Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/99 kr. 4
  • Asafo mu Asomfo De Ɔsom a Mfaso Wɔ So Ma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asafo mu Asomfo De Ɔsom a Mfaso Wɔ So Ma
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwuma a Asafo Mu Asomfo Yɛ No Som Bo Paa
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Asafo Mu Asomfo​—Nhyira ma Yehowa Nkurɔfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Asafo Mu Asomfo Munkura Gyinabea Pa Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Adwuma Bɛn na Asafo mu Asomfo Yɛ?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 3/99 kr. 4

Asafo mu Asomfo De Ɔsom a Mfaso Wɔ So Ma

1 “Wɔda wɔn ho adi sɛ nnipa a wɔahyira wɔn ho so ampa a wɔn gyidi ada adi nnamyɛ mu wɔ Ahenni adwuma no mu ne wɔ afoforo a wɔboa wɔn ma wɔbɛyɛ den wɔ gyidi no mu mu.” Saa na Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma no ka asafo mu asomfo ho asɛm wɔ nkratafa 56-7. Nokwarem no, ɛfata sɛ yesuasua honhom fam nhwɛso a yɛn asafo mu asomfo yɛ no. Yɛ a yɛne wɔn ne mpanyimfo no bɛyɛ adwuma abom no na “ɛma nipadua no nyin na ɛyɛn ne ho ɔdɔ mu.”—Efe. 4:16.

2 Asafo mu asomfo yɛ adwuma a ɛho hia wɔ asafo no mu. Susuw wɔn nnwuma a mfaso wɔ so no ho hwɛ! Wɔhwɛ sikasɛm so, nhoma, nsɛmma nhoma, nsɛmma nhoma kra, ne asasesin ahorow so; wogye ahɔho; wɔhwɛ afiri a wɔde kasa so; na wɔboa ma wosiesie Ahenni Asa so. Wonya dwumadi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no ne Ɔsom Nhyiam mu. Wɔn mu binom mpo tumi ma baguam ɔkasa ahorow anaa wɔhwɛ asafo nhyiam horow no bi so. Te sɛ nipadua nkwaa no, asafo mu asomfo yɛ nnwuma a ehia ma yɛn.—1 Kor. 12:12-26.

3 Sɛ afoforo hu sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo de biakoyɛ reyɛ adwuma sɛ asomfokuw biako na wɔda obu ne ntease adi ma wɔn ho wɔn ho a, ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔyɛ saa ara. (Kol. 2:19) Ɛdenam wɔn asɛyɛde horow a wodi ho dwuma dapɛn biara ne afoforo ho anigye a wɔkyerɛ so no, wɔboa ma asafo no nya honhom fam nkɔso.

4 Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ asafo mu asomfo a wɔyɛ adwumaden no? Ɛsɛ sɛ yehu nnwuma a wɔde ahyehyɛ wɔn nsa no, na yɛyɛ krado sɛ yɛne wɔn bɛyɛ biako bere a wohia yɛn mmoa no. Yebetumi ama wɔahu sɛ yɛn ani sɔ wɔn adwuma no denam nsɛm a yɛka ne nneyɛe so. (Mmeb. 15:23) Wɔn a wɔyɛ adwumaden ma yɛn no fata obu a edi mu.—1 Tes. 5:12, 13.

5 Onyankopɔn Asɛm akyerɛ asafo mu asomfo nnwuma ne ahwehwɛde ahorow a ɛsɛ sɛ wodu ho. (1 Tim. 3:8-10, 12, 13) Ɔsom kronn a wɔde ma a mfaso wɔ so no ho hia ma asafo no dwumadi denneennen. Ɛfata sɛ yɛkɔ so hyɛ mmarima a wɔtete saa no nkuran bere a wɔyɛ ‘pii wɔ Awurade adwuma mu no.’—1 Kor. 15:58.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena