July Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase July 7
Dwom 6
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no ne mo asafo no March asɛnka ho amanneɛbɔ ho asɛm. Teokrase Nsɛmmansɛmma.
15 min: “Nokwaredi So wɔ Akatua.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka osuahu a ɛwɔ January 22, 1993, Engiresi Nyan! no nkratafa 18-21 no nso.
20 min: “Boa Afoforo Ma Wonnya Awerɛkyekye.” Wo ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnyɛ asɛm a wɔka kyerɛ biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ. Ma atiefo nka akwan foforo a wɔafa so de nhomawa koro no ara afi nkɔmmɔbɔ ase. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa nsɛm ntiantia a wɔahyɛ da apaw nkanyan nkurɔfo anigye. (Hwɛ School Guidebook, kratafa 7, nkyekyem 9-11.) Ka nhomawa afoforo a wobetumi de ama ne nea mo asafo no wɔ bi ho asɛm. Sɛ wode nhomawa rema a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka ofie Bible adesua nhyehyɛe no ho asɛm ɔkwampa so.
Dwom 70 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 14
Dwom 5
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka asɛm a ɛne “Yebesua Abusua mu Anigye Nhoma No” mu nsɛm.
18 min: “Di Adanse Wɔ Baabiara a Nnipa Wɔ.” Ɔkasa. Sɛ bere ma kwan a, wubetumi aka osuahu afoforo a ɛwɔ 1997 Yearbook no nkratafa 43-6 no.
15 min: Awofo—Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Mfi Mmofraase Pɛɛ. Ɔpanyin bi ka Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a ɛkyerɛ hia a ɛho hia sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma fi mmofraase pɛɛ ho asɛm. (Mmeb. 22:6; 2 Tim. 3:14, 15) Awofo binom te nka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn ani bere de Bible nkyerɛkyerɛ ma mmofra kosi sɛ wobenyin adu baabi a wobetumi asisi wɔn ankasa gyinae horow. Wɔ tebea a ɛtete saa mu no, mmofra pii akodi wiase no mu. Ɛsɛ sɛ honhom fam ɔkyerɛkyerɛ fi ase fi mmofraberem. (g97-TW 3/8 24-5; w88-TW 9/1 22-3) Bisabisa awarefo bi a wodwen wɔn mma honhom fam yiyedi ho no nsɛm. Wɔnkyerɛ sɛnea agya no di anim, na awofo baanu no nyinaa yɛ wɔn fam de, de ɔkyerɛkyerɛ a etu mpɔn a emu dɔ ma wɔn mma. Awarefo no ka nea wɔyɛ na ama wɔatumi de nokware no akyerɛkyerɛ wɔn mma, na wɔde nyansahyɛ ahorow a ahyehyɛde no de ama a ɛfa sɛnea wɔyɛ nhyehyɛe a etu mpɔn na mfaso wɔ so ma fie nkyerɛkyerɛ ho no adi dwuma. Ɔpanyin no si hia a ehia sɛ wɔde nea Onyankopɔn Asɛm tu awofo fo sɛ wɔnyɛ no bedi dwuma no so dua.—w85-E 4/1 23; Efe. 6:1-4.
Dwom 71 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 21
Dwom 13
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo” no mu nsɛm.
15 min: “Wo Mma Ho Ban a Wobɛbɔ Wɔ Mogya a Wɔde Di Dwuma Ɔkwammɔne So Ho.” Ɔkasa a ɔpanyin bi ma a egyina nkyekyem 1-11 so. Ka Nyan! mu nsɛm a ɛfa aduan pa ne ahotew ho mu asɛm na si so dua. Kyerɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a oduruyɛfo bi de aban amanenya hunahuna ɔwofo wɔ mogya ho asɛm ho no.
10 min: “Hena na Ɔbɛkɔ Ama Yɛn?” Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran. Ka daa akwampae adwuma ho nkuranhyɛ ne osuahu a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ February 1997 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 16-17 nso ho asɛm. Wɔn a wontumi nyɛ daa akwampaefo no betumi ayɛ nhyehyɛe ahwɛ ɔsram (asram) a wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo wɔ ɔsom afe a ɛreba no mu.
15 min: Siesie Wo Ho Ma Bɔnnɔ So Adansedi. Da biara, yenya hokwan a yebetumi de adi nkurɔfo a yehyia wɔn no adanse. Sɛ hokwan no bue a, wobɛhwɛ no na yenkura Bible anaa nhoma a yɛde bedi dwuma. Siesie wo ho sie. Sɛ wowɔ fie a, ma nhoma bi mmɛn wo pon ano, baabi a wuhyia ahɔho. Fa nhoma ahorow ahorow hyɛ bag anaa sika kotoku mu kura anaa fa gu wo ho wɔ wo kar mu, w’adwumayɛbea, anaa drɔɔ a wode wo nneɛma gu mu wɔ sukuu mu. Fa biribi ka wo ho bere a worekɔfa ɔmamfo kar. Sɛ woretu kwan akɔyɛ adwuma wɔ baabi, worekɔ nhyiam wɔ baabi foforo, anaa worekodi akwamma a, fa nhoma bi ka wo nneɛma ho. Ka nyansahyɛ afoforo a ɛwɔ School Guidebook no nkratafa 80-2, nkyekyem 11-16 no. Yɛ akwan pii a wobetumi afa so ne ɔdetɔnfo, ɔyɔnko dwumayɛni, ɔyɔnko sukuuni, ɔkwantuni foforo, anaa obi a ɔregye n’ahome akasa, ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 72 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 28
Dwom 15
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae obiara sɛ ɔmfa n’asɛnka kyerɛwtohɔ mma. Ka nhoma a yɛde bɛma August mu ho asɛm. Fa yɛ wo botae sɛ wobɛsan akɔsra wɔn a womaa wɔn nhomawa wɔ July mu no wɔ August mu, na bɔ mmɔden fi Bible adesua ase. Kyerɛ nneɛma bi a ɛho hia ma sankɔhwɛ a etu mpɔn fi krataa a ɛhyɛ March 1997 Yɛn Ahenni Som mu no mu. Ɛsɛ sɛ wofi adesua ase wɔ Ahwehwɛde nhomawa no anaa Nimdeɛ nhoma no mu.
15 min: “Wo Mma Ho Ban a Wobɛbɔ Wɔ Mogya a Wɔde Di Dwuma Ɔkwammɔne So Ho.” Ɔkasa a ɔpanyin bi ma a egyina nkyekyem 12-28 so. Si nsɛmmisa a ɛwɔ nkyekyem 12 ne 20 no ho mmuae so dua. Si hia a ahosiesie a awofo bedi kan ayɛ ho hia so dua sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ankasa betumi de ahotoso akyerɛ wɔn gyinabea.
18 min: Wie Wo Som Adwuma no Koraa. Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo ma a egyina Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 5-8 so. Si sɛnea asɛnka adwuma no hia na egye ntɛmpɛ so dua, na kanyan obiara ma ommu asɛyɛde a ɔwɔ sɛ ɔsomfo no aniberesɛm.
Dwom 75 ne mpaebɔ a wɔde wie.