Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/98 kr. 8
  • New World Translation a Yɛde Bɛma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • New World Translation a Yɛde Bɛma
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa Ɔpepem Pii Akyerɛ New World Translation Ho Anigye Wɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Wɔn a Wɔn Ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Adu Botae Titiriw Bi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Wobɛyɛ Dɛn Apaw Bible Nkyerɛase A Eye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • “New World Translation” No​—Ɛda Nhomanim ne Nokwaredi Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 12/98 kr. 8

New World Translation a Yɛde Bɛma

1 “Mfaso wɔ so sɛ obi benya New World [Translation] no bi. Emu yɛ anigye, na ɛka nsɛm turodoo ma ɔkenkanfo no susuw nsɛm ho na osua ade. Ɛnyɛ Akasatiafo a wɔkasa tia nkyerɛase afoforo na wɔyɛe, na mmom nhomanimfo a wɔwɔ obu ma Onyankopɔn ne N’asɛm.” Saa na Hebri ne Hela sɛnkyerɛwfo bi a wagye din kae. Yegye tom. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa afoforo ma wɔanya New World Translation ho anisɔ a ɛte saa, bere a yɛde reka Nimdeɛ nhoma ho ama December mu no?

2 Ebia nnipa bi bɛka sɛ, “Mewɔ Bible no bi dedaw. Minhia foforo.” Yɛn asɛyɛde ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔahu sɛ New World Translation nyɛ Bible foforo bi kɛkɛ. Ɛyɛ nkyerɛase ankasa a ɛwɔ nnɛ mmere mu kasa mu a ɛda mfitiase nkyerɛwee no mu nsɛm adi pɛpɛɛpɛ. Ade biako a yebetumi de akyerɛ sɛ ɛkorɔn ne nsɛmfua te sɛ “shambles [namgua]” (King James Version) ne “meat market [namgua]” (New World Translation) a yɛde bɛtoto ho wɔ 1 Korintofo 10:25.

3 Nanso, nnipa pii nkenkan Bible no na ama wɔate da biara asetra ho nnyinasosɛm a ɛwom no ase. Ɛsɛ sɛ wohu sɛ Onyankopɔn Asɛm betumi anya wɔn asetra so nkɛntɛnso pa, ɛne sɛ emu afotu a ɛfa nokwaredi, ɔbra pa, ne abusua asetra ho akyi a wobedi betumi aboa wɔn ma wɔagyina nnɛyi nsɛnnennen ano. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?

4 Asɛm a Wɔka Kyerɛ a Wɔahyɛ Ho Nyansa: “So wugye tom sɛ bere a abrabɔ ho gyinapɛn ahorow resesa ntɛmntɛm nnɛ, na yɛn adwenem yɛ yɛn nãã wɔ yɛn daakye ho no, yehia akwankyerɛ a yebetumi de yɛn ho ato so wɔ asetra mu? [Twɛn ma ommua.] Ɛwom sɛ Bible ne nhoma a akyɛ sen biara de, nanso ɛma yenya nnɛyi asetra ne abusua asetra a anigye wom ho afotu a mfaso wɔ so.” Afei dan kɔ Nimdeɛ nhoma no ti 2, na kenkan nkyekyem 10 ne kasamu a edi kan wɔ nkyekyem 11 no, na fa 2 Timoteo 3:16, 17 ka ho. Sɛ wuwie a, fa Nimdeɛ nhoma no ne New World Translation no ma no, na kyerɛkyerɛ ofie Bible adesua a wontua hwee no ho nhyehyɛe mu kyerɛ no. Sɛ wote nka sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wode Ahwehwɛde nhomawa no fi adesua no ase a, wubetumi ayɛ no saa. Wubenya nnianim nsɛm foforo a ɛfata wɔ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So no nkratafa 2 kosi 7.

5 Momma yɛnna anisɔ a yɛwɔ ma New World Translation a ɛkorɔn no adi. Yebetumi ayɛ eyi denam mmɔden a yɛbɛbɔ de ama wɔ December mu no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena