Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/96 kr. 1
  • Yɛwɔ Ahyɛde Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛwɔ Ahyɛde Bi
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’
    “Bra Bedi M’akyi”
  • Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yɛyɛ Asɛnka Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Adɛn Nti na Yehowa Adansefo Ka Asɛm no Wɔ Afie Afie?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Sɛn Na Yɛreyɛ Asɛmpaka Adwuma No Nnɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 11/96 kr. 1

Yɛwɔ Ahyɛde Bi

1 Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnyɛ aman nyinaa n’asuafo.’ (Mat. 28:19) Wɔ nsase ne nsupɔw 232 a ɛwɔ wiase nyinaa so no, nnipa bɛboro ɔpepem anum a woyi Yehowa Nyankopɔn ayɛ de adanse a edi mũ ma sɛ wɔrema Yesu ahyɛde no anya mmamu. Na yɛn ankasa nso ɛ? So yebu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛm no aniberesɛm?

2 Abrabɔ Fam Asɛyɛde: Ahyɛde yɛ “hyɛ a wɔhyɛ obi sɛ ɔnyɛ nnwuma pɔtee bi.” Kristo ahyɛ yɛn sɛ yɛnka asɛm no. (Aso. 10:42) Ɔsomafo Paulo hui sɛ eyi de ahiade, anaa abrabɔ fam asɛyɛde bi too ne so sɛ ɔnka asɛmpa no. (1 Kor. 9:16) Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Fa no sɛ woyɛ po so hyɛn bi a ɛremem mu dwumayɛni. Hyɛn no mu panyin no hyɛ wo sɛ bɔ hyɛn no mufo no kɔkɔ, na kyerɛ wɔn kwan kɔ ahyɛmma a wɔde gye nkwa no mu. Wubebu w’ani agu ahyɛde no so na wode w’adwene asi wo nkoaa ho a wubegye so? Dabida. Afoforo nkwa gyina wo so. Wɔn nkwa da asiane mu. Wowɔ abrabɔ fam asɛyɛde sɛ wubedi ahyɛde a wɔde ama wo no ho dwuma de aboa wɔn.

3 Onyankopɔn ahyɛ yɛn sɛ yɛmmɔ nkurɔfo kɔkɔ. Ɛrenkyɛ na Yehowa de nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nyinaa aba awiei. Nnipa ɔpepem pii nkwa da asiane mu. So ɛbɛyɛ papa sɛ yebebu yɛn ani agu asiane a afoforo wom no so na yɛadwen yɛn ho a yebegye nkutoo ho? Dabida. Yɛwɔ abrabɔ fam asɛyɛde sɛ yɛbɛboa ma wɔagye afoforo nkwa.—1 Tim. 4:16.

4 Nokwaredi Ho Nhwɛso Ahorow a Ɛsɛ sɛ Yedi Akyi: Odiyifo Hesekiel tee nka sɛ ɔwɔ asɛyɛde sɛ ɔbɔ Israelfo a wonni nokware no kɔkɔ. Yehowa bɔɔ no kɔkɔ denneennen wɔ nea sɛ wanni n’asɛyɛde ho dwuma a ɛbɛba ne so ho: “Sɛ mise ɔbɔnefo sɛ: Owu na wubewu, na woammɔ no kɔkɔ . . . a, ɛnde ɔno ɔbɔnefo no bewu n’amumɔyɛ mu de, nanso ne mogya de, mebisa wo nsam.” (Hes. 3:18) Hesekiel de nokwaredi dii ahyɛde a wɔde maa no no ho dwuma wɔ ɔsɔretia a emu yɛ den mpo mu. Enti, na n’ani betumi agye bere a Yehowa de atemmu bae no.

5 Mfehaha pii akyi no, ɔsomafo Paulo kyerɛw asɛyɛde a na ɔwɔ sɛ ɔbɛka asɛm no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Me ho afi mo nyinaa mogya ho; efisɛ mansiw biribiara so, sɛ ebia merenka Onyankopɔn tirim agyina nyinaa menkyerɛ mo.” Paulo kaa asɛm no wɔ baguam ne afie afie efisɛ ohui sɛ sɛ wanyɛ saa a, ebetumi ama wadi mogya ho fɔ wɔ Onyankopɔn anim.—Aso. 20:20, 26, 27.

6 Yɛwɔ nsi te sɛ Hesekiel? So yɛte nka sɛ yɛwɔ asɛde sɛ yɛbɛka asɛm no sɛnea Paulo tee nka no? Ahyɛde a wɔde ama yɛn no te sɛ wɔn de no ara. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di yɛn asɛyɛde ho dwuma sɛ yɛbɛbɔ afoforo kɔkɔ, ɛmfa ho wɔn anibiannaso ne ɔsɔretia no. Nnipa mpempem pii betumi agye Ahenni asɛm no na wɔaka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sak. 8:23) Ɛmmra sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa no bɛkanyan yɛn na yɛampa abaw. Yɛwɔ ahyɛde sɛ yɛka asɛm no!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena