Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/96 kr. 2
  • June Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • June Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase June 3
  • Dapɛn a Efi Ase June 10
  • Dapɛn a Efi Ase June 17
  • Dapɛn a Efi Ase June 24
Yɛn Ahenni Som—1996
km 6/96 kr. 2

June Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase June 3

Dwom 148

12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo” no nso ho asɛm. Sɛ munim da a wɔbɛyɛ nhyiam a edi hɔ no a, momfa ho amanneɛbɔ mma. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnkɔ bi. Ka ɔman no ne mo asafo no ɔsram ɔsram asɛnka akontaabu ho asɛm. Si Ghana adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara no so dua na kamfo anuanom wɔ adwumaden a wɔayɛ no ho. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnyɛ ne kyerɛwtohɔ ntɛm ɔsram biara na ama yɛanya nkɔanim a ɛsen biara bere nyinaa.

13 min: “Suasua Wɔn Gyidi.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka gyidi ho adanse ahorow a ɛwɔ adaka a ɛwɔ September 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no kratafa 13 mu no ho asɛm. Bisabisa ɔdawurubɔfo biako anaa baanu nsɛm fa hu nea aboa wɔn ma wɔakɔ so ayɛ wɔn Ahenni adwuma mfe pii ni no.

20 min: “Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu a Yɛbɛtrɛw Mu.” (Nkyekyem 1-3) Ka nkyekyem 1 no mu nsɛm. (Ka January 15, 1996, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 12-13, nkyekyem 11-12 no nso mu nsɛm.) Kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔayɛ Yɛn Ahenni Som no akyi hɔ foforo na aboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho yiye asan akɔsra wɔn a yɛadi kan akɔ wɔn nkyɛn. Esiane sɛ mpɛn pii no, nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ sankɔhwɛ no dakoro anaa nnanu akyi sen sɛ yɛbɛtwɛn bere tenten nti, yebesusuw nsɛm a wɔka kyerɛ wɔ afie afie ne sankɔhwɛ mu no nyinaa ho wɔ Ɔsom Nhyiam koro no ara ase. Ka nkyekyem 2 ne 3 no mu nsɛm tiawa, na ma wɔnyɛ emu biara ho ɔyɛkyerɛ wɔ ɛno akyi. Wobesusuw nsɛm a wɔka kyerɛ a aka no ho wɔ Ɔsom Nhyiam abien a edi hɔ no ase.

Dwom 143 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 10

Dwom 63

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

8 min: Mmofra a Wɔma Wɔn Ntetee Wɔ Asɛnka Mu. Ɔkasa a ɔpanyin bi ma. Ɛsɛ sɛ yɛne yɛn mma yɛ asɛnka adwuma no denneennen bere a wosusua koraa no. Ntetee ne osuahu a wonya no bɛma wɔanya nnyinaso a ɛyɛ den ama gyidi ne nsiyɛ a wɔbɛda no adi wɔ daakye mfe mu. Ɛho hia sɛ wobu ɔsom adwuma no aniberesɛm na wɔbɔ wɔn bra sɛnea ɛfata. Ɛsɛ sɛ mmofra kwati anisoɔhyeɛ; asɛnka nyɛ agodie bere. Ɛyɛ papa sɛ wɔne mpanyimfo yɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ma wonya nsɛm a wɔka kyerɛ mu kyɛfa sɛnea wɔn ahoɔden te. (Hwɛ September 1, 1988, Ɔwɛn-Aban, kratafa 25, nkyekyem 20.) Ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔbɛhwɛ wɔn so; ɛnsɛ sɛ wɔma mmofra no kɔ asɛnka nhyiam horow ase a obi a wanyin a ɔbɛhwɛ wɔn so nka wɔn ho. Sɛ mmofra yɛ ade a, kamfo wɔn.

10 min: “Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu a Yɛbɛtrɛw Mu.” (Nkyekyem 4-5) Nnianim tiawa bi akyi no, ma wɔnyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ wɔ nsrahwɛ a edi kan ne sankɔhwɛ mu a ɛwɔ nkyekyem 4 ne 5 no ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔnsan nkɔsra wɔn a wobegye Nimdeɛ nhoma no bi nyinaa ntɛm ara.

22 min: “Yehowa Adansefo 1996 ‘Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo’ Ɔmantam Nhyiam.” Nsɛmmisa ne mmuae a ɔkyerɛwfo no de di ho dwuma. Wudu ɔfã Wo Mmoa Ho Hia no so a, si so dua sɛ ɛsɛ sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛfa nokwaredi, osetie, ɔdɔ mu a wofi susuw afoforo ho, ne nea ɛtete saa ho no di dwuma wɔ baabiara a wɔbɛma wɔn atrae. Kanyan anigye wɔ Bolgatanga nhyiam no ho.

Dwom 28 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 17

Dwom 157

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.

18 min: “Adamfofa Kwan So Nkɔmmɔbɔ Betumi Adu Koma no Mu.” Nsɛmmisa ne mmuae. To nsa frɛ ɔdawurubɔfo biako anaa baanu ma wɔnka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a ɛfa sɛnea wɔnam adamfofa kwan so nyaa atiefo pa ho.

22 min: “Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu a Yɛbɛtrɛw Mu.” (Nkyekyem 6-7) Si botae horow nti a yɛyɛ sankɔhwɛ no so dua: Kanyan anigye, fi adesua ase, yɛ nhyehyɛe pɔtee san kɔsra onii no. Bere a moasusuw nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ nkyekyem 6 ne 7 no ho tiawa awie no, ma wɔnyɛ emu biara ho ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ ɔkwan a wofi adesua ase. Kenkan January 15, 1996, Ɔwɛn-Aban no kratafa 14, nkyekyem 17.

Dwom 211 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 24

Dwom 6

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka dapɛn no asɛnka nhyehyɛe ho asɛm.

15 min: Asafo mu ahiade. (Anaasɛ ma ɔkasa a n’asɛmti ne “Kura Nokwasɛm no Mu Pɛpɛɛpɛ” a egyina January 1, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 29-31 so.)

20 min: “Boa Wɔn Ma Wɔmmɛsom Bio.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin bi di ho dwuma. Hyɛ nyansa sɛ wɔmfa August 1, 1992, Ɔwɛn-Aban no mu asɛm “Monsan Mmra Me Nkyɛn, na Mɛsan Maba Mo Nkyɛn” no nhyɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw nkuran. Ka emu nsɛntitiriw no bi.

Dwom 71 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena