Wotumi Hu sɛ Yɛyɛ Soronko
1 Afe a etwaam no, nnipa foforo bɛboro 300,000 na wɔbɔɔ wɔn asu bɛkaa yɛn ho. Dɛn na saafo yi ahu wɔ Yehowa Adansefo ho nti a ɛma wonyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛba Onyankopɔn ahyehyɛde no mu? Dɛn nti na yɛda nsow koraa wɔ ɔsom afoforo a aka nyinaa ho? Ɛho mmuae ahorow bi ni:
—Yɛde yɛn ho to Bible no so mmom sen nnipa nsusuwii: Yɛsom Yehowa Nyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu,” sɛnea Yesu Kristo kae sɛ yɛnyɛ no. Na eyi hwehwɛ sɛ yɛpo ɔsom mu atosɛm ahorow, na yɛde Onyankopɔn Asɛm yɛ adwuma.—Yoh. 4:23, 24; 2 Tim. 3:15-17.
—Sɛ́ anka yɛbɛtwɛn ma afoforo aba yɛn nkyɛn no yɛkɔ wɔn nkyɛn mmom: Yɛagye Kristo ahyɛde a ese yɛnka asɛmpa na yɛnkyerɛkyerɛ no atom, na yedi ne nhwɛso wɔ sɛnea ɔhwehwɛ nnipa komapafo ho no akyi. Yɛhwehwɛ nkurɔfo wɔ wɔn afie mu, mmɔnten so, ne baabiara a yɛn nsa bɛka wɔn.—Mat. 9:35; 10:11; 28:19, 20; Aso. 10:42.
—Yɛkyerɛkyerɛ obiara Bible no a yennye hwee: Yɛde yɛn ahode ne yɛn ahoɔden ma, de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem bɔ afɔre afe biara wɔ Onyankopɔn som mu. Yɛne nnipa nyinaa sua Bible no a yɛnyɛ nyiyim.—Mat. 10:8; Aso. 10:34, 35; Adi. 22:17.
—Wɔatete yɛn yiye sɛ yɛmmoa afoforo wɔ honhom mu: Ɛdenam Bible no a yɛn ankasa sua, ne akwankyerɛ a yenya wɔ asafo nhyiam ahorow, nhyiam nketewa ne akɛse ase so no, yenya teokrase ntetee a ɛsom bo a ɛboa yɛn ma yɛkyerɛkyerɛ afoforo ma wonya honhom fam nneɛma ho nimdeɛ.—Yes. 54:13; 2 Tim. 2:15; 1 Pet. 3:15.
—Yɛfa nokware no aniberesɛm, de di dwuma wɔ yɛn da biara da asetra mu: Esiane sɛ yɛdɔ Onyankopɔn nti, yɛyɛ nsakrae ma yɛn asetra ne n’apɛde hyia. Yɛn su foforo a ɛte sɛ Kristo de no twetwe afoforo ba nokware no mu.—Kol. 3:9, 10; Yak. 1:22, 25; 1 Yoh. 5:3.
—Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne afoforo bɛtra na yɛayɛ adwuma wɔ asomdwoe mu: Onyankopɔn su ahorow a yebenya no boa yɛn ma yɛhwɛ yɛn nneyɛe ne yɛn kasa yiye. ‘Yɛhwehwɛ asomdwoe na yedi akyiri’ wɔ yɛne nnipa nyinaa ntam.—1 Pet. 3:10, 11; Efe. 4:1-3.
2 Kristofo asetra ho nhwɛso a nkurɔfo hu wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no kanyan nnipa bebree ma wogye nokware no. Ɛmmra sɛ yɛn ankasa nhwɛso benya nkɛntɛnso koro no ara wɔ wɔn a wonim yɛn na wohu yɛn no so.