Siesie W’ankasa Nsɛm a Wobɛka De Nsɛmma Nhoma Ama
1 Yɛn ani sɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no esiane emu nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de na ɛma nimdeɛ, na ɛka biribiara ho asɛm fi wiase nsɛm a esisi so kosi “Onyankopɔn ade a emu dɔ” so no. (1 Kor. 2:10) Yɛn nyinaa kae nneɛma foforo pii a ɛma denhyɛ a yɛakenkan afi saa nsɛmma nhoma a Yehowa nam so reda nokware no adi nkakrankakra yi mu no. (Mmeb. 4:18) Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛkyekyɛ akɔ akyiri sɛnea yebetumi biara denam kra a yɛbɛma wɔakra no so.
2 Susuw W’asasesin Ho: Nnipa bɛn na wɔte mo mpɔtam hɔ? Sɛ wɔrepɛ ntɛm bere nyinaa a, ebia ɛho behia sɛ wusiesie asɛm a wɔka kyerɛ tiawa a esi asɛm no so. Sɛ wowɔ asasesin a nkurɔfo mpɛ ntɛm pii a, wubetumi aka nsɛm pii aka ho. Sɛ ofiewuranom dodow no ara yɛ adwuma awiabere a, ebia ebesi wo yiye bere a wokɔ wɔn fie anwummere anaa bere a ade nsae papa no. Ebia wubetumi anya ebinom awiabere denam mmɔnten so adansedi anaa sotɔɔ ahorow mu adwumayɛ so. Adawurubɔfo binom sow aba pa denam nkurɔfo nkyɛn a wɔkɔ no bɔnnɔ so wɔ mmeae a wɔde kar sisi ne agodibea ahorow no so.
3 Hu Nsɛmma Nhoma no mu Nsɛm: Kenkan nea wo nsa bɛka biara ntɛm ara. Paw nsɛm a wote nka sɛ w’asasesin no mufo ani begye ho. Nsɛm bɛn na ehia wɔn? Hwehwɛ biribi pɔtee a wubetumi afa afi asɛm a woabɔ wo tirim sɛ wode bedi dwuma no mu aka. Susuw asɛm bi a wubetumi abisa de akanyan anigye ho. Paw kyerɛwsɛm bi a ɛyɛ ne bere mu de a sɛ wunya hokwan a wobɛkenkan akyerɛ ofiewura no. Susuw asɛm a wubetumi aka de ada ne kra ho nhyehyɛe no adi, ne ɔkwan a wubetumi afa so ato fapem ama sankɔhwɛ ho.
4 Siesie Wo Nnianim Nsɛm: Tɔ wo bo ase paw nsɛm a wobɛpɛ sɛ woka de da wo ho adi na wode afi nkɔmmɔbɔ ase. Ebinom de nnianim asɛm yi adi dwuma ma asi wɔn yiye: “Makenkan asɛm bi a ɛka koma afi nsɛmma nhoma yi mu, na mepɛ sɛ me ne afoforo kyɛ.” Nnipa pii de asɛmmisa bi a ɛtwe adwene si asɛm a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛka no so na efi ase. Nhwɛso ni:
5 Sɛ woreka asɛm bi a ɛfa nsɛmmɔnedi a abu so ho a, wubetumi abisa sɛ:
◼ “Dɛn na ebehia na yɛatumi ada anadwo a yensuro sɛ wobewia yɛn anaa wobepira yɛn?” Kyerɛkyerɛ mu sɛ wowɔ nsɛm bi a ɛfa ɔhaw yi ano aduru ho. Ɛrenkyɛ ano aduru no bɛma asetram basabasayɛ afoforo nyinaa nso afi hɔ. Twe adwene si biribi a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu a ɛde anidaso a ɛte saa ma so. Ka ne kra ho nhyehyɛe no ho asɛm. Sɛ wosan kɔ hɔ a, wubetumi atwe ofiewura no adwene asi Nimdeɛ nhoma no ti 1 so.
6 Sɛ wode asɛm bi a ɛfa abusua asetra ho rekyerɛ a, wubetumi aka eyi:
◼ “Nnansa yi, ɛyɛ den yiye ma awofo dodow no ara sɛ wɔbɛtete mmofra. Wɔakyerɛw asɛm no ho nhoma pii, nanso abenfo no mpo adwene nhyia. Obi wɔ hɔ a obetumi de akwankyerɛ a wotumi de ho to so ama?” Ka nsɛmma nhoma no mu asɛm pɔtee bi a ɛfoa afotu a nyansa wom a ɛwɔ Bible mu no so. Hyɛ ofiewura no nkuran ma ɔnkra bi. Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ no a, munsusuw Kyerɛwnsɛm mu asɛm a ɛfa mmofra ntetee ho a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no nkratafa 145-8 no ho.
7 Sɛ wode asɛm bi a ɛfa asetram haw bi ho rekyerɛ a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Nnipa bebree te nka sɛ wɔwɔ ɔhyɛ ase esiane ahokyere bere a yɛte mu no nti. Wususuw sɛ saa na Onyankopɔn pɛe sɛ yɛtra ase?” Twe adwene si asɛm bi a ɛkyerɛ sɛnea wogyina nnɛyi haw ahorow no ano anaa ɛma yɛn nea enti a yebetumi ahwɛ kwan sɛ daakye bi bɛba a dadwen nnim so. Ka ne kra ho asɛm kyerɛ no fa wie. Wɔ wo nsrahwɛ a edi hɔ mu no, munsusuw mfonini ne ɛho asɛm a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no nkratafa 4-5 no ho, na afei kɔ ofie Bible adesua so tẽẽ.
8 Dannan Wo Nsɛm no ma Ɛmfata Ofiewura No: Wubehyia nkurɔfo a ɛsono nea wɔn ani gye ho ne nea wofi. Siesie asɛm a wɔka kyerɛ tiawa a wubetumi adannan no ma afata ofiewura biara. Siesie wo ho sɛnea wobɛdannan nsɛm a wobɛka no ma afata ɔbarima, ɔbea, obi a ne mfe akɔ anim, anaa abofra. Mmara katee biara nni asɛm a ɛsɛ sɛ woka ho. Ka nsɛm a ɛbɛma wo ho atɔ wo a ɛsow aba biara. Nanso, da anigye adi, fi komam kasa, na yɛ otiefo pa. Wɔn a ‘wɔayi wɔn yam’ no behu wo nokwaredi no, na wɔayɛ ho biribi.—Aso. 13:48.
9 Mommoa Mo Ho Mo Ho: Yɛnam adwene a yɛne afoforo toãtoã no so sua akwan foforo a yɛbɛfa so aka yɛn nsɛm no. Nsɛm a yɛbɛka akyerɛ no a yɛbobɔ so no ma yenya ahokokwaw ne ahotoso. (Mmeb. 27:17) Sɛ mobobɔ nea mobɛka no so a, ɛremma wo ho mpopo wɔ pon ano. Ɛho hia yiye sɛ awofo gye bere boa wɔn mma ma wosiesie wɔn ho, na wotie wɔn bere a wɔbobɔ nsɛm a wɔka kyerɛ so no, na wɔma wɔn nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma wɔatu mpɔn. Wɔn a wɔyɛ afoforo no betumi anya mfaso denam adwuma a wɔne wɔn a wɔn ho akokwaw bɛyɛ no so.
10 Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubesiesie w’ankasa wo nsɛm a wobɛka de nsɛmma nhoma ama. Ɛno ara ne sɛ wode biribi pɔtee bi bɛhyɛ w’adwene mu a wobɛka, na woada no adi wɔ ɔkwan a ɛkanyan anigye so. Sɛ wufi wo pɛ mu yɛ nneɛma na wudi kan susuw nsɛm ho a, wubetumi asiesie asɛm dɛdɛ a wɔka kyerɛ a wobetie no yiye.
11 Nsɛmma nhoma kyekyɛ yɛ akwan atitiriw a wɔfa so trɛw Ahenni asɛm no mu wɔ wiase nyinaa no mu biako. Sɛ wutumi ma Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no kodi komapafo nsam a, nsɛmma nhoma no ankasa betumi akasa ama ne ho. Kae bo a ɛsom ne sɛnea emu asɛm no betumi agye nkurɔfo nkwa no bere nyinaa. “Yiyeyɛ ne adekyɛ” a ɛte saa na ɛsɔ Yehowa ani kɛse.—Heb. 13:16.