So Wukura Onyankopɔn Asɛm no Mu Pɛpɛɛpɛ?
1 Ná Yesu Kristo yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara a watra asase so pɛn. Ɔkasae wɔ ɔkwan a ɛkaa nkurɔfo koma, kanyan wɔn nkate, na ɛhyɛɛ wɔn nkuran ma wɔyɛɛ nnwuma pa, so. (Mat. 7:28, 29) Ɔde ne nkyerɛkyerɛ gyinaa Onyankopɔn Asɛm so bere nyinaa. (Luka 24:44, 45) Ɔde ne nimdeɛ ne nea otumi kyerɛkyerɛe nyinaa ho anuonyam maa Yehowa Nyankopɔn. (Yoh. 7:16) Yesu yɛɛ nhwɛso pa maa n’asuafo no denam Onyankopɔn Asɛm a okuraa mu pɛpɛɛpɛ no so.—2 Tim. 2:15.
2 Ɔsomafo Paulo nso nam kura a okuraa Onyankopɔn Asɛm mu pɛpɛɛpɛ no so yɛɛ nhwɛso a ɛda nsow. Ɛnyɛ kan nko na ɔkenkan Kyerɛwnsɛm no kyerɛɛ afoforo; ɔkyerɛkyerɛɛ nea ɔkenkanee no mu ne wɔn susuw ho, de Onyankopɔn Asɛm mu adanse mae de kyerɛe sɛ Yesu ne Kristo no. (Aso. 17:2-4) Saa ara nso na na osuani Apolo a na n’ano atew no ‘nim Kyerɛwnsɛm no mu yiye’ na okuraa mu pɛpɛɛpɛ de kaa nokware no ho asɛm nnam so.—Aso. 18:24, 28.
3 Yɛ Onyankopɔn Asɛm no Ho Ɔkyerɛkyerɛfo: Nnɛyi Ahenni adawurubɔfo atu mpɔn yiye wɔ nnipa komapafo a wɔkyerɛkyerɛ wɔn mu denam adwene a wɔtwe si Bible no so na wɔne wɔn susuw ho no so. Wɔ tebea biako mu no, onua bi tumi de Hesekiel 18:4 ne kyerɛw nsɛm a ɛne no di nsɛ kyerɛkyerɛɛ ɔsɔfo bi ne n’asɔremma baasa nea ɛbɛba abɔnefo ne atreneefo so. Ne saa nti, asɔre no mufo binom fii ase suaa ade, na awiei koraa no, wɔn mu biako gyee nokware no. Wɔ tebea foforo nso mu no, onigyeni bi srɛɛ onuawa bi sɛ ɔnkyerɛkyerɛ nea enti a Yehowa Adansefo nni Buronya ne awoda mu nkyerɛ ne kunu a ɔsɔre tia no no. Bere a ɔkenkanee Kyerɛwnsɛm mu mmuae no fii Reasoning nhoma no mu tee no, ɔbarima no kyerɛe sɛ ɔne no yɛ adwene. Ne yere no ani gyei wɔ gye a ogye toom no ho araa ma ɔkae sɛ: “Yɛbɛba mo nhyiam horow no.” Na ne kunu no penee so!—yb87 nkratafa 28-9.
4 Fa Mmoa a Wɔde Ama no Di Dwuma: Yɛn Ahenni Som ne Ɔsom Nhyiam dwumadi no de akwankyerɛ pa a ɛbɛboa yɛn ma yɛakura Onyankopɔn Asɛm mu no ma. Adawurubɔfo pii akyerɛ anisɔ wɔ asɛm a wɔka kyerɛ ho nyansahyɛ ahorow a wɔatintim ayɛ ho ɔyɛkyerɛ na ɛho aba yɛn mfaso a ɛda adi sɛ ɛyɛ ne bere mu de na etu mpɔn kɛse no ho. Reasoning From the Scriptures no kura ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ nsɛmti atitiriw bɛboro 70 a wɔaka ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu pɛpɛɛpɛ ho nsɛm pii. Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no de Bible nkyerɛkyerɛ titiriw no nyinaa ho nsɛm a wɔatwa no tiawa a wɔn a wɔyɛ foforo no hia no ma. Adesua 24 ne 25 a ɛwɔ Theocratic Ministry School Guidebook mu no kyerɛ yɛn ɔkwampa a akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw de da kyerɛw nsɛm adi, kenkan, na wɔkyerɛkyerɛ mu. Ɛsɛ sɛ yɛde mmoa a wɔde ama yɛn yi nyinaa di dwuma yiye.
5 Sɛ yekura Onyankopɔn Asɛm no mu pɛpɛɛpɛ a, yebehu sɛ ‘ɛwɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ɛyɛ koma mu nsusuwii ne adwene temmufo’ ma wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no. (Heb. 4:12) Nkonim a ɛma yedi no bɛkanyan yɛn ma yɛde akokoduru kɛse aka nokware no ho asɛm!—Aso. 4:31.