Wo Mma Ho Ban a Wobɛbɔ Wɔ Mogya a Wɔde Di Dwuma Ɔkwammɔne So Ho
Yɛkaa eyi ho asɛm wɔ krataa a ɛhyɛ October 1992 Yɛn Ahenni Som no mu bere a na Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw biara nni ɔman yi mu no, enti ɛho abehia sɛ yɛyɛ mu nsakrae na yɛatumi de adi dwuma. Eyi nso bɛma yɛadi bɔ a yɛhyɛe wɔ krataa a ɛhyɛ January 1995, Yɛn Ahenni Som mu nkyekyem 38 no so. Yɛsrɛ sɛ fa nkrataa abien yi sie baabi a sɛ ɛho behia a wubehu no ntɛm. Yɛbɛma wɔn a wɔbɛbɔ wɔn asu foforo no bi daakye.
1 “Hwɛ, [Yehowa, NW] agyapade ne mmabanin.” (Dw. 127:3) Sɛ mowɔ agyapade a ɛsom bo saa a efi Yehowa hɔ a, ɛnde mo, sɛ awofo no, mowɔ asɛyɛde a ɛyɛ anigye, nanso anibere wom, sɛ mobɛtete mo mma, ahwɛ wɔn, na moabɔ wɔn ho ban. Sɛ nhwɛso no, so moayɛ biribiara a ɛfata a ɛbɛma moabɔ mo mma nkumaa ho ban na wɔamma wɔn mogya? Sɛ mo mma hu sɛ wɔrebɛma wɔn mogya a, dɛn na wɔbɛyɛ wɔ ho? So moasusuw nea mubetumi ayɛ de adi tebea a egye ntɛmpɛ, a wɔpɛ sɛ wɔma mogya wom, ho dwuma ɔkwan a etu mpɔn so no ho sɛ abusua? Esiane mogya a wɔde ma ho nsɛm a ɛrekɔ so nnansa yi wɔ ɔman yi mu nti, krataa yi ho a mubesusuw no besiesie mo ne mo abusua ama biribi a ebetumi asi daakye.
2 Ɛnyɛ biribiara a ebesi wɔ asetra mu na mubetumi adi kan ahu na moasiesie mo ho ama, nanso sɛ́ awofo no, nneɛma pii wɔ hɔ a mubetumi adi kan ayɛ de abɔ mo mma ho ban na wɔamma wɔn mogya. Ade biako a ɛho hia ne sɛ mobɛma abusua no muni biara aduan pa. Ɛwom sɛ sikasɛm ayɛ den de, nanso sɛ moyɛ nhyehyɛe pa a, ebetumi ayɛ yiye. (Hwɛ March 8, 1995, Nyan!, nkratafa 4-7.) Mo afie ne nneɛma a atwa mo ho ahyia a mobɛhwɛ ma ɛho atew ho hia titiriw.—January 8, 1989, Nyan! nkratafa 4-11.
3 Gyidi a Enhinhim Ho Hia: Ɛsɛ sɛ mususuw sɛnea gyidi a mo ankasa wɔ wɔ Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no yɛ pintinn fa no ho. So morekyerɛkyerɛ mo mma ma wɔatie Yehowa wɔ asɛm yi mu, te sɛ nea mode ne mmara a ɛfa nokwaredi, abrabɔ pa, afã biara a yenni ne asetra mu nneɛma foforo ho kyerɛkyerɛ wɔn no? So yɛte nka ankasa sɛnea Onyankopɔn mmara hyɛe wɔ Deuteronomium 12:23, NW sɛ: “Munnyina pintinn sɛ morenni mogya” no? Nkyekyem 25 de ka ho sɛ: “Nni, na ensi wo ne wo mma a wodi w’akyi yiye, sɛ woreyɛ nea ɛteɛ [Yehowa, NW] ani so.” Ebia oduruyɛfo bi bɛka sɛ mogya bɛma ‘asi’ mo ba a ɔyare no ‘yiye,’ nanso ɛsɛ sɛ musi gyinae pintinn ansa na tebea a egye ntɛmpɛ bi a ɛbɛma mo ankasa ne mo mma apo mogya aba, na mummu mo ne Yehowa ntam abusuabɔ sɛ ɛsom bo sen mfe dodow biara a wɔkyerɛ sɛ ɛbɛtɔ mo nkwa nna so a ɛbɛma moabu ne soro mmara so no. Onyankopɔn anim dom a mubenya mprempren ne daa nkwa a mubenya daakye ho asɛm wom!
4 Yiw, Yehowa Adansefo pɛ nkwa. Wɔn kɔn nnɔ owu. Wɔpɛ sɛ wɔtra ase na wɔatumi akamfo Yehowa ayɛ n’apɛde. Ɛno ne ade biako nti a wɔkɔ ayaresabea, na wɔde wɔn mma nso kɔ hɔ kɔsa wɔn yare no. Wɔka kyerɛ nnuruyɛfo sɛ wɔnsa wɔn yare, na sɛ wɔka kyerɛ wɔn sɛ mogya ne aduru a wogye tom anaasɛ wɔde sa yare a, wɔkyerɛ wɔn sɛ wɔmfa aduru foforo a mogya nka ho nsa wɔn yare. Eyi nte sɛ nea wɔde aduruyɛ rekame obi a ehia no efisɛ nnuru foforo pii a etu mpɔn wɔ hɔ a wobetumi de asi mogya ananmu. Nnuruyɛfo a wɔn ho akokwaw de redi dwuma. Nnuruyɛfo mpempem pii a wɔwɔ wiase nyinaa, a Ghana ka ho, ne yɛn ayɛ adwene ma wɔhwɛ yɛn yare yiye a wɔmma yɛn mogya, ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a, ɛda so ara yɛ den sɛ yebenya nnuruyɛfo a wɔbɛsa Adansefo mma yare a wɔremfa mogya nni dwuma de.
5 Oduruyɛfo a Ɔte Yɛn Ase a Yɛbɛhwehwɛ No: Nnuruyɛfo dwen nneɛma pii ho bere a wɔresa ayarefo yare no, na sɛ moka kyerɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde mogya sa mo ba yare a, ɛma ɛyɛ den kɛse. Nnuruyɛfo bi bɛpene so asa mpanyimfo yare na wɔayɛ nea wɔpɛ wɔ mogya ho no ama wɔn, bere dodow a wɔhyehyɛ krataa a ɛma eyi ho asodi fi wɔn so no. Ebia wɔn mu binom nso bɛpene so sɛ wɔbɛsa mmofra a wɔada no adi sɛ wɔn ho akokwaw no yare, efisɛ asɛnnibea ahorow bi ahu sɛ mmofra a wɔn ho akokwaw no wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔn ankasa pɛ wɔ wɔn ayaresa mu. (Hwɛ Ɔwɛn-Aban, June 15, 1991, [Vol. 112, No. 12, nkr. 16, 17] na moanya nea wogyina so tumi ka sɛ abofra bi ho akokwaw ho asɛm.) Nanso, ebia nnuruyɛfo rempene so nsa mmofra nkumaa yare, ne titiriw nkokoaa, gye sɛ wɔma wɔn kwan sɛ wɔmma wɔn mogya ansa. Ebia ebinom behunahuna awofo no aka sɛ ɛyɛ mmarato sɛ wɔde mogya a “egye nkwa” bɛkame abofra. Eyi yɛ mmɔden a wɔbɔ kɛkɛ sɛ wobehunahuna mo, enti mommmɔ hu. Mumfi obu mu nna no ase, nanso monka nkyerɛ no pen sɛ mopɛ sɛ mokɔ oduruyɛfo foforo a obetumi ahwɛ yare no a ɔmma no mogya hɔ, na mumfi hɔ ntɛm ara. Mubetumi akohu mo asafo mu mpanyimfo no ma wɔaboa mo ma moanya oduruyɛfo a ɔbɛte mo ase.
6 Esiane eyi nti, bere a morehwehwɛ oduruyɛfo a ɔfata ama mo ba no sɛ munya oduruyɛfo bi a ɔtaa te Yehowa Adansefo ase, a bere bi a atwam no ɔsaa Adansefo foforo yare a wamma wɔn mogya, nanso ɔte nka sɛ mmara no mma no kwan sɛ ɔbɛhyɛ mo bɔ koraa sɛ ɔremfa mogya nni dwuma nso ɛ? Nanso, ɔma mo awerɛhyem sɛ ɔte nka sɛ ɔrenhyia ɔhaw biara saa bere yi nso. Ebia mubesi gyinae sɛ eyi ne nea eye sen biara ma mo. Wɔ tebea horow yi mu no, mubetumi asi gyinae sɛ mobɛma kwan ma wahwɛ no. Nanso, ɛsɛ sɛ moma ɛda adi pefee sɛ kwan a moama no sɛ ɔnsa mo ba no yare no nkyerɛ sɛ moama no kwan sɛ ɔmma no mogya. Saa a mobɛyɛ no bɛyɛ asɛyɛde a ɛsɛ sɛ ɛbɛda mo so a wɔremmu mo gyinaesi no sɛ moagyae nsɛm mu asiesie.
7 Nokwarem no, sɛ mubetumi anya ayaresa foforo a ɛfata a ɛbɛma hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wɔde mogya bedi dwuma no so atew kakra, anaasɛ ayi afi hɔ a, ɛnde ebia mubetumi afa nea asiane nnim kɛse no. Wɔhwɛ kwan sɛ mode nsiyɛ bɛhwehwɛ oduruyɛfo a ɔbɛte mo ase pii asen ɔfoforo biara a ɔbɛka sɛ ɔremma no mogya no. Ahobammɔ a eye sen biara ne sɛ mobɛda mo ho so sɛ ɔhaw ahorow betumi asɔre. Mommɔ mmɔden biara a mubetumi sɛ mubedi kan ahwehwɛ oduruyɛfo a ɔbɛte mo ase. Mommɔ mmɔden biara sɛ mobɛkwati nnuruyɛfo ne ayaresabea ahorow a wɔnte mo ase no.
8 Ade foforo a ebetumi akyerɛ sɛ ebia wɔbɛma obi mogya anaa wɔmma no no ne sɛnea obetua ne hwɛ wɔ ayaresabea no ho ka. Mmeae a wɔhwehwɛ sɛ awofo tua ayaresa no ho ka nyinaa no, wobetumi akɔhwehwɛ oduruyɛfo a wɔpɛ. Saa kwan yi so no, ɛbɛyɛ den sɛ nnuruyɛfo anaasɛ ayaresabea adwumayɛfo a wɔnte wɔn ase no nsa bɛka mmofra no. Ayaresa no ho sika a ɛsɛ a wotua no na ɛtaa kyerɛ ayaresa ne mmoa ko a abusua bi nya fi nnuruyɛfo ne ayaresabea ahorow hɔ. Afei nso, sɛ́ ebia ayaresabea anaa oduruyɛfo bi bɛpene so sɛ wonyi abofra bi nkɔ baabi foforo no taa gyina tumi a awofo no tumi tua ne hwɛ ho ka no so. Na ehia sɛ mo a morebɛyɛ mmaatan no hwɛ mo akwahosan so wɔ mo nyinsɛn mu! Eyi bɛboa pii ma moakwati awo a ne bere annu ne emu nsɛnnennen, efisɛ mpɛn pii no, wɔde mogya na edi dwuma wɔ mmofra a wɔn awo bere annu no ayaresa ne emu nsɛnnennen no mu.
9 Ɛtɔ mmere bi a, nnuruyɛfo nwiinwii sɛ Yehowa Adansefo ma ɛka akyi dodo ansa na wɔne wɔn asusuw mogya a wɔmpɛ no ho. Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Nneɛma a edi kan a ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Adansefo ne Adansefo a wɔanyin nyinaa yɛ bere a wɔkɔ ayaresabea anaa wokohu oduruyɛfo ma wasa wɔn yare no mu biako ne sɛ wɔbɛka wɔn gyinabea wɔ mogya ho no ho asɛm. Afei nso, monka mo akwahosan ho asɛm nkyerɛ no, sɛ nhwɛso no, biribiara a mo nipadua mpɛ. Sɛ wɔbɛyɛ oprehyɛn a, mo ne nea ɔhwɛ ma obi a wɔreyɛ no oprehyɛn tra nkwa mu (anesthesiologist) no nhyia ntɛm. Oduruyɛfo no betumi aboa mo ma moayɛ eyi. Ɛsɛ sɛ motɔ mo bo ase kenkan nnipa a wogye wɔn gu ayaresabea ho nkrataa no yiye. Mowɔ hokwan sɛ mutwa biribiara a mompɛ mu. Nea ɛbɛyɛ na moayi adwenem naayɛ biara afi hɔ no, monkyerɛw wɔ nnipa a wogye wɔn gu ayaresabea ho nkrataa no so pefee sɛ ɔsom ne aduyɛ mu ntease ahorow nti, mompɛ mogya anaa momma ho kwan wɔ tebea biara mu.
10 Mmoa a Yehowa Ahyehyɛde De Ma: Nsiesiei bɛn na Yehowa ahyehyɛde ayɛ na aboa mo ma moabɔ mo mma ho ban wɔ mogya ho? Ɛdɔɔso. Asafo ti no atintim nsɛm pii de akyerɛkyerɛ yɛn wɔ mogya ne nnuru a mogya nnim a wɔde si mogya ananmu ho. Moasua How Can Blood Save Your Life? nhomawa no ne asɛm yi ho nhoma afoforo. Na mowɔ anuanom mmarima ne mmea wɔ mo asafo no mu a wobetumi aboa mo pii na wɔagyina mo akyi. Sɛ asɛnnennen bi sɔre a, ebia mpanyimfo no bebu no sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔpanyin bi ne ɔyarefo no wofo anaa ne busuani foforo a ɔbɛn no pɛɛ tra ne ho nnɔnhwerew 24 wɔ ayaresabea hɔ. Wɔtaa de mogya ma bere a abusuafo ne nnamfo nyinaa kɔ fie anadwo no.
11 Wɔ Ghana no, Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow du na ɛwɔ amantam du no mu akron nhenkurow mu, ɛne Tema. Wɔde asafo ahorow no mu biara ama boayikuw bi a emufo yɛ anuanom a wɔatete wɔn a wɔwɔ hɔ sɛ wɔbɛboa. Sɛ muhia wɔn a, momfa mo mpanyimfo so nkohu wɔn. Ɛnsɛ sɛ mofrɛ wɔn wɔ nsɛm nketenkete ho, nanso sɛ muhu sɛ ebia aniberesɛm bi resɔre a, monntwɛn bere tenten ansa na moafrɛ wɔn. Mpɛn pii no, wobetumi ama mo nnuruyɛfo a wɔte yɛn ase din, na wɔde nnuru a wobetumi de asi mogya ananmu ho nyansahyɛ ahorow ama. Faako a ɛho hia na ebetumi ayɛ yiye no, anuanom yi yɛ nhyehyɛe ba hɔ, na wɔboa ma wodi ɔhaw no ho dwuma. Yɛsrɛ sɛ, monhyɛ no nsow yiye sɛ, ɛyɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu ne wɔn mma nkumaa nkutoo nsɛm na HLC no di ho dwuma, na ɛnyɛ anuanom abusuafo a wɔyɛ wiasefo.
12 Asɛnnibea Ho a Ɛde Gye Asɛm no Mu Ho Akwanhwɛ ne Ɛho Dwumadi: Ɛwom sɛ ɛntaa nsi wɔ ɔman yi mu de, nanso sɛ oduruyɛfo anaa ayaresabea bi yɛ sɛ wobegye tumi krataa afi asɛnnibea de ama mo ba mogya nso ɛ? So eyi ne bere a ɛsɛ sɛ mugyae asɛm no mu, na mofa no sɛ morentumi nyɛ ho hwee bio? Dabida! Mubetumi asiw mogya a wɔde bɛma no no ho kwan ara. Ɛsɛ sɛ mudi kan siesie mo ho ma biribi a ɛte saa a ebetumi aba no. Dɛn na mubetumi ayɛ?
13 Mmara mu nnyinasosɛm ahorow bi a ɛkyerɛ ayaresabea ahorow ne atemmufo kwan anaasɛ wogyina so yɛ wɔn nneɛma wɔ nsɛm a ɛte saa mu no bi a wobɛte ase no bɛboa wo kɛse ma woako atia. Nnyinasosɛm a ɛte saa no biako a ɛho hia titiriw ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ mmara no mma awofo tumi a anohyeto nnim sɛ wɔmpene anaa wɔmpo ayaresa a wɔde ma wɔn mma so. Ɛwom sɛ mpɛn pii no, nnipa a wɔanyinyin wɔ hokwan sɛ wɔpene ayaresa bi so anaasɛ wɔpo sɛnea wɔpɛ de, nanso awofo nni ho kwan sɛ wɔpo ayaresa a nnuruyɛfo susuw sɛ ɛho hia sɛ wɔde ma wɔn ba na ama ne ho atɔ no, bere a nea wogyina so po no gyina ɔsom mu gyidi ahorow a wogye tom nokware mu so mpo no.
14 Nnyinasosɛm titiriw yi daa adi wɔ 1944 U.S. Asɛnnibea Kunini no gyinaesi a ɛkaa saa asɛm yi no mu: “Awofo wɔ hokwan sɛ wɔn ankasa bɛyɛ mogya adansefo. Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔ tebea horow a ɛne eyi sɛ mu no, wɔma wɔn mma yɛ mogya adansefo ansa na wɔayɛ mpanyin, bere a mmara kyerɛ sɛ wɔn ankasa betumi apaw nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ no.” Abofra honam fam akwahosan ne yiyedi ho adwene titiriw koro yi ara na ɛwɔ mmofra yiyedi ho mmara mu nnɛ. Wɔyɛɛ saa mmara yi a wɔde ko tia ayayade a wɔde yɛ mmofra no nso sɛ ɛmmɔ mmofra ho ban wɔ ani a wobu gu wɔn so wɔ wɔn ayaresa mu no ho.
15 Ɛda adi sɛ mmofra ho ban a wɔbɔ na awofo anyɛ wɔn basabasa ammu wɔn ani angu wɔn so no nyɛ nea Kristofo awofo mpene so. Nanso wɔtaa de mmofra a wɔnhwɛ wɔn ho mmara ahorow ne Asɛnnibea Kunini asɛm a yɛafa aka asɛm wɔ atifi hɔ no di dwuma wɔ nsɛm a ɛfa Yehowa Adansefo mma ho ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ, ɛnyɛ awofo a wɔyɛ Adansefo no adwene ne sɛ wɔbɛyɛ wɔn mma “mogya adansefo,” anaasɛ wɔde ayaresa bɛkame wɔn. Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na wɔde wɔn mma kɔ ayaresabea koraa? Nea ɛne eyi bɔ abira no, awofo a wɔyɛ Adansefo no fi wɔn pɛ mu de wɔn mma kɔ kɔhwehwɛ ayaresa. Wɔdɔ wɔn mma, na wɔpɛ sɛ wonya akwahosan pa. Nanso wogye di sɛ Onyankopɔn ama wɔn asɛyɛde sɛ wɔmpaw ayaresa a ɛfata, na eye sen biara, mma wɔn mma. Wɔpɛ sɛ wɔsa wɔn mma yare a wɔmma wɔn mogya. Ɛnyɛ sɛ ayaresa a mogya nka ho a wɔde si nea wɔde mogya ka ho ananmu no ye na asiane nnim nko, na mmom nea ehia sen biara no, ɛma wɔn mma kɔ so nya Nkwamafo kɛse, Yehowa Nyankopɔn, anim dom.
16 Ɛmfa ho mfaso horow a ɛwɔ ayaresa a wɔmfa mogya nni dwuma wɔ mu so no, nnuruyɛfo ne mmofra yiyedi ho adwumayɛfo pii bu mogya a wɔde ma sɛ ayaresa a ɛfata a ɛho betumi ahia anaasɛ nea egye nkwa mpo wɔ tebea horow bi mu. Enti, sɛ awofo a wɔyɛ Adansefo no po mogya a wɔde ma a wɔkamfo kyerɛ no a, ɔhaw ahorow betumi asɔre. Mpɛn pii no, mmara mma nnuruyɛfo kwan sɛ wotumi sa mmofra yare bere a awofo no mpene so. Nea ɛbɛyɛ na wɔadi pene a awofo mpene mogya a wɔde bedi dwuma so no, nnuruyɛfo anaa ayaresabea adwumayɛfo foforo bɛma ɔtemmufo bi ama ho kwan denam tumi krataa a wɔbɛkɔ akogye afi asɛnnibea so. Ebia wɔbɛfa mmofra yiyedi ho adwumayɛfo, anaa nnuruyɛfo, anaa ayaresabea adwumayɛfo a wɔredi dwuma abɔ abofra a wɔkyerɛ sɛ wɔabu ani agu n’ayaresa so ho ban no so na wɔakɔ akogye asɛnnibea tumi krataa a ɛte saa.a
17 Mpɛn pii no, wokogye asɛnnibea tumi krataa a ɛma wotumi de mogya di dwuma no ntɛm dodo, anaasɛ wɔmmɔ awofo no amanneɛ koraa. Nnuruyɛfo, ayaresabea mpanyimfo, anaa mmofra yiyedi ho adwumayɛfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ saa tumi krataa a wokogye no ntɛm no fata, denam ka a wɔka sɛ ayaresa mu tebea bi wɔ hɔ a egye ntɛmpɛ a ɛmma wonnya bere a wɔde bɛka nea ɛrekɔ so nyinaa ho asɛm akyerɛ awofo no. Nanso, mpɛn pii no, sɛ wobisa nnuruyɛfo nsɛm a, wogye tom sɛ na tebea bi a egye ntɛmpɛ ankasa nni hɔ, na mmom na wohia tumi krataa bi afi asɛnnibea “na sɛ ɛba sɛ,” sɛnea wosusuw no, mogya a wɔde bɛma ho behia akyiri yi a, wɔde adi dwuma. Sɛ́ mo mma ahwɛfo ankasa no, mowɔ hokwan biara sɛ muhu nea nnuruyɛfo, ayaresabea mpanyimfo, anaa mmofra yiyedi ho adwumayɛfo reyɛ wɔ mo ba ho bere nyinaa. Mmara no hwehwɛ sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mo amanneɛ wɔ mmɔden a wɔrebɔ sɛ wobegye tumi afi asɛnnibea no ho, na ɛsɛ sɛ wɔma mo kwan ma moka mo asɛm wɔ asɛnnibea hɔ.
18 Mmara mu nokwasɛm ahorow yi si mfaso a ɛwɔ so sɛ mohwehwɛ oduruyɛfo a ɔte mo ase no so dua. Mo ne no nyɛ adwuma, na momfa Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no so mmoa no ma ɔmfa nnuru a mogya nka ho nsa mo ba no yare, anaa momma wonyi mo ba no nkɔma oduruyɛfo anaa ayaresabea a ɛde ayaresa a ɛte saa bɛma no. Nanso, sɛ muhu mpopoe bi sɛ oduruyɛfo, ayaresabea panyin, anaa mmofra yiyedi dwumayɛni bi pɛ sɛ okogye tumi krataa fi asɛnnibea a, ɛsɛ sɛ moma mo ani da hɔ na mubisa nea ɛrekɔ so no. Ɛtɔ mmere bi a wɔnam telefon so yɛ eyi wɔ kokoam wɔ nsase bi so. Sɛ wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ asɛnnibea a, munsi so dua sɛ mopɛ sɛ muhu na moatumi akɔka mo nso mo asɛm akyerɛ ɔtemmufo no. (Mmeb. 18:17) Sɛ bere wom a, ɛtaa yɛ papa sɛ mobɛhwehwɛ mmoa afi mmaranimfo bi hɔ. Ɛtɔ mmere bi a asɛnnibea paw mmaranimfo no. Sɛ mowɔ mo ankasa mmaranimfo anaa nea asɛnnibea no apaw no a, Asafo ti no betumi aka nsɛm a ɛbɛboa no ma ɔde anoyi a eye sen biara ama wɔ tebea horow no mu akyerɛ no.
19 Sɛ mogya a mopo nti wɔde mo kɔ asɛnnibea a, nkurɔfo betumi agye oduruyɛfo no adwene a ɔka sɛ mogya ho hia na ama wɔakora mo ba no nkwa anaa n’akwahosan so no atom yiye. Esiane sɛ ɔtemmufo no nnim aduyɛ ho hwee nti, mpɛn pii no, obegye oduruyɛfo no adi esiane aduyɛ ho nimdeɛ a ɔwɔ nti. Eyi te saa titiriw, bere a wɔmma awofo hokwan pii anaa wɔmma wɔn bi koraa, na wɔde aka wɔn asɛm, na wɔma oduruyɛfo no kwan ma ɔka sɛnea ehia sɛ ɔde mogya di dwuma “ntɛm so” ho asɛm a obiara nnye no kyim no. Onipa biako anom asɛm a wotie no saa no mma wonhu nokware a ɛwom no. Nokwasɛm no ne sɛ, bere ne nea enti a nnuruyɛfo te nka sɛ mogya ho hia no yɛ wɔn nsusuwii a ɛnyɛ nokwasɛm ankasa. Mpɛn pii no, bere a oduruyɛfo biako ka sɛ mogya ho hia ɔkwan biara so na ama wɔatumi agye abofra bi nkwa no, oduruyɛfo foforo a ne ho akokwaw wɔ saa yare no ara sa mu a ɔmfa mogya nni dwuma no bɛka sɛ mogya ho nhia na ama wɔasa ɔyarefo no yare.
20 Sɛ mmaranimfo anaa ɔtemmufo bi bisa mo nea enti a momma wɔmma mo ba mogya a “egye nkwa” no a, dɛn na mobɛyɛ? Ɛwom sɛ ebia ɔpɛ a edi kan a mubenya ne sɛ mobɛkyerɛkyerɛ mo gyidi wɔ owusɔre no mu akyerɛ, na moaka gyidi a emu yɛ den a mowɔ sɛ sɛ mo ba no wu a, Onyankopɔn benyan no aba nkwa mu bio no ho asɛm akyerɛ de, nanso ebia mmuae a ɛte saa no mmom bɛma ɔtemmufo a nea odwen ho titiriw ne abofra no honam fam yiyedi no agye adi yiye sɛ moyɛ katee wɔ ɔsom ho, ma enti ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi de bɔ mo ba no ho ban.
21 Nea ehia sɛ asɛnnibea no hu ne sɛ, ɛwom sɛ mugyina ɔsom mu gyidi a emu yɛ den so na ɛrepo mogya de, nanso ɛnyɛ ayaresa na morepo. Ehia sɛ ɔtemmufo no hu sɛ monyɛ awofo a mubu mo ani gu mo asɛyɛde so anaasɛ moyɛ mo ba no basabasa, na mmom moyɛ awofo a mowɔ dɔ a mopɛ sɛ wɔsa mo ba no yare. Nea ɛte ara ne sɛ, munnye ntom sɛ mfaso horow a wose ɛwɔ mogya mu no boro emu asiane ne ɔhaw ahorow a ebetumi adi awu no so, ne titiriw no, bere a nnuru foforo a wobetumi de asi ananmu wɔ hɔ a asiane ahorow yi nnim no.
22 Mubetumi agyina tebea no so ama ɔtemmufo no ahu sɛ oduruyɛfo biako pɛ adwene na ɛkyerɛ sɛ ohia mogya, nanso ɛnyɛ ɔkwan biako na nnuruyɛfo nyinaa fa so, na mobɛpɛ sɛ munya hokwan de hwehwɛ oduruyɛfo a ɔbɛfa akwan horow pii a ɛwɔ hɔ a wɔmfa mogya nni dwuma no so asa mo ba no yare. Ɛdenam Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no mmoa so no, ebia na moanya oduruyɛfo a ɔte saa dedaw a ɔbɛsa mo ba no yare a ɔremma no mogya, na ebia ɔnam telefon so betumi adi adanse a ɛfata wɔ asɛnnibea hɔ. Ɛda adi sɛ nkitahodi boayikuw no betumi aka ayaresa ho nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛnea wobetumi asa mo ba no yare no yiye a wɔmfa mogya nni dwuma akyerɛ ɔtemmufo no—ɛne oduruyɛfo a ɔrepɛ tumi krataa no mpo.
23 Sɛ wɔka kyerɛ atemmufo sɛ wɔmfa tumi krataa a efi asɛnnibea mma ntɛm so a, mpɛn pii no, ɛyɛ a na wonsusuw mogya mu asiane pii a nea ɛka ho ne AIDS, mmerɛbo mu yare, ne asiane foforo pii no ho, anaasɛ wɔnkae wɔn. Wubetumi ada eyinom adi akyerɛ ɔtemmufo no, na wubetumi ama wahu nso sɛ, sɛ Kristoni ɔwofo no, wubu onipa foforo mogya a wɔde bedi dwuma de abɔ mmɔden sɛ wɔde bɛma nkwa atra hɔ no sɛ Onyankopɔn mmara so bu a anibere wom, na wubebu mogya a wɔbɛhyɛ wo ba de ama no no sɛ ɛte sɛ mmonnaato. Wo ne wo ba no (sɛ wanyin sɛnea ɛsɛ a obetumi anya n’ankasa gyidi horow a) betumi akyerɛkyerɛ mu sɛ mukyi nipadua a wɔhyɛ no saa no, na mubetumi asrɛ ɔtemmufo no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔde tumi krataa no ma, na mmom ɔmma mo kwan mma monhwehwɛ ayaresa foforo mma mo ba no.
24 Sɛ mode anoyi a ɛfata ma a, atemmufo tumi hu gyinabea foforo no yiye—mo de no—sɛ́ awofo. Sɛ ɛba saa a, wɔremma kwan ntɛm ara sɛ wɔmfa mogya mma. Wɔ tebea ahorow bi mu no, atemmufo to ahofadi a oduruyɛfo wɔ sɛ ɔde mogya di dwuma no ano hye kɛse, na wɔka mpo sɛ wonni kan nsusuw nnuru foforo a wobetumi de asi ananmu ho, anaasɛ wɔma awofo kwan sɛ wɔnhwehwɛ nnuruyɛfo a wɔbɛsa yare no a wɔmfa mogya nni dwuma.
25 Sɛ mo ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔma mo ba mogya ɔhyɛ so no redi nsɛm a, ɛho nhia sɛ moyɛ biribi a ɛbɛkyerɛ sɛ muhinhim wɔ mo gyidi mu. Ɛtɔ mmere bi a, atemmufo (ne nnuruyɛfo) bisa sɛ ebia ɛbɛhaw awofo sɛ wɔde gyinae a wobesi sɛ wɔbɛma mogya no ho asɛyɛde “bɛto” wɔn so, a wɔte nka sɛ eyi bɛma ayɛ mmerɛw kɛse ama awofo no sɛ wɔde ahonim pa bɛtra ase. Nanso, sɛ́ awofo no, ɛsɛ sɛ moma wɔn a wɔn ho wɔ asɛm no mu nyinaa hu pefee sɛ, mote nka sɛ ɛyɛ mo asɛyɛde sɛ mokɔ so yɛ nea mubetumi biara de kwati mogya a wɔde bɛma no. Eyi yɛ asɛyɛde a Onyankopɔn de ama mo. Morentumi mfa mma obi foforo.
26 Enti, sɛ mo ne nnuruyɛfo ne atemmufo rekasa a, ehia sɛ musiesie mo ho sɛ mobɛda mo gyinabea adi pefee wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔagye atom so. Monnhwɛ kwan sɛ mpanyimfo no anaa HLC no bɛyɛ eyi ama mo, ɛwom sɛ, wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobegyina mo akyi wɔ gyinae a mubefi mo pɛ mu asi no ho de. Sɛ asɛnnibea de tumi krataa ma wɔ mmɔden biara a mobɔe nyinaa akyi a, monkɔ so nsrɛ oduruyɛfo no sɛ ɔmmma no mogya, na monhyɛ no nkuran sɛ ɔmfa aduru foforo nsa yare no. Monkɔ so sɛ mobɛma wanya ɔpɛ asusuw aduyɛ ho nsɛm ne nnuruyɛfo biara a wɔpene so sɛ mubetumi abehu wɔn wɔ yare no ho no afotu ho, na ama moakwati mogya. Mpɛn pii na oduruyɛfo a ɛda adi sɛ na ɔmpene so no fi oprehyɛn dan mu de anigye abɛka sɛ wamfa mogya anni dwuma. Enti, sɛ asɛnnibea de tumi krataa ma mpo a, mommpa abaw da!—Ɔwɛn-Aban, June 15, 1991, [Vol. 112, No. 12] “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ.”
27 Kae sɛ Yesu kae sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye nnipa ho; na wobeyi mo ama mpanyimfo gua . . . Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahene anim na adi adanse akyerɛ wɔne amanaman.” Nea ɛbɛyɛ na yɛanya awerɛkyekye wɔ tebea horow a ɛte saa mu no, Yesu de kaa ho sɛ, honhom kronkron no bɛboa yɛn ma yɛakae nea ɛbɛfata na mfaso wɔ so sɛ yɛka wɔ mmere a ɛte saa mu.—Mat. 10:16-20.
28 “Nea odwen asɛm so no hu papa, na nhyira ne nea ɔde ne ho to [Yehowa, NW] so.” (Mmeb. 16:20) Awofo, munni kan nyɛ ahosiesie a ehia mfa mmɔ mo ba ho ban na wɔamma no mogya amfa angu ne ho fĩ wɔ honhom fam. (Mmeb. 22:3) Mmofra, munnye ntetee a mo awofo de ma mo na mode ayɛ ahosiesie yi ntom, na momfa nsie mo koma mu. Sɛ́ abusua no, ‘munsi gyinae pintinn sɛ morenni mogya, na asi mo yiye,’ esiane sɛ mowɔ Yehowa nhyira ne n’anim dom nti.—Deut. 12:23-25.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛyɛ bere a oduruyɛfo no adwene yɛ no sɛ tebea bi gye ntɛmpɛ, na ehia sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm so nkutoo na mmara ma kwan sɛ wobetumi de ayaresa a wobu no sɛ ehia ma wɔakora abofra no nkwa anaa n’akwahosan so ama (a mogya a wɔde ma ka ho) a ɛrenhia sɛ awofo anaa asɛnnibea bi pene so ansa. Nokwarem no, sɛ oduruyɛfo bi de ne ho to nneɛma a egye ntɛmpɛ ho tumi a mmara de ama no no so a, ɛho asodi da ne so.