Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu a Yɛbɛtrɛw Mu
1 Yehowa ne “nea ɔkyerɛ nnipa nimdeɛ no.” (Dw. 94:10) Ɔde yɛn di dwuma trɛw ne ho nimdeɛ a egye nkwa no mu kɔ wɔn a wonnim ɔkwan a wɔbɛfa so asom no ma asɔ n’ani no nkyɛn. Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no yɛ adwinnade pa a wɔde kyerɛkyerɛ a komapafo nam so betumi anya Onyankopɔn ho ntease a edi mũ afi N’asɛm a wɔakyerɛw, Bible, no mu. (1 Tim. 2:3, 4) Nokware no ho nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ na ntease wom a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no mu no bɛboa nkurɔfo ma wɔahu nea Yehowa pɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn. Saa ɔsram yi, yɛpɛ sɛ yɛne nkurɔfo bɔ nkɔmmɔ a ɛbɛma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛkenkan nhoma no. Nyansahyɛ ahorow bi na edidi so yi. Sɛ́ anka wobɛbɔ mmɔden akyere eyinom agu wo tirim no, bɔ mmɔden sɛ wode w’ankasa wo nsɛm ne ɔkwan a wofa so di nkɔmmɔ daa no bɛda nsɛntitiriw no adi.
2 Esiane sɛ nkurɔfo dodow no ara ahwere wɔn dɔfo bi wɔ owu mu nti, wubetumi anwene nkɔmmɔbɔ afa owusɔre anidaso no ho denam biribi a ɛte sɛ nea edi so yi a wubedi kan aka so:
◼ “Yɛn mu dodow no ara ahwere yɛn dɔfo bi wɔ owu mu. Woasusuw ho sɛ ebia wubetumi ahu obi a ɔte saa bio anaa? [Twɛn ma ommua.] Ná owu nyɛ Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma onipa no fã. Yesu kyerɛe sɛ wobetumi agye yɛn adɔfo afi owu mu. [Kenkan Yohane 11:11, 25, 44.] Ɛwom sɛ eyi sii mfehaha a atwam ni de, nanso ɛkyerɛ nea Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn. [Bue Nimdeɛ nhoma no mu na dan kɔ mfonini a ɛwɔ kratafa 85 no so na kenkan ɛho asɛm no. Afei fa mfonini a ɛwɔ kratafa 86 no kyerɛ no na ka ho asɛm.] Sɛ wobɛpɛ sɛ wokenkan owusɔre anidaso a ɛma awerɛkyekye yi ho nsɛm pii a, m’ani begye ho sɛ megyaw nhoma yi ama wo.”
3 Wɔ owusɔre anidaso ho nkɔmmɔbɔ a edi kan akyi no, wubetumi ne nipa koro no ara afi nkɔmmɔbɔ a edi hɔ no ase wɔ saa kwan yi so:
◼ “Ebia wobɛkae sɛ mekae sɛ na owu nyɛ Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma onipa no fã. Sɛ ɛte saa de a, dɛn nti na yenyinyin na yewuwu? Apohuru bi di boro mfe 100, na nnua bi wɔ hɔ a adi mfe mpempem pii. Dɛn nti na nnipa di mfe 70 anaa 80 pɛ? [Twɛn ma ommua.] Yewuwu esiane Onyankopɔn so asoɔden a nnipa baanu a wodi kan no yɛe nti.” Kenkan Romafo 5:12. Dan kɔ kratafa 53 wɔ Nimdeɛ nhoma no mu, na kenkan eti asɛm no. Munsusuw nkyekyem abiɛsa a edi kan no ho, na kyerɛ no nsɛmmisa a wɔatintim no ho mmuae. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba akyiri yi ne no abesusuw ti no nkae ho. Hyɛ onipa no nkuran ma onni kan nkenkan nwie ansa.
4 Sɛ wo ne obi a ɛte sɛ nea ɔpɛ nyamesom kasa a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Ɛkame ayɛ sɛ ɔsom ahorow ɔhaha pii na ɛwɔ hɔ nnɛ. Wɔkyerɛkyerɛ gyidi ahorow a enhyia bebree. Ebinom ka sɛ ɔsom ahorow nyinaa ye, na nea yegye di no mfa ho. W’adwene ne dɛn? [Twɛn ma ommua.] Yesu kyerɛɛ nokware som ho ade na ɔkyerɛe sɛ ɔsom foforo a aka no nsɔ Onyankopɔn ani. [Kenkan Mateo 7:21-23.] Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yɛsom no wɔ ɔkwan a ɛne n’apɛde hyia so.” Bue Nimdeɛ nhoma no kɔ ti 5, kenkan asɛmti no, na da asɛmti nketewa no bi adi. Kyerɛkyerɛ mu sɛ saa asɛm yi bɛboa obi ma wahu sɛnea ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani. Fa nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba abɛtoa adesua no so.
5 Nnipa a ɔsom a adɔɔso pii no ama wɔn adwene atu afra no ani begye asɛmmisa a edi so yi ho mmuae a wode ma wɔ wo sankɔhwɛ mu ho:
◼ “Bere a ɔsom ahorow pii na ɛwɔ hɔ nnɛ no, yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ nea ɛyɛ nokware? Dɛn na wode bɛda no adi? [Twɛn ma ommua.] Yesu kaa ɔkwan a yɛbɛfa so ahu ne nokware akyidifo ho asɛm kyerɛɛ yɛn.” Kenkan Yohane 13:35. Munsusuw Nimdeɛ nhoma no nkyekyem 18 ne 19 wɔ ti 5 no ho. Kyerɛ no sɛ ɛdenam akwankyerɛ ahorow yi a egyina Kyerɛwnsɛm so ne nyiyim a obi bɛyɛ so no, obetumi ahu nokware som. Kyerɛ no sɛnea wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa wɔ nokware dɔ ne abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn a wɔwɔ no ho. Ka sɛnea Bible a wɔnam Nimdeɛ nhoma so sua no bɛda ɔsom ko a ɛsɔ Onyankopɔn ani adi pefee no ho asɛm kyerɛ no.
6 Sɛ wuhyia ɔwofo a, saa asɛm yi a wobɛka no betumi ayɛ nea etu mpɔn:
◼ “Da biara, yɛte amanneɛbɔ a ɛfa aniammɔnho a mmofra a ɛte sɛ nea wonni abrabɔ ho gyinapɛn biara yɛ no ho. Mpanyimfo bi pɛ sɛ wɔde asodi no to sukuu mu mpanyimfo so sɛ wɔnkyerɛ mmofra no nea eye ne nea enye. Wususuw sɛ hena na ɛsɛ sɛ ɔde saa ntetee yi ma? [Twɛn ma ommua.] Tie nea Bible ka fa asɛmmisa yi ho. [Kenkan Efesofo 6:4.] Ɛno kyerɛ yɛn sɛ abrabɔ ho gyinapɛn a wɔde bɛhyɛ mmofra mu no yɛ awofo asɛyɛde.” Bue Nimdeɛ nhoma no kɔ kratafa 145, kenkan nkyekyem 16 no, na ka mfonini a ɛwɔ kratafa 147 no ho asɛm. Kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔayɛ nhoma no ama abusua mũ no nyinaa sɛ wonsua. Fa nkyekyem 17 ne 18 a ɛwɔ kratafa 146 no kyerɛ no sɛnea yɛne mmusua yɛ adesua a ɛte saa.
7 Sɛ wo ne ɔwofo bi a nsɛm haw no fii adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, wubetumi atoa so bere a woyɛ sankɔhwɛ no denam eyi a wobɛka so:
◼ “Ɛnnɛ wiase no ma yɛn mmofra hyia sɔhwɛ pii. Eyi ma ɛyɛ den yiye ma wɔn sɛ wobesuro Nyankopɔn bere a wonyin no. Ebia wokae sɛ wɔ nnaano nkɔmmɔ a yɛbɔe no mu no, yɛkaa nnyinasosɛm abien ho asɛm. Sɛ́ awofo a wosuro Nyankopɔn no, ɛho hia sɛ yɛyɛ nhwɛso pa ma yɛn mma, na daa ɛsɛ sɛ yɛka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Ade foforo wɔ hɔ a Bible kyerɛ sɛ mmofra hia fi wɔn awofo hɔ.” Kenkan Mmebusɛm 1:8. Dan kɔ kratafa 148 wɔ Nimdeɛ nhoma no mu na montoa adesua no so nsusuw nkyekyem 19-23 ho. Kyerɛ no sɛ wobɛsan aba ne abusua mũ no nyinaa abefi adesua ase wɔ ti 1 no mu.