Ɔkwan A Yɛfa So Kyerɛkyerɛ A Yɛbɛma Anya Nkɔso
1 Sɛ́ asɛmpa no ho asomfo no, wɔde asuafoyɛ ho asɛyɛde ahyɛ yɛn nsa. (Mat. 28:19, 20) Wɔ Ghana nkutoo no, wɔabɔ asuafo afoforo a wɔboro 6,000 asu wɔ mfe anum pɛ a atwam no mu. Eyi di Yehowa nhyira a ɛwɔ yɛn mmɔdenbɔ wɔ ɔsom adwuma no mu so ho adanse. Nanso so yɛatete asuafo afoforo yi nyinaa sɛnea ɛsɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo? Nokwarem, so yɛn nyinaa ama yɛn ani ada hɔ sɛ yebekura ɔkyerɛkyerɛ su a ɛkorɔn mu wɔ yɛn asuafoyɛ adwuma no mu? So yɛrenya asuafo a wɔn ase atim kɛse wɔ nokware no mu, na so yɛatete wɔn wɔ ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ mu a wobetumi aboa afoforo?
2 Afei de yɛanya ɔkyerɛkyerɛ nhoma abien a eye kyɛn so, You Can Live Forever in Paradise on Earth ma afoforofo, ne United in Worship of the Only True God no ma adesuafo a wɔanya nkɔanim. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔkyerɛkyerɛ mmoa yi a yɛde bedi dwuma yiye no bɛboa nnipa pii ma wɔabɛyɛ Kristo asuafo. Eyi si hia a ɛho hia sɛ yɛde yɛn adwene si ɔkyerɛkyerɛ su horow a ɛbɛboa yɛn ne wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔadi mu wɔ biribiara mu sɛ asuafo Kristofo no so dua.—1 Tim. 4:16; 2 Tim. 3:16, 17.
NA YESU YƐ ƆKYERƐKYERƐFO
3 Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu Kristo, yɛɛ nhwɛso maa yɛn a ɛsɛ sɛ yedi akyi wɔ afoforo a wɔkyerɛkyerɛ wɔn mu. Osuasuaa n’Agya Yehowa Nyankopɔn. (Yoh. 5:19; 6:45; 8: 28) Ɔkyerɛɛ wɔn a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no ho anigye kɛse ankasa. Ná ɔdɔ n’asuafo no na ɔde ne ho bɔɔ afɔre wɔ nneɛma pii mu na aboa wɔn. (Marko 6:31-34) Ná ne nkyerɛkyerɛ yɛ nea tumi wom a egyina Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no so pintinn. (Mat. 7:28, 29) Oyii boasetɔ adi na na ne yam ye wɔ bere nyinaa mpo a ɔdaa nneɛma adi pefee kyerɛɛ wɔn a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no. Ná ɔyɛ pɛ wɔ nkyerɛkyerɛ mu. Ɔyɛɛ nhwɛso wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu, yɛɛ nea ɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wɔnyɛ no. Ɔde bɛ ahorow a ɛfata dii dwuma. (Mat. 13:34) Ɔkanyan adwene denam nsemmisa a ɔde dii dwuma yiye no so. (Mat. 17:24-26) Otĩi nsɛm mu sii so dua na ɔhwɛe sɛ ne nsɛm no aka n’atiefo adwene mu yiye a. (Yoh. 21:15-17) Ɔkyerɛkyerɛe a na ɛnyɛ sɛ ɔreda nimdeɛ adi kɛkɛ na mmom sɛ ɔbɛma wɔate nneɛma ase yiye na waboa n’asuafo no ma wɔanya gyidi na wɔne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den. Ɔmaa n’asuafo no nyaa su horow a wobehia na ama wɔayɛ asomfo a wɔsow aba na wɔakɔ so ayɛ den wɔ gyidi no mu.—Aso. 1:8.
4 Sɛ́ yɛka mpempem afoforo a nnansa yi ara na wɔabɛyɛ asuafo Kristofo no ho anaasɛ yɛde mfe pii anya osuahu no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yebesuasua Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, no nhwɛso no. Nsɛm a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som ahorow a ɛbɛba akyiri yi mu bɛboa yɛn ma ɔkwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ no anya nkɔso.