Komam a Yebefi De Yɛn Ho Ama Ayɛ Adwuma Pa Biara
1 Wiase nhoma bi kaa Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ: “Ɛbɛyɛ den sɛ wubehu kuw foforo biara a emufo bɔ wɔn som ho mmɔden sɛ Adansefo no.” Dɛn nti na Yehowa Adansefo yɛ adwuma denneennen na wɔde ɔpɛ honhom a ɛte saa na ɛyɛ?
2 Ade biako ne sɛ wɔte nka sɛ nea wɔyɛ no gye ntɛmpɛ. Yesu hui sɛ bere a ɔde bewie n’adwuma wɔ asase so no sua. (Yoh. 9:4) Bere a Onyankopɔn Ba a wahyɛ no anuonyam no redi nkonim wɔ n’atamfo mfinimfini nnɛ no, Yehowa nkurɔfo hu sɛ bere a wɔde bɛyɛ wɔn adwuma no sua. Enti, wɔkɔ so fi wɔn pɛ mu tu wɔn ho si hɔ ma ɔsom kronn. (Dw. 110:1-3) Esiane sɛ wohia adwumayɛfo pii a wɔde nnɔbae bɛba nti, wontumi mma wɔn mmɔdenbɔ mmrɛ ase. (Mat. 9:37, 38) Enti, wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua Yesu a ɔyɛɛ ɔpɛ mu a wofi yɛ ade ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ na ɔdaa nsiyɛ adi wɔ n’adwumam no.—Yoh. 5:17.
3 Ade foforo nti a Yehowa Adansefo fi wɔn kra nyinaa mu yɛ adwuma sɛ wɔyɛ ma Yehowa ne sɛ ɛsono wɔn wiase nyinaa ahyehyɛde no wɔ akuw foforo nyinaa ho. Wiase nyamesom ahyehyɛde ahorow hwehwɛ bere ne mmɔdenbɔ kakraa bi pɛ fi wɔn akyidifo hɔ. Tumi kakraa bi na nea wogye di nya wɔ wɔn da biara asetra, sɛnea wɔne afoforo di, ne nneɛma a wodi akyi wɔ asetra mu so anaasɛ ennya so tumi koraa. Esiane sɛ wonni nokware gyidi mu tumi a ɛkanyan wɔn nti, wɔahyɛ sɛ wɔn ahwɛfo ‘nka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ wɔn,’ na ama wɔanya awerɛhyem sɛ mmɔden kakra a wɔbɔ no dɔɔso. (Yes. 30:10) Wɔn asɔfo apene so denam ‘nunu a wonunu wɔn asom’ so, na wɔama wɔayɛ anibiannaso ne honhom mu anihafo.—2 Tim. 4:3, NW.
4 Hwɛ sɛnea ɛyɛ soronko wɔ Yehowa nkurɔfo mu! Yɛn som ho biribiara hwehwɛ sɛ yɛbɔ mmɔden, yɛyere yɛn ho, na yɛyɛ adwuma. Yɛde nea yegye di no di dwuma da biara da wɔ biribiara a yɛyɛ mu. Ɛwom sɛ nokware no ma yenya anigye pii de, nanso egye “ɔko bebree” na yɛayɛ nea ɛhwehwɛ no. (Fa toto 1 Tesalonikafo 2:2 ho.) Da biara da asetra mu asɛyɛde ahorow ho dwuma a nnipa dodow no ara di nkutoo dɔɔso ma ɛmma wonnya adagyew. Nanso, yɛmma kwan mma saa dadwen ahorow no nsiw yɛn kwan sɛ yɛde Ahenni nneɛma bedi kan.—Mat. 6:33.
5 Nea wɔde ma yɛn sɛ yɛnyɛ wɔ Yehowa som mu so wɔ mfaso, na egye ntɛmpɛ araa ma ɛka yɛn ma ‘yɛtɔ’ bere fi nneɛma foforo a yedi akyi mu de di honhom fam nneɛma ho dwuma ma mfaso kɛse fi mu ba. (Efe. 5:16) Esiane sɛ yenim sɛ yɛn nyamesom pa ne ɔpɛ honhom sɔ Yehowa ani nti, yɛwɔ nea ɛhyɛ yɛn mpamden sen biara a ɛma yɛkɔ so yɛ yɛn adwumaden no. Esiane nhyira pii a yenya nnɛ ne daakye asetra ho anidaso a yɛwɔ nti, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ “adwumaden ayere yɛn ho” wɔ Ahenni nneɛma ho.—1 Tim. 4:10, NW.
6 Ahofama ne Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom: Nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu dodow no ara de honam fam ahiade ne nneɛma di biribi foforo biara anim. Wɔte nka sɛ ɛteɛ koraa sɛ wɔde wɔn adwene si nea wobedi, wɔbɛnom anaa wobefura so. (Mat. 6:31) Esiane sɛ asetrade nsɔ wɔn ani nti, nea ɛkanyan wɔn ne botae a ɛne sɛ wobenya asetra pa mu anigye akosi ase nnɛ, na ‘wɔde nneɛma pa pii asie mfirihyia pii, na ama wɔatumi ahome, adidi, anom, agye wɔn ani.’ (Luka 12:19) Asɔrekɔni biara te nka sɛ mmɔden biara a ne som hwehwɛ sɛ ɔbɔ yɛ nea ebu hokwan ahorow a ɔwɔ so. Ɔmpɛ sɛ ɔte nsusuwii a ɛne sɛ ɔmpow anaa ɔntew honam fam nneɛma akyidi so anaa ɔmpow anigyede bi. Esiane sɛ odwen n’ankasa ho nti, ntease nnim na ɛmfata sɛ onya ho a wɔde bɔ afɔre honhom.
7 Yebu asɛm yi wɔ ɔkwan soronko so. Onyankopɔn Asɛm ama yɛanya adwene a ɛkorɔn ma enti yɛwɔ Onyankopɔn adwene na ɛnyɛ nnipa de. (Yes. 55:8, 9) Yɛwɔ asetra mu botae horow a ɛkyɛn honam fam nneɛma akyidi. Yehowa tumidi a yebebu no bem ne ne din a yɛbɛtew ho ne nsɛmpɔw a ɛho hia sen biara wɔ amansan no nyinaa mu. Sɛ yɛde toto ho a, nsɛmpɔw yi yɛ akɛse araa ma amanaman no nyinaa “nyɛ hwee n’anim.” (Yes. 40:17) Wobebu mmɔdenbɔ biara a ɛbɛma yɛabɔ yɛn bra wɔ ɔkwan a ebu ani gu Onyankopɔn apɛde so no sɛ nkwaseasɛm.—1 Kor. 3:19.
8 Enti ɛwom sɛ yehia honam fam nneɛma bi, na afoforo di boa yɛn ma yɛyɛ yɛn Ahenni nnwuma de, nanso yehu sɛ ɛnyɛ eyinom ne “nneɛma a ɛho hia kɛse” ankasa. (Fil. 1:10, NW) Yedi su a ɛwɔ 1 Timoteo 6:8 a ɛne sɛ yɛntew honam fam nneɛma a yedi akyi no so no akyi, na yefi nyansam bɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn koma besi ‘nneɛma a yenhu a ɛtra hɔ daa’ no so.—2 Kor. 4:18.
9 Dodow a yɛkɔ so dwen sɛnea Onyankopɔn dwen no, dodow no ara na yennwen honam fam nneɛma ho pii. Sɛ yesusuw nea Yehowa ayɛ ama yɛn dedaw ne nhyira horow a ɛyɛ anigye a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma aba daakye no ho a, yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛbɔ afɔre biara a obisa sɛ yɛmmɔ no. (Marko 10:29, 30) Ɔno na wama yɛte nkwa mu ankasa. Sɛ ɛnyɛ ne mmɔborohunu ne ne dɔ a, anka yennya asetra mu anigye nnɛ ne daakye da. Yɛte nka sɛ ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛde yɛn ho bɛma, efisɛ biribiara a yɛreyɛ wɔ ne som mu no ‘yɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.’ (Luka 17:10) Biribiara a wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnsan mfa mma Yehowa no, yɛde ma anigye so, na yenim sɛ ‘yebetwa pii.’—2 Kor. 9:6, 7.
10 Wohia Adwumayɛfo a Wofi Wɔn Pɛ Mu Yɛ Ade: Efi Kristofo asafo no mfiase pɛɛ no, ɛhyɛn bere bi a wɔyɛɛ adwuma denneennen wom mu. Na ɛsɛ sɛ wodi adanse fefeefe ansa na wɔatu Yerusalem agu 70 Y.B. Saa bere no mu no, Yesu asuafo no “de nnam kaa asɛm no.” (Aso. 18:5) Trɛw a ɛtrɛw ntɛmntɛm no maa ɛho behiae sɛ wɔtete asɛmpakafo pii ne ahwɛfo a wɔn ho akokwaw ma wɔboa. Na wohia mmarima a wɔwɔ sɛnea wɔne wiase atumfoɔ bedi mu suahu ne mmarima a wɔfata a wobetumi ahwɛ honam fam nneɛma gyigye ne ne kyekyɛ so. (Aso. 6:1-6; Efe. 4:11) Ɛwom sɛ wɔn mu kakraa bi na wɔsom sɛ atitiriw de, nanso wɔn mu dodow no ara dwumadi anna adi kɛse. Nanso wɔn nyinaa ‘yeree wɔn ho denneennen,’ fii wɔn koma nyinaa mu boom yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobewie.—Luka 13:24.
11 Ɛwom sɛ ɛho anhia kɛse sɛ wɔyɛ adwuma denneennen wɔ wiase nyinaa wɔ mfehaha pii a edii akyi no mu de, nanso wofii ase hyɛɛ Ahenni adwuma no mu den bio bere a Yesu faa n’Ahenni tumi wɔ 1914 mu no. Mfiase no, nnipa kakraa bi na wohui sɛ Ahenni nneɛma ho adwumayɛfo pii a wohia wɔn no bɛyɛ kɛse, na ɛbɛhwehwɛ nnipa a wofi wɔn pɛ mu yɛ ade a wɔwɔ asase so nyinaa ɔpepem pii mmoa.
12 Ɛnnɛ ahyehyɛde no de ne ho rehyɛ nnwuma akɛse pii a ama yɛde yɛn nneɛma nyinaa ahyem mu. Ahenni adwuma renya nkɔanim ntɛmntɛm. Ntɛmpɛ a mmere no gye no ka yɛn ma yɛyere yɛn ho de yɛn ahode biara a yɛwɔ yɛ adwuma a ɛho hia sɛ yɛyɛ no. Bere a nneɛma nhyehyɛe bɔne mũ yi nyinaa rebɛn n’awiei no, yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ adwuma denneennen mpo wɔ mmere a ɛda yɛn anim no mu. Wɔreka akyerɛ Yehowa somfo biara a wahyira ne ho so sɛ omfi ne pɛ mu mfa ne ho mma wɔ anoboaboa adwuma a egye ntɛmpɛ yi mu.
13 Dɛn na Ehia sɛ Yɛyɛ? Yebetumi aka no nokwarem sɛ ‘pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Awurade adwuma mu.’ (1 Kor. 15:58, NW) Nnɔbae no ahoa wɔ nsasesin pii mu, nanso adwumayɛfo no sua. Ɛnyɛ sɛ wɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛnyɛ yɛn fam de mfa nni adanse fefeefe wɔ yɛn asasesin mu nko, na mmom yɛnyɛ adwuma a egye mmɔdenbɔ a ɛne sɛ yɛbɛsom wɔ faako a wohia mmoa kɛse no nso.
14 Ɛfata nkamfo sɛ yehu sɛnea Adansefo a wɔwɔ wiase afanan nyinaa fi wɔn pɛ mu tu wɔn ho si hɔ yɛ nnwuma foforo no. Eyi betumi ayɛ nea efi wɔn ho a wotu si hɔ sisi mmeae a yehyiam som, yɛ adwuma wɔ amantam nhyiam ase, ne mmoa a wɔde ma bere a asiane si kosi wɔn asafo Ahenni Asa a wosiesie so daa so. Ɛdefa adwuma a etwa to no ho no, hwɛ a yɛbɛhwɛ ma Ahenni Asa no so atew fɛfɛɛfɛ bere nyinaa wɔ nhyiam biara akyi no ho asɛm nso wɔ hɔ. Nnwuma a ebia wobebu no sɛ ɛba fam a yɛyɛ no kyerɛ sɛ yɛte Yesu nsɛm a ɛwɔ Luka 16:10 no ase yiye: “Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware; na nea ɔnteɛ ade ketewaa mu no, na ɔnteɛ bebree mu nso.”
■ Asafo no Dwumadi Ahorow a Yɛbɛboa: Ɛwom sɛ asafo biara yɛ ahyehyɛde mũ no nyinaa fã, na enya akwankyerɛ fi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no hɔ de, nanso Ahenni adawurubɔfo ankorankoro na wɔwom. (Mat. 24:45) Nea etumi yɛ no gyina sɛnea Ɔdansefo biara wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ na otumi yɛ so titiriw. Asafo no de adwene si asɛmpa no a wɔbɛma wɔaka wɔ n’asasesin mu, ayɛ asuafo afoforo, na afei wɔahyɛ wɔn den honhom mu no so. Yɛn mu biara betumi ayɛ adwuma yi bi. Yebetumi de botae asisi yɛn anim wɔ kokoam adesua ho, anya nhyiam horow mu kyɛfa a eye, na yɛaboa afoforo a ahia wɔn wɔ asafo no mu no. Saa dwumadi ahorow yi ma yenya hokwan fɛfɛ pii de da yɛn pɛ mu a yefi yɛ ade no adi.
■ Anim a Ahwɛfo Bedi: Yehowa de asafo biara sohwɛ ahyɛ emu mpanyimfo a wɔapaw wɔn no nsa. (Aso. 20:28) Eyinom yɛ mmarima a wɔbɔ mmɔden na ama wɔafata ama hokwan yi. (1 Tim. 3:1) Ɛkame ayɛ sɛ ɔbarima biara a ɔwɔ asafo no mu betumi afata ama asɛyɛde akɛse. Anuanom mmarima pii renya nkɔso wɔ honhom mu, na ɛho hia sɛ wɔkɔ so nyin wɔ asafo no mu mpanyimfo akwankyerɛ ne mmoa a ɔdɔ wom ase. Ɛsɛ sɛ mmarima yi yɛ nnipa a wɔde nsiyɛ sua Bible no ne yɛn nhoma horow no. Wobetumi ada no adi sɛ wofi wɔn pɛ mu yɛ ade denam brɛ a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ mpanyimfo a wɔde honhom apaw wɔn no ase, suasua wɔn gyidi, na wɔanya su horow a wɔhwehwɛ wɔ ahwɛfo ho no so.—Heb. 13:7, 17.
■ Bere Nyinaa Som Adwuma no a Wobɛyɛ: Asafo no dwumadi titiriw ne sɛ ɛbɛka asɛmpa no. (Mat. 24:14) Hwɛ nhyira a ɛyɛ bere a wɔn a wɔyɛ nnam hyɛ wɔn mmɔdenbɔ mu den denam yɛ a wɔyɛ akwampaefo no so! Eyi taa hwehwɛ sɛ wɔyɛ nsakrae horow wɔ wɔn ankasa asetra mu. Ɛho behia sɛ wɔyɛ nsakrae foforo na ama wɔakɔ so ayɛ ɔsom adwuma titiriw yi. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔso hokwan yi mu sen sɛ anka wobegyae mu esiane bere tiaa bi mu abasamtu bi nti no nya Yehowa nhyira pii. Mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ ne afoforo a wɔn ho akokwaw betumi aboa akwampaefo ma wɔatumi ayɛ wɔn adwuma no, bere a wɔde wɔn kasa ne nneyɛe hyɛ wɔn nkuran no. Hwɛ su pa a mmerante ne mmabaa a wowie sukuu pɛ a wofi akwampae adwuma ase no da no adi! Ɛte saa ara wɔ mpanyimfo a wɔyɛ daa akwampaefo bere a wɔn honam fam asɛyɛde ahorow so tew ara pɛ no. Hwɛ akomatɔyam a ɛma Kristoni a ɔwɔ ahofama nya bere a ɔboa anoboaboa adwuma a Yehowa ma wɔyɛ no ntɛmntɛm no!—Yes. 60:22.
■ Nhyiambea Si ne Ne Siesie mu Kyɛfa a Yebenya: Wɔasisi nnɛ bere mu Ahenni Asa ne Nhyiam Asa pii wɔ wiase nyinaa. Anwonwasɛm ne sɛ ɛkame ayɛ sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔafi wɔn pɛ mu de wɔn bere ne nnwuma ho nimdeɛ aboa na ɛyɛɛ adwuma no nyinaa. (1 Be. 28:21) Adwumayɛfo mpempem pii a wofi wɔn pɛ mu yɛ ade siesie nneɛma yi denam nnwuma biara a ebia ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ so. (2 Be. 34:8) Esiane sɛ adwuma yi yɛ ɔsom kronn fã nti, wɔn a wɔboa no fi wɔn pɛ mu na wɔde wɔn ho ma, na wommisa sɛ wontua wɔn ka wɔ adwuma a wɔyɛ yi ho, sɛnea wɔrenka sɛ wontua wɔn ka wɔ afie afie asɛnka, baguam ɔkasa a wɔma wɔ asafo no mu, anaasɛ amansin anaa amantam nhyiam ase adwuma a wɔboa ho no. Saafo yi fi wɔn pɛ mu yɛ adwuma yɛ adan a yɛsom wom ho nhyehyɛe si de yi Yehowa ayɛ a wonnye hwee. Wofi wɔn pɛ mu boa ma yɛyɛ nneɛma te sɛ mmara kwan so nhoma a yɛhyehyɛ wie, sika ho kyerɛwtohɔ, nneɛma totɔ ne nneɛma dodow a wohia ho akontaabu. Saa Yehowa asomfo anokwafo yi mfa sika bi nto nneɛma no bo so, na wɔnhwehwɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa so anya honam fam mfaso afi nnwuma a wɔyɛ no mu tẽẽ anaa wɔ ɔkwan a ɛnyɛ tẽẽ so, efisɛ wɔahyira wɔn dom akyɛde ne wɔn nneɛma nyinaa so ama Yehowa. Dwumadi yi hia adwumayɛfo nsiyɛfo a ‘wofi ɔkra mu yɛ wɔn nnwuma sɛ wɔyɛ ma Yehowa.’—Kol. 3:23.
15 Ɛnde, dɛn na ɛma fi a Yehowa nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yɛ ade no da nsow? Ɛyɛ adema honhom. Ɛnyɛ sika anaasɛ honam fam nneɛma nkutoo na woyi wɔn yam de ma—“wofi wɔn pɛ mu de wɔn ho ma koraa.” (Dw. 110:3, NW) Saa na yɛn ahosohyira ma Yehowa kyerɛ ankasa. Otua yɛn ka wɔ ɔkwan titiriw bi so. Yenya ‘anigye pii’ na ‘yetwa pii’ efisɛ afoforo a wɔhyɛ yɛn ananmu no ani sɔ nea yɛyɛ no. (Aso. 20:35; 2 Kor. 9:6; Luka 6:38) Yɛn Yamyefo a ɔsen biara ne yɛn soro Agya, Yehowa, a “ɔdɔ nea ɔtew n’anim ma no.” (2 Kor. 9:7) Ɔde nhyira horow a ɛbɛtra hɔ daa betua yɛn ka mpɛn ɔha. (Mal. 3:10; Rom. 6:23) Enti sɛ wɔma hokwan ahorow wɔ Yehowa som mu a, wubefi wo pɛ mu de wo ho ama abua sɛnea Yesaia yɛe no: “Mini, soma me”?—Yes. 6:8.