Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/96 kr. 7
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wɔama Asuafoyɛ Adwuma a Egye Ntɛmpɛ no Renya Nkɔso
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Sɛnea Wɔde Nimdeɛ Nhoma no Yɛ Asuafo
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfa a Ɛto So Mmienu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 10/96 kr. 7

Asɛmmisa Afã

◼ Bere tenten ahe na ɛsɛ sɛ wɔne obi yɛ Bible adesua ankasa wɔ Nimdeɛ nhoma no mu?

Yehowa rehyira n’ahyehyɛde no nnɛ. Yehu eyi ho adanse afe biara bere a nnipa foforo mpempem pii gyina nokware no afã no. Ɛreda adi sɛ Nimdeɛ nhoma no yɛ adwinnade a etu mpɔn a wɔde reyɛ eyi. January 15, 1996, Ɔwɛn-Aban no, daa no adi sɛ wɔyɛɛ saa nhoma yi sɛ wɔde bɛboa Bible suani bi ma wanya honhom fam nkɔso ntɛmntɛm, ma ebia wadu asubɔ ho wɔ asram kakraa bi mu.

Esiane eyi nti, Ɔwɛn-Aban koro no ara kratafa 17, de afotu mae sɛ: “Sɛ obi wie ne Bible adesua wɔ Nimdeɛ nhoma no mu ma wɔbɔ no asu a, ebia ɛho renhia sɛ wɔne no bɛyɛ adesua wɔ nhoma a ɛto so abien [mu].”

Na obi a ɔmmɔ asu bere a wɔne no awie Nimdeɛ nhoma no akyi nso ɛ? July 1996 Yɛn Ahenni Som no kratafa 6, nkyekyem 23, kaee yɛn asɛm a wɔdaa no adi wɔ Ɔwɛn-Aban no mu a ɛfa nhoma foforo a yɛne osuani koro no ara a yɛne no asua Nimdeɛ nhoma no awie rensua no ho. So eyi kyerɛ sɛ yɛn ani nnye ho sɛ yɛbɛboa Bible suani bi ma watra saa botae yi? Dabi. Yɛpɛ sɛ nkurɔfo nya nokware no ho nimdeɛ kakra a ɛho hia. Nanso, yɛhwɛ kwan sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw betumi aboa osuani bi a ɔwɔ koma pa wɔ bere tiaa bi mu ma wanya nimdeɛ a ɛfata ama watumi asi gyinae a nyansa wom asom Yehowa. Ebetumi aba sɛ esiane Bible asuafo bi nsɛm tebea nti, wɔbɛpɛ mpo sɛ wosua ade boro pɛnkoro dapɛn biara.

Yegye tom sɛ asuafo bi nkɔso bɛyɛ nyaa asen afoforo. Nanso, sɛ obi asua Nimdeɛ nhoma no awie, a ebia agye bere tenten asen sɛnea anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ, na sɛ onsii gyinae sɛ ɔpɛ sɛ ɔne asafo no bɔ a, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔdawurubɔfo no ne Asafo Ɔsom Boayikuw no mu mpanyimfo no biako besusuw tebea no ho. Sɛ ɛyɛ tebea bi a ntease wom anaa ɛyɛ soronko a, ebia mmoa foforo ho behia. Eyi ne nnyinasosɛm a ɛwɔ asɛm a wɔaka wɔ January 15, 1996, Ɔwɛn-Aban no kratafa 17 nkyekyem 11 ne 12 mu no hyia.

Ɛsɛ sɛ nokware no ho nimdeɛ kakra a ɛho hia a osuani no nya mpo tumi kanyan no ma ɔkɔ Kristofo nhyiam horow. Eyi betumi ama osuani no de adanse a emu da hɔ pefee ama de akyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa. Sɛ wɔne no ayɛ adesua wɔ Nimdeɛ nhoma no mu bere tenten bi na ɔnkyerɛ honhom fam anisɔ a ɛte saa a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wogyae adesua no yɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena