Adesua a Yɛbɛkɔ Daa—Ade a Ehia Paa
1 Kristofo mmusua ma adesua a wɔbɛkɔ daa hia wɔn paa. Nanso ɛnnɛ abrabɔ mu dwumadi bebrebe no tumi ma adesuakɔ yɛ den. So efie adeyɛ, w’adwuma, anaa sukuu dwumadi redidi kɔ bere a wode asi hɔ ama Yehowa som no mu? Sɛ yɛde Yehowa adwene susuw nsɛm yi ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so de nneɛma a ehia adi kan.—1 Sam. 24:6; 26:11.
2 Israelni barima bi amfa Yehowa adwene ansusuw nneɛma ho ma enti ɔkɔpɛɛ nnyina Homeda. Ebia na n’adwene yɛ no sɛ ɔrehwɛ n’abusua anaa obuu eyi sɛ ade ketewa bi. Nanso Yehowa nam atɛn a obui no so kyerɛe sɛ ɛyɛ aniberesɛm sɛ obi de bere a wɔde asi hɔ ama ɔsom no bedi asetra mu nneɛma akyi.—Num. 15:32-36.
3 Asɛnnennen no a Yebedi So: Ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobegyaw wɔn adwuma hɔ akɔ adesua. Akwan a ebinom afa so adi saa ɔhaw yi so ne sɛ wɔne wɔn adwumawuranom asusuw ho, wɔne wɔn mfɛfo adwumayɛfo bi di nsesa, wɔhwehwɛ adwuma foforo yɛ anaasɛ wotwitwa wɔn asetram nneɛma bi so. Ampa ara, afɔre a ɛtete saa a nokware som nti wɔabɔ no sɔ Onyankopɔn ani yiye.—Heb. 13:16.
4 Sukuu dwumadi nso tumi de asɛnnennen ba. Ababaa bi kae sɛ: “Meyɛ me sukuu dwumadi no bi ansa na makɔ adesua na mifi adesua ba fie nso a, mawie nea aka no.” Sɛ ɛba sɛ awofo bi ba antumi anwie sukuu dwumadi wɔ fie esiane sɛ wɔkɔɔ adesua saa anadwo no a, wɔkyerɛ akyerɛkyerɛfo no mu sɛ Kristofo nhyiam a wɔbɛkɔ hia wɔn abusua no kɛse.
5 Nhyehyɛe pa ne biakoyɛ tumi boa abusua ma wowie fie nnwuma ntɛm na wɔabom akɔ adesua ntɛm. (Mmeb. 20:18) Wobetumi akyerɛ mmofra nkumaa mpo sɛnea wɔbɛhyɛ wɔn ntade na wɔayɛ krado asim akɔ adesua wɔ bere a ɛsɛ mu. Awofo betumi de wɔn nhwɛso akyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔahu hia a adesuakɔ hia.—Mmeb. 20:7.
6 Bere a wiase yi mu ahokyere mu remia no, ɛho hia paa sɛ yɛkɔ adesua daa. Momma yɛnkɔ so mfa Yehowa adwene nsusuw nsɛm ho na yɛmma adesua a yɛbɛkɔ daa no nhia yɛn paa.—Heb. 10:24, 25.