɛ Bible no ma awerɛhyem, efisɛ ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi anya anigye. [Kenkan Luka 11:28.] Yɛn adwuma no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛhyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔakenkan Bible no anya ne nkyerɛkyerɛ so mfaso. Saa nhoma a wɔde sua Bible, a ɛne The Bible—God’s Word or Man’s? yi betumi aboa wo ma woayɛ saa. Hyɛ asɛm a ɛka wɔ nea ama wiase haw ahorow no mu fã kɛse aba ho no nsow. [Kenkan kasamũ a ɛto so abien a ɛwɔ nkyekyem 9 wɔ kratafa 187 no.] M’ani begye ho sɛ megyaw eyi ama wo de agye ₵800.00.”
4 Wubetumi afa ɔkwan tiawa te sɛ eyi so:
◼ “Yɛpɛ sɛ yɛhyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔkyerɛ obu kɛse ma Onyankopɔn Asɛm Bible no. Mɛpɛ sɛ mema wo Nea Enti a Wubetumi De Wo ho Ato Bible no So kratawa yi biako. Ɛkyerɛ nea enti a yebetumi de yɛn ho ato Bible no so na yɛanya wiase a eye sen eyi ho nokware anidaso. [Dan kɔ kratafa 6, na kenkan Dwom 37:29 ne kratawa no nkyekyem a etwa to no.] W’ankasa kenkan kratawa yi, na bere foforo a mɛsan aba ha no, ma minhu w’adwene wɔ anidaso a Bible no de ma no ho.”
5 Ebia adawurubɔfo binom bɛpɛ sɛ wɔfa ɔkwan tẽẽ a wɔnam so fi Bible adesua ase yi so:
◼ “Maba sɛ me ne wo rebɛyɛ Bible adesua a wuntua hwee ho nhyehyɛe. Onyankopɔn honhom na wɔde kyerɛw Bible no, na ne nkyerɛkyerɛ betumi aboa yɛn ma yɛatoto nneɛma yiye. Wɔayɛ New World Translation of the Holy Scriptures a ɛwɔ kasa a wɔka no nnɛ mu no na wɔde ayɛ kokoam adesua. Bible akenkanfo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa ani abegye ho. Ma memfa bere tiaa bi nkyerɛ wo sɛnea wubetumi de adi dwuma. [Sɛ wowɔ 1984 de a ne kɛse yɛ hɔ-ne-hɔ a ɛtwe adwene si kyerɛw nsɛm afoforo so no bi a, dan kɔ kratafa 1653, na twe adwene si 23A so. Gyina anigye a ɔda no adi no so kenkan kyerɛw nsɛm a ɛwowɔ mu no biako anaa abien, na mommɔ nea ɛreka ho asɛm no ho nkɔmmɔ. Kyerɛkyerɛ sɛnea kyerɛw nsɛm a ɛwowɔ mu a ɔbɛkenkan no bɛkyerɛ no nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔnam n’Ahenni no so bɛyɛ no.] M’ani begye ho sɛ mɛsan aba ne wo abesusuw Ahenni anidaso yi ho akɔ akyiri.”
6 Bible no na ɛma awerɛkyekye ne anidaso ne afei nokware a ebetumi ama yɛanya daa nkwa. (Yoh. 17:3, 17) Bible mu nimdeɛ a yɛde bɛma afoforo no sɔ Yehowa, “a ɔpɛ sɛ wogye nnipa [a wogu ahorow, NW] nyinaa nkwa” no ani.—1 Tim. 2:4.