Asɛmmisa Afã
◼ Seesei a yɛanya Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no, bere tenten bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde wie ofie Bible adesua wɔ mu?
Yɛn Ahenni Som a ɛbaa September 1993 no kamfo kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ yɛne anigyefo a wɔyɛ foforo no kɔ so yɛ ofie Bible adesua kosi sɛ wobesua nhoma abien awie. Seesei a yɛanya Nimdeɛ nhoma no, ɛte sɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ nsakrae wɔ saa kwan yi mu, sɛnea wɔdaa no adi wɔ January 15, 1996 Ɔwɛn-Aban mu wɔ nkratafa 13 ne 14 no.
Wɔasiesie Nimdeɛ nhoma no na aboa wɔn a “wɔayi wɔn ama daa nkwa no” ma wɔasua nea ehia sɛ wohu na ama wɔatumi ahyira wɔn ho so ama Yehowa na wɔabɔ wɔn asu. (Aso. 13:48) Enti, sɛ yɛne obi sua nhoma foforo yi wie a, ɛho renhia sɛ yɛne osuani koro no ara sua nhoma a ɛto so abien. Bere a wo Bible asuafo fi ase gye nokware no, wubetumi akɔ so ahyɛ wɔn nkuran nkakrankakra ma wɔama wɔn nimdeɛ no ayɛ nea edi mũ denam Yehowa Adansefo nhyiam horow a wɔbɛkɔ ne Bible ne Kristofo nhoma ahorow a wɔbɛkenkan so.
Sɛ wunim nsɛmmisa a ɛwɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 175 kosi 218 no yiye a, eyi betumi aboa. Ɛwom sɛ ɛnsɛ sɛ wotwe adwene si nsɛmmisa yi so anaasɛ wo ne Bible suani no susuw ho de, nanso ɛbɛyɛ papa sɛ wubesi nsɛntitiriw a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no mu a ɛbɛma osuani no ada Bible mu nokware mfitiase no ho ntease pa a ɔwɔ no adi bere a mpanyimfo ne asubɔ hwehwɛfo no resusuw nsɛmmisa ho no so dua.
Ɛho nhia sɛ yɛde nsɛm foforo bɛka nea ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no mu ho, de nsɛm bi a enni nhoma no mu anaa nsɛm foforo agyina Bible nkyerɛkyerɛ akyi de apa atoro nkyerɛkyerɛ ho ntama. Eyi bɛma bere a wɔde yɛ adesua no ayɛ tenten kɛkɛ. Mmom, yɛwɔ anidaso sɛ yebetumi awie nhoma no ntɛm, ebia wɔ bɛyɛ asram asia mu. Eyi kyerɛ sɛ ehia sɛ yedi kan sua asɛm no yiye na ama yɛatumi akyerɛkyerɛ mu yiye wɔ ɔkwan tiaa so. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ osuani no nkuran ma odi kan sua, kenkan kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asi so no, na ɔbɔ mmɔden te nea nhoma no rekyerɛ wɔ ti biara mu no ase yiye.
Ɔwɛn-Aban no asi hia a ehia sɛ Yehowa Adansefo yɛ Bible adesua a etu mpɔn pii wɔ bere tiaa mu no so dua. (Hwɛ Yesaia 60:22.) Nimdeɛ nhoma no a yɛde bedi dwuma ɔkwampa so no betumi aboa wɔn a wɔyɛ foforo ma wɔanya nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu na wɔde adi dwuma.—Yoh. 17:3.