Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/96 kr. 2
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mommoa Obiara Mma Ɔnkɔ Asɛnka Daa
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 6/96 kr. 2

Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

1 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no a yɛmmrɛ? Ɔsɛmpakafo a obi bɛyɛ no ho ahwehwɛde ne dɛn? Ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a wɔfɛre ade anaa wɔyɛ ahufo mpo atumi afi ase aka asɛmpa no akyerɛ afoforo? Wobebua eyinom ne nsɛmmisa a ɛkanyan adwene foforo wɔ da koro nhyiam titiriw dwumadi a ebefi ase August, a ekura asɛmti “Asɛmpa no Ho Asomfo a Wɔfata” no ase.—Fa toto 2 Korintofo 3:5 ho.

2 Sɛ́ Yehowa nkurɔfo no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ yɛn abrabɔ ho. Mmofra a wɔbɛka sɛnea wɔako atia atipɛnfo nhyɛso de osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran bɛma. Wɔde nkuranhyɛsɛm a ɛfa hia a ehia sɛ awofo tete wɔn mma ma wɔyɛ Onyankopɔn asomfo bɛma wɔn. Wɔbɛboa yɛn nyinaa ma yɛakyerɛ hia a ehia sɛ yɛka asɛm no, ne nhyira horow a yɛne wɔn a wotie yɛn no nyinaa benya ho anisɔ.—1 Tim. 4:16.

3 Akyinnye biara nni ho sɛ ade titiriw biako ma da no bɛyɛ asubɔ. Wɔde ɔkasa a egyina Bible so a wɔbɛma akyerɛ wɔn a wɔahyira wɔn ho so foforo no titiriw na ebedi adeyɛ yi anim. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ atiefo nyinaa wɛn wɔn aso yiye bere a wɔrema asubɔ kasa na wɔrekyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye ma emu ada hɔ no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wogye asubɔ wɔ da koro nhyiam titiriw no ase no nyinaa di kan ka kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere de ayɛ nhyehyɛe ama mpanyimfo ne wɔn asusuw nsɛmmisa a wɔahyehyɛ no ho.

4 Ade titiriw foforo nso bɛyɛ ɔkasa titiriw a ɔmantam sohwɛfo anaa ɔkasafo a asafo ti no apaw no bɛma. Wɔato din “Onyankopɔn Asomfo a Wɔfata na Wɔasiesie Wɔn.” Wobesusuw nsiesiei atitiriw anan a esiesie yɛn sɛ asomfo ho, na ɔkasa no de osuahu ahorow a ɛhyɛ gyidi den nso bɛma.

5 Yɛ nhyehyɛe seesei sɛ wobɛkɔ akotie dwumadi no nyinaa bi. Hwɛ hu sɛ wobɛto nsa afrɛ anigyefo ne Bible asuafo ne adawurubɔfo a wɔayɛ mmerɛw nso, na wɔn nso wɔanya teokrase ɔkyerɛkyerɛ da yi mu mfaso bi. Saa kwan yi so no, yebenya ahotoso sɛ “yɛfata yiye” sɛ asɛmpa no ho asomfo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena