March Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase March 2
Dwom 3
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
15 min: “Monyɛ Eyi Mfa Nyɛ Me Nkae.” Ɔkasa a ɔpanyin ma. Ka Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 80-1 mu asɛm tiawa, na si hia a ɛho hia sɛ yɛkɔ Nkaedi no so dua.
22 min: “Ma Afoforo Nnya Daa Nkwa Ho Anidaso.” Atiefo nkɔmmɔbɔ a wɔde susuw asɛm no ho. Kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi de nsɛmmisa adi dwuma yiye de atoa nkɔmmɔbɔ so mu tiawa. Ma nsɛmmisa a wɔde hwehwɛ mmuae a ɛteɛ ne nea wɔde hu obi adwene nyinaa ho nhwɛso ahorow a wobetumi de adi dwuma wɔ asɛm a wɔka kyerɛ mu. (Hwɛ School Guidebook, nkratafa 51-2, nkyekyem 10-12.) Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata nyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ wɔ nsrahwɛ a edi kan mu a wɔahyɛ ho nyansa no biako ho ɔyɛkyerɛ, na ɔnyɛ sankɔhwɛ nka ho, mfa nkyerɛ sɛnea wofi Bible adesua ase.
Dwom 88 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 9
Dwom 60
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
15 min: Asɛmmisa Afã. Nsɛmmisa ne mmuae. Ɔpanyin ka Yɛn Som Adwuma nhoma no kratafa 31, nkyekyem 1 ne 2 mu nsɛm.
22 min: “So Yɛbɛyɛ Bio?” (Nkyekyem 1-11) Nsɛmmisa ne mmuae. Ka ɔsa titiriw a wotui sɛ yɛnyɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ afe a etwaam no Nkaedi bere mu no mu nsɛntitiriw, sɛnea wɔabɔ ho amanneɛ wɔ 1998 Yearbook mu no. Kyerɛ anuanom dodow a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ mo hɔ saa bere no. Munsusuw mfaso horow a yenyaa no ntɛm sɛ ankorankoro wɔ akwampae adwuma no mu ho, na kyerɛ sɛnea mmɔden kɛse a yɛbɔ yi ma asafo no nya nkɔso. Kyerɛ asɛnka adwuma ho nhyehyɛe a wɔayɛ wɔ mo hɔ ama April ne May a wɔde reboa pii ma wɔayɛ akwampae adwuma no. Adawurubɔfo betumi agye akwammisa nkrataa no bi wɔ nhyiam yi akyi.
Dwom 195 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 16
Dwom 43
8 min: To nsa frɛ anigyefo nyinaa ma wommetie baguam kasa titiriw a wɔbɛma no March 29 no. Ɔkasa no asɛmti ne “Nea Enti a Wubetumi De Wo Ho Ato Bible no So.”
15 min: Nhomawa foforo, Amansan Nhoma, no mu nsɛntitiriw. Atiefo nkɔmmɔbɔ wɔ nea enti a ɛfata sɛ yesusuw Bible no ho ho. Wɔkyerɛw nhomawa yi maa nnipa a ebia wonim nhoma yiye nanso wonnim Bible ho hwee no. Sɛ anka yɛbɛbɔ mmɔden ma wɔagye atom sɛ Bible fi Onyankopɔn home mu no, nhomawa no da nokwasɛm ahorow adi. Ɛsɛ sɛ yɛkenkan na yɛka mu asɛm kyerɛ afoforo, a wɔn a yɛne wɔn sua ade ka ho.
22 min: “So Yɛbɛyɛ Bio?” (Nkyekyem 12-19) Nsɛmmisa ne mmuae. Ka ahwehwɛde ahorow a wɔakyerɛ wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 113-14 no ho asɛm. Kyerɛkyerɛ sɛnea akwampaefo aboafo adwuma no siesie obi ma otumi yɛ daa akwampae adwuma no mu. To nsa frɛ wɔn a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo wɔ Nkaedi bere a etwaam no bi na wɔnka sɛnea wɔyɛɛ wɔn bere nhyehyɛe ma wotumi nyaa nnɔnhwerew 60 a na wɔrehwehwɛ no. Bere nhyehyɛe ho nhwɛso a ɛwɔ krataa a ɛhyem no akyi no mu nea ɛwɔ he na na eye ma wɔn sen biara? Ka osuahu ahorow a ɛwɔ 1987 Yearbook, nkratafa 48-9, 245-6 no kyerɛ sɛnea bere bɛma kwan. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wonnye akwammisa nkrataa no bi wɔ nhyiam yi akyi.
Dwom 224 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 23
Dwom 94
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Hyɛ obiara nkuran na omfi ase nto nsa mfrɛ anigyefo ma wɔmmra Nkaedi no April 11. Fa krataa a wɔde to nsa frɛ no biako kyerɛ, na hyɛ obiara nkuran ma onnye bi na omfi ase nkyekyɛ dapɛn yi. Bobɔ wɔn a wɔreyɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no nyinaa din. Kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnkaa akyi dodo sɛ obi de n’akwammisa krataa bɛma. Bobɔ asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe a wɔayɛ ama April nyinaa so.
20 min: Siesie Wɔn a Wɔyɛ Foforo Ma Asɛnka Adwuma. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔne afoforo resua Nimdeɛ nhoma no susuw sie a wobesiesie osuani no ma wanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa no ho. Ka nsɛm a wɔada no adi wɔ Nimdeɛ nhoma no nkratafa 105-6, nkyekyem 14, ne kratafa 179, nkyekyem 20 no ho asɛm. Ka ɔkwan a wɔn a wɔyɛ foforo no fa so bɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu a wɔaka ho asɛm wɔ November 15, 1988, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 16-17, nkyekyem 7-10 no ho asɛm. Munsusuw nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som mu a yɛde boa adawurubɔfo foforo a wɔmmɔɔ wɔn asu ma wofi asɛnka ase no nkyekyem 19 no ho.
15 min: Nya 1998 Yearbook no mu Mfaso Kosi Ase. Agya bi ne n’abusua bɔ nkratafa 3-6, 31 a ɛka teokrase nnwuma a wɔyɛe wɔ wiase nyinaa wɔ afe a etwaam no mu ho nkɔmmɔ. Munsusuw mfaso horow a abusua no nya wɔ daa asɛm no akenkan ne emu nkɔmmɔbɔ ne Yearbook no afã bi a wɔbom kenkan wɔ adidi mmere mu, ne wɔn bo a wosi sɛ wɔbɛyɛ saa afe mũ no nyinaa ho.
Dwom 47 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 30
Dwom 29
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae obiara ma ɔmfa ne March asɛnka adwuma ho akontaabu mma. Fa nsɛmma nhoma a aba foforo kyerɛ, na kyerɛ emu nsɛm a wobɛka ho asɛm bere a worema wɔakra nsɛmma nhoma no, na ka emu nsɛntitiriw pɔtee bi ho asɛm. Ka “Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow” ho asɛm, na bobɔ Nkaedi ho nhyehyɛe ahorow a moayɛ so. Ɛsɛ sɛ obiara yɛ nhyehyɛe a etwa to a ɔde boa ne Bible asuafo ne anigyefo foforo ma wɔaba bi no. Kae obiara ma ɔnhwɛ nni Nkaedi Bible akenkan nhyehyɛe ma April 6-11, sɛnea wɔahyehyɛ wɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa mu no akyi.
13 min: “Mmofra—Mone Yɛn Anigye!” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka osuahu a ɛwɔ August 1, 1987, Engiresi Ɔwɛn-Aban no kratafa 25 no.
20 min: Akwan a Wobɛfa So Ako Atia Honhom Fam Ɔbrɛ. Mpanyimfo baanu susuw nsɛm a ɛwɔ August 1, 1986, Ɔwɛn-Aban, kratafa 19 ho. Wɔ “Ɔbrɛ Ho Nsɛnkyerɛnne” no mu biara ho no, fi Kyerɛwnsɛm mu kyerɛkyerɛ sɛnea obi betumi anya “Nea Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛagyina” a ɛfa ho no so mfaso mu. Afei bisabisa adawurubɔfo baanu nsɛm ma wɔnka sɛnea nsɛm a ɛte saa a wɔde dii dwuma no aboa wɔn ma wɔakura wɔn honhom fam ahoɔden mu ho asɛm.
Dwom 140 ne mpaebɔ a wɔde wie.