Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/98 kr. 1
  • Mmofra—Mone Yɛn Anigye!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra—Mone Yɛn Anigye!
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nya W’ankasa Botae Horow Ma Ɔsom Afe Foforo No
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Mmofra—Dɛn Ne Mo Honhom Fam Botae Ahorow?
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Mmofra—Mompere Nnu Botae Ahorow a Ɛfata Ho
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 3/98 kr. 1

Mmofra—Mone Yɛn Anigye!

1 Mmarimaa ne mmeawa, so munim Yehowa ahyɛde a ese momfa mo ho nhyɛ asafo no mu nnwuma mu no? (Deut. 31:12; Dw. 127:3) Ɛyɛ anigye sɛ moka yɛn ho na yɛne mo bom som Yehowa! Sɛ motra ase komm wɔ asafo nhyiam horow ase na moyɛ aso tie a, moma yɛn koma ani gye. Sɛ mode mo ankasa nsɛm ma mmuae a, ɛma yɛn ani gye kɛse. Sɛ moyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu mu dwumadi, ne yɛn kɔ asɛnka anigye so, na yɛte sɛ mode akokoduru di mo mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo adanse a, asafo no nyinaa ani gye.—Dw. 148:12, 13.

2 Yɛpɛ sɛ muhu sɛ sɛ yehu mo suban pa, mo ahosiesie a ɛho tew, mo abrabɔ pa, ne obu a mowɔ ma mpanyin no a, yɛn ani gye mo ho. Yɛn anigye no yɛ kɛse titiriw bere a moda no adi sɛ ‘morekae mo Bɔfo Kɛse’ no, denam teokrase botae ahorow a mode sisi mo anim no so.—Ɔsɛnk. 12:1; Dw. 110:3.

3 Monka Mo Botae Ahorow Nkyerɛ Yɛn: Abarimaa bi a wadi mfe awotwe ka kyerɛɛ ɔmantam sohwɛfo bi sɛ: ‘Nea edi kan no, mepɛ sɛ mebɔ asu, na afei meboa wɔ asafo no mu wɔ akasamu afiri ho, gye ahɔho, hwɛ nhoma so, kenkan wɔ nhoma adesua ne Ɔwɛn-Aban Adesua ase. Afei mepɛ sɛ meyɛ asafo mu ɔsomfo na akyiri yi mebɛyɛ ɔpanyin. Mepɛ sɛ meyɛ ɔkwampaefo nso na mekɔ akwampaefo sukuu. Afei mepɛ sɛ mekɔ Betel, meyɛ ɔmansin anaa ɔmantam sohwɛfo.’ Anisɔ kɛse bɛn ara na ɔdaa no adi wɔ hokwan a wonya de som Onyankopɔn ho sɛɛ yi!

4 Yɛn ani gye sɛ mubedu mo botae ahorow ho bere a munyin wɔ honam ne honhom fam no. (Fa toto Luka 2:52 ho.) Afe biara, mo mu mpempem pii bɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu, na afei wɔfata ma asubɔ sɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so. Yɛn anigye yɛ kɛse bere a yɛsan hu mo sɛ moyɛ akwampaefo aboafo na mode mo ho hyɛ bere nyinaa som adwuma mu mpo no. Nokwarem no, mmofra, mo ne yɛn anigye ne ayeyi a ɛnsɛ ma yɛn soro Agya. Yehowa nhyira mo pii!—Mmeb. 23:24, 25.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena