Sɛnea Abusuafo De Biakoyɛ Nya Kyɛfa Kosi Ase—Wɔ Asafo Nhyiam Ahorow Mu
1 Ɛsɛ sɛ Kristofo mmusua tie ahyɛde a ɛne sɛ wonhyiam wɔ asafo nhyiam ahorow ase no. (Heb. 10:24, 25) Sɛ yɛyɛ biako ampa a, yɛn nyinaa betumi asiesie yɛn ho, na yɛakɔ nhyiam ahorow anya mu kyɛfa. Ɛsono sɛnea abusua biara nsɛm tebea te, nanso nneɛma bi wɔ hɔ a Kristoni okunu, ɔyere gyidini, anaa ɔwofo a onni hokafo betumi ayɛ ama abusua no de biakoyɛ anya honhom fam nkɔso, ɛmfa ho mmofra dodow a ɛwɔ fie hɔ anaa mfe dodow a wɔadi.—Mmeb. 1:8.
2 Munnye Bere Nsiesie Mo Ho: Abusua mufo yɛ biako de hwɛ sɛ obiara asiesie ne ho yiye ama asafo nhyiam ahorow no. Mmusua pii bom sua dapɛn Ɔwɛn-Aban Adesua no. Ebinom siesie wɔn ho ma Asafo Nhoma Adesua anaa wɔkenkan dapɛn no Bible akenkan no sɛ abusua. Botae a ɛwɔ akyi ara ne sɛ yebenya adesua no mu nsɛntitiriw wɔ yɛn adwenem ansa na yɛakɔ nhyiam ahorow no. Saa kwan no so no, obiara benya nea ɔbɛte no mu mfaso kɛse na ɛbɛma wasiesie ne ho anya mu kyɛfa bere a hokwan no bue no.—1 Tim. 4:15.
3 Yɛ Nhyehyɛe sɛ Wubenya mu Kyɛfa: Ɛsɛ sɛ ɛyɛ abusua no muni biara botae sɛ ɔnam mmuae a ɔbɛma wɔ nhyiam ahorow ase no so bɛda n’anidaso adi akyerɛ afoforo. (Heb. 10:23) So abusua muni bi hia mmoa anaa nkuranhyɛ na ama wayɛ eyi? Mmoa bɛn na obiara hia na ɔde asiesie ne ho ama Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi no? Sɛ okununom kyerɛ anigye na ebia wɔde mfatoho bi a ɛfata ho nyansahyɛ ma anaa wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ sɛnea wɔbɛyɛ dwumadi no ho a, ɔyerenom ani gye ho. Ɛnsɛ sɛ awofo te nka sɛ wɔn na ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn mma nkumaa dwumadi ma wɔn. Saa a wɔbɛyɛ no remma abofra no ntumi mfa n’ankasa adwene nyɛ ade. Nanso awofo betumi aboa wɔn mma nkumaa na wɔatie wɔn bere a wɔyɛ wɔn dwumadi kyerɛ wɔn no.—Efe. 6:4.
4 Monyɛ Ahoboa Nkɔ: Wobetumi akyerɛ mmofra ma wɔasua sɛnea wobesiesie wɔn ho ayɛ ahoboa ama nhyiam wɔ bere ano fi mmofraase pɛɛ. Ɛsɛ sɛ abusua mufo de biakoyɛ yɛ ofie nnwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensɛe bere.—Hwɛ nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ Abusua mu Anigye nhoma no, kratafa 112, ne Young People Ask nhoma no nkratafa 316-17.
5 Awofo ne mmofra nyinaa betumi asusuw Yosua a ɔtraa ase tete no nsɛm a ɔkae yi ho: “Me ne me fi de, yɛbɛsom [Yehowa, NW].” Ɛnde fa yɛ wo botae sɛ wobɛboa ma moanya asafo nhyiam horow mu kyɛfa akosi ase.—Yos. 24:15.