Nhyiamkɔ—Asɛyɛde a Anibere Wom
1 Wubu nhyiamkɔ aniberesɛm dɛn? Eyi yɛ asemmisa a wɔde hwehwɛ nneɛma mu, anaa ɛnte saa? Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn mu dodow no ara te nka sɛ yɛn ani sɔ nhyiam horow no. Nanso, amanneɛbɔ kyerɛ sɛ wɔn a wɔkɔ nhyiam wɔ asafo ahorow bi mu dodow so atew nnansa yi. Dɛn na ama aba saa? So yɛn mu binom rema adwuma pɔn akyi adwumayɛ ho sɔhwɛ ho kwan, anaasɛ yɛma ɔbrɛ, ofie nnwuma, ɔyare kakra, anaa wim tebea a asɛe kakra twitware asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbɛkɔ nhyiam horow daa no mu? (Deut. 31:12) Esiane sɛ nhyiamkɔ yɛ Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde nti, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara de mpaebɔ susuw asemmisa a ɛne sɛ Mibu nhyiamkɔ a Asafo Nhoma Adesua ka ho aniberesɛm dɛn?
2 Yɛn nuanom binom de nnɔnhwerew pii nantew fa mfuturukwan a so kotwa nsubɔnten a adɛnkyɛm wom na ama wɔakɔ nhyiam horow. Wɔ w’asafo mu no, ebia anokwafo bi wɔ hɔ a “wɔnto nhyiam mu da” ɛwom sɛ wonni ahoɔden koraa, wɔadi dɛm, wɔwɔ nnwuma pii yɛ wɔ wɔn adwumam, anaasɛ wɔwɔ dwumadi a egye bere pii wɔ sukuu de. (Luka 2:37) Dɛn nti na wɔbɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ nhyiam? Efisɛ wonim sɛ wontumi mfa wɔn ankasa ahoɔden nni wiase a ahokyere wom yi mu ɔhaw ahorow ho dwuma. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to ahoɔden a Onyankopɔn de ma no so.—2 Kor. 12:9, 10.
3 Ɛnnɛ yedi nhwɛso a Kristofo a wodi kan a na wohyiam daa bɔ mpae, ka osuahu ahorow kyerɛ wɔn ho wɔn ho, na wosua Onyankopɔn Asɛm yɛe no akyi. (Aso. 4:23-30; 11:4-18; Kol. 4:16) Yenya Bible nkɔmhyɛ ne nkyerɛkyerɛ, ne suban pa ne Kristofo abrabɔ pa ho nkyerɛkyerɛ ne sɛnea yɛbɛma yɛn asetra ayɛ papa nnɛ denam ahwɛyiye a yɛbɛyɛ de Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm adi dwuma ho afotu a ɛyɛ ne bere mu de so. (1 Tim. 4:8) Bio nso, wɔkae yɛn anidaso a yɛwɔ sɛ da bi ɔhaw ne amanehunu ahorow bɛba awiei. Ɛho hia sɛ yɛhyɛ anidaso yi mu den.—Heb. 6:19.
4 W’abusua bu nhyiamkɔ aniberesɛm dɛn? So ɛyɛ mo nhyehyɛe fã te sɛ adidibere ne honam fam adwuma? Sɛ edu nna a mokɔ nhyiam a, so w’adwenem yɛ wo nãã sɛ kɔ anaa nkɔ, anaa mo nuanom a mo ne wɔn bɛbɔɔ daa no yɛ ade mopɛ a na moyɛ wɔ mo fie? Adawurubɔfo pii kae nhwɛso a wɔn awofo a na wɔahyira wɔn ho so yɛe bere na wɔrenyin no. Ɔpanyin bi de anigye ka sɛ: “Ade biako a na ɛwɔ yɛn papa ho ne sɛ ɔhwɛ bere nyinaa sɛ abusua no bɛkɔ nhyiam horow. Sɛ obi yare a, yɛn mu biako tra ne ho wɔ fie, nanso wɔn a wɔaka no kɔ nhyiam no!”
5 Yɛbɛka asafo nhyiam biara so mfaso wɔ Yɛn Ahenni Som a ɛbɛba akyiri yi mu a adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ yɛde bɛboa ma wɔanya honhom mu nsiesiei yi ho anisɔ. Nsɛm no bi de nkaebɔ a mfaso wɔ so bɛma wɔn a wɔhwɛ nhyiam horow no so, ne nyansahyɛ ahorow a yɛn nyinaa betumi de adi dwuma bere a yɛresiesie yɛn ho ama nhyiam ne bere a yɛrenya mu kyɛfa no. Dɛn nti na montra ase sɛ abusua na momfa mpaebɔ nsusuw mo nhyiamkɔ ho? Afei monyɛ nsakrae biara a ɛho hia wɔ mo nhyehyɛe no mu. Nhyiam a yɛbɛkɔ no daa yɛ yɛn teokrase nkyerɛkyerɛ no fã a ɛho hia, na ɛsɛ sɛ yebu no aniberesɛm ampa.