Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/94 kr. 2
  • Mo Nhyiam Bere Bɛsesa Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mo Nhyiam Bere Bɛsesa Anaa?
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nhyiamkɔ—Asɛyɛde a Anibere Wom
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Ɔfã 1—Munnwen Afoforo Ho
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Asafo Nhyiam Ho Nhyehyɛe Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 12/94 kr. 2

Mo Nhyiam Bere Bɛsesa Anaa?

Wɔ mmeae a asafo ahorow pii hyiam wɔ Ahenni Asa koro so no, ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wɔyɛ nhyehyɛe di nsesa wɔ bere a wɔde yɛ nhyiam no anaa wɔyɛ nsakrae wɔ nhyiam bere mu afe biara. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi a ɛremma wɔnte nka sɛ asafo biako nya mfaso horow bi bere nyinaa. (Fa toto September 1976 Yɛn Ahenni Som, kratafa 6 ho.) Sɛ nhwɛso no, sɛ January da a edi kan na wɔapaw sɛ wɔde bedi nsesa no a, ɔpɛ a obiara benya sɛ obedi nhyehyɛe a ɛte saa akyi no kyerɛ sɛnea obiara dɔ ne yɔnko na osusuw ne ho. Mpɛn pii no, sɛ wɔsesa nhyiam bere no a, ɛde mfaso bɛbrɛ w’ankasa, na ɛmma nhyiamkɔ nyɛ den pii.

Nanso, ebia na nsakrae a wɔreyɛ no ne wo dwumadi nhyehyɛe nhyia papa. Ebia ɛbɛhwehwɛ sɛ woyɛ nsakrae wɔ nea woyɛ no daa mu, na ebetumi ahaw w’adwene ɔkwan bi so. Ɔpɛ a obiara benya sɛ obedi akyi no kyerɛ sɛ ɔwɔ anisɔ ma nhyehyɛe a ɛma obiara a ɛfa ne ho no nya mu mfaso no.

Nokwarem no, bere a edi hɔ a mubedi nsesa wɔ nhyiam bere mu no, ebia ɛbɛyɛ nea wopɛ kɛse. Ɛnkosi sɛ ɛbɛba saa no, yɛhyɛ wo nkuran sɛ w’ankasa yɛ nsakrae ahorow a ehia no na ama watumi akɔ dapɛn dapɛn nhyiam no nyinaa sɛnea nhyehyɛe a asafo no asi ho gyinae no te no. Bɔ mmɔden kura adwene a na odwontofo Dawid a ɔkaa eyi no wɔ no mu: “M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ [Yehowa] fi.”—Dw. 122:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena