November Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase November 4
Dwom 29
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no July ɔsom akontaabu ne mo asafo no de ho asɛm. Ka nkɔanim a ɛsem biara a ɔman no anya ho asɛm pɔtee. Asɛmmisa Afã.
15 min: “So Wukura Onyankopɔn Asɛm no Mu Pɛpɛɛpɛ?” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa “Nea enti a ɛsɛ sɛ wosusuw Bible ho,” a efi Reasoning nhoma no nkratafa 58-60 mu asɛm ka ho.
20 min: “Eyi Ne Daa Nkwa.” (Nkyekyem 1-5) Bere a wode nnianim nsɛm ntiantia a egyina nkyekyem 1 so ama akyi no, ma adawurubɔfo baanu a wɔfata nyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ nkyekyem 2-5 no ho ɔyɛkyerɛ. Si botae a ɛne sɛ yebefi Bible adesua ase no so dua. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa krataa a ɛhyɛ wɔn July 1996 Yɛn Ahenni Som mu no mmra dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam no ase.
Dwom 128 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 11
Dwom 85
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
20 min: Bible Adesua a Enya Nkɔanim a Yɛbɛyɛ. Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo ma. Yefii ase de Nimdeɛ nhoma no yɛɛ Bible adesua adwuma no, aka kakra sɛ afe ni. Ebia asuafo binom asua nhoma no awie dedaw, na afoforo nso adu akyiri. Wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nsi yɛn ani so sɛ yɛbɛyɛ adesua ahorow a ɛbɛboa wɔn a wɔyɛ foforo no ma wɔasua nokware no ntɛmntɛm, de adi dwuma wɔ wɔn asetram, na wɔabɛyɛ asafo no mufo. Krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som mu no de nyansahyɛ ahorow a eye mae, na aboa yɛn ma yɛayɛ akyerɛkyerɛfo a wotu mpɔn. Ka nneɛma a yebetumi ayɛ de akyerɛkyerɛ asuafo wɔ ahokokwaw mu, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ saa krataa a ɛhyem no nkyekyem 3-13 no bi ho asɛm tiawa. Ɛno akyi no, dan adwene bra nea ehia sɛ yɛyɛ na aboa wɔn ma wɔasi gyinae pa, sɛnea wɔada no adi wɔ nkyekyem 14-22 no. Kenkan nkyekyem 15, 17, 20-1. Ka amanneɛbɔ ahorow bi a ɛhyɛ nkuran a ɛkyerɛ sɛnea ɛhɔfo adawurubɔfo asow aba. Hyɛ nnipa pii nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ Bible adesua adwuma no mu.
15 min: “Eyi Ne Daa Nkwa.” (Nkyekyem 6-8) Munsusuw mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛbɛfa ɔkwan tẽẽ so afi adesua ahorow ase no ho. Ma adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw nyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ nkyekyem 6-7 no ho ɔyɛkyerɛ. Ma atiefo nka adesua a wofii ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu bi ho asɛm. Bere a wɔfaa ɔkwan tẽẽ so ka kyerɛɛ ɔbarima bi sɛ wɔne no bɛyɛ adesua no, obuae sɛ: “Yoo. Bra mu. M’ani begye ho sɛ mo ne me bɛyɛ adesua.” Wɔne no fii adesua no ase, n’abusua nyinaa traa mu dapɛn a edi hɔ no, na bere tiaa bi akyi no na wɔn nyinaa kɔ nhyiam horow, na wonya adansedi adwuma no mu kyɛfa.
Dwom 129 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 18
Dwom 140
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka dapɛn no asɛnka nhyehyɛe ho asɛm.
15 min: “Yɛwɔ Ahyɛde Bi.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka January 1, 1988, Ɔwɛn-Aban no nkyekyem 13-16 a ɛwɔ nkratafa 28-9 no mu asɛm tiawa.
20 min: “1996 ‘Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo’ Ɔmantam Nhyiam.” Nsɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw nkyekyem 1-17 ho. Kenkan nkyekyem 10, 11, 13, 16.
Dwom 193 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 25
Dwom 96
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
10 min: “Nokware no a Yɛbɛka no Daa De Asuasua Yesu.” Ɔkasa a ɔpanyin bi ma.
20 min: “1996 ‘Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo’ Ɔmantam Nhyiam.” Asɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw nkyekyem 18-24 ho. Kenkan nkyekyem 18-19. Ka “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ Ahorow” ho asɛm.
10 min: Ka Nhoma a Yɛde Bɛma December Ho Asɛm. Fa The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no ka New World Translation ho ma. Fa “All Scripture” nhoma no nkratafa 327-31 di dwuma fa kyerɛ sɛnea New World Translation no kyɛn so: Egyina Onyankopɔn din no akyi kamfo kyerɛ (nkyekyem 1-2); sɛnea ɛka ne nsɛm no yiye no ma wɔte nkyerɛase no ase yiye (nkyekyem 6); ɛyɛ adwinnade a tumi wom a ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu (nkyekyem 22-3). Ka asɛm a wɔka kyerɛ tiawa a emu nsɛm no fi The Bible—God’s Word or Man’s? no kratafa 189 mu ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ. Baabiara a wɔbɛkyerɛ anigye no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe pɔtee.
Dwom 180 ne mpaebɔ a wɔde wie.