Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/98 kr. 2
  • December Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • December Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase December 7
  • Dapɛn a Efi Ase December 14
  • Dapɛn a Efi Ase December 21
  • Dapɛn a Efi Ase December 28
Yɛn Ahenni Som—1998
km 12/98 kr. 2

December Ɔsom Nhyiam Horow

MONHYƐ NO NSOW: Wɔayɛ nsiesiei na yɛde simma 25 atĩ ɔmantam nhyiam dwumadi no mu nsɛntitiriw mu wɔ dapɛn a efi ase December 28 no Ɔsom Nhyiam ase. Asafo ahorow a wɔbɛkɔ wɔn nhyiam saa dapɛn no mu anaa ɛno akyi no betumi ayɛ nsakrae ayɛ ntĩmu a ɛte saa dapɛn a edi hɔ no. Ɛsɛ sɛ wodi kan de da biara da mu nsɛntitiriw no ntĩmu a wɔasiesie no yiye no ho dwumadi ma anuanom mmarima baanu anaa baasa. Ɛsɛ sɛ osuahu ahorow a atiefo bɛka no yɛ ntiantiaa na ɛfa asɛm no ho tẽẽ.

Dapɛn a Efi Ase December 7

Dwom 186

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Afei nso, “Yenya Boroo Mpem Aduosia Botae no So!” Ka ɔman no ne mo asafo no August asɛnka adwuma ho akontaabu ho asɛm. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛnka adwuma mu daa na wɔmfa wɔn akontaabu mmra ntɛm ɔsram biara awiei.

15 min: “Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ Nkurɔfo Nkyɛn Mpɛn Pii.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka Hesekiel 3:17-19 ho asɛm tiawa, na si asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbɛkɔ so de kɔkɔbɔ no ama no so dua.

20 min: “New World Translation a Yɛde Bɛma.” Onuabarima bi ne adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔfata susuw asɛm no ho. Fa “All Scripture” nhoma no nkratafa 327-31 no mu nsɛntitiriw kakra ka ho. Ma wɔnyɛ ɔkwan a yebetumi afa so de nhoma a yɛde bɛma wɔ December mu ama no ho ɔyɛkyerɛ, na wɔnkyerɛ sɛnea yebetumi aka Bible adesua nhyehyɛe ho asɛm.

Dwom 176 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 14

Dwom 206

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Fa sɛnea yebegye wiase nnapɔnna nkyia so anifere kwan so ho nyansahyɛ ahorow ma. Sɛ mo asafo no wɔ Onipa a Ɔsen Biara anaa Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse nhoma no bi a, kyerɛ sɛnea mubetumi de adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ asɛnka mu wɔ Buronya nnapɔnna no mu. Ka asɛnka nhyehyɛe titiriw a moayɛ ama December 25 ne January 1 no ho asɛm.

15 min: “Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔwɛn-Aban Adesua Sohwɛfo.” Ɔkasa a Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo ma. Ɔkyerɛkyerɛ n’asɛyɛde ahorow ne sɛnea atiefo a wɔwɔ hɔ nyinaa betumi aboa ama adesua no ayɛ anigye, nea aba wom, na ɛhyɛ den wɔ honhom fam no mu.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma no, kratafa 67.

20 min: “Wotumi Hu sɛ Yɛyɛ Soronko.” Nsɛmmisa ne mmuae. Munsusuw su biara a ɛma yɛyɛ soronko no ho tiawa. Kyerɛ sɛnea yebetumi de saa asɛm yi adi dwuma akyerɛ anigyefo kwan aba ahyehyɛde no mu na yɛakyerɛ wɔn sɛnea nokware no ma wɔn a wɔde tra ase no nya Kristofo su ahorow no.

Dwom 146 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 21

Dwom 163

8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sɛ mo asafo no bɛsesa bere a mode yɛ asafo nhyiam afe foforo no a, fi ayamye mu hyɛ wɔn nyinaa nkuran, na boa wɔn ma wonni bere foforo a asafo no ahyɛ no so daa. Kae adawurubɔfo ma wɔnka nsakrae biara ho asɛm nkyerɛ Bible asuafo ne anigyefo foforo. Hyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran ma wɔmfa Yɛn Ahenni Som no nsie, titiriw nkrataa a ɛhyehyem no. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛtwe adwene asi emu nsɛm bi so akyiri yi.

12 min: Asɛmmisa Afã. Nsɛmmisa ne mmuae. Kyerɛkyerɛ sɛnea wɔkyekyɛ Yɛn Ahenni Som mo asafo no mu mu.

25 min: “Ma W’asetra Nnyina Yehowa Som So.” Nsɛmmisa ne mmuae. Bisabisa ɔhokwafo ne abusua ti a wɔatumi ayɛ nhyehyɛe pɔtee a wodi so daa ama asɛnka dapɛn biara no nsɛm. Ma wɔnka nhyehyɛe ko a ehia sɛ ankorankoro yɛ na ama wɔde adwene asi honhom fam nneɛma so no nkyerɛ.

Dwom 119 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 28

Dwom 178

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae wɔn nyinaa ma wɔmfa wɔn December asɛnka akontaabu mmra. Fa nhoma dedaw a wotintimii ansa na 1985 reba a mo asafo no wɔ bi kyerɛ sɛ nhoma a yɛde bɛma January. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wonkogye nea wɔde bɛma dapɛn yi awiei.

10 min: “Nya 1999 Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi no Mu Mfaso.” Ɔkasa a Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo ma. Ma adawurubɔfo bi nka mfaso a wɔanya afi “Bible Akenkan Nhyehyɛe a Ɛka Ho” a wɔkenkan no dapɛn biara no mu nkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnkenkan Onyankopɔn Asɛm daa.

25 min: Ɔmantam nhyiam dwumadi no mu nsɛntitiriw mu ntĩmu.

Dwom 195 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena