Yebetumi De Creator Nhoma no Ama Anaa?
Wɔ ɔmantam nhyiam a etwa to a yɛkɔe no ase no, yɛn nyinaa ani gyei sɛ yɛn nsa kaa Is There a Creator Who Cares About You? nhoma no. Wɔahyɛ da ayɛ ama wɔn a ɛmfa ho sɛ wɔwɔ wiase nimdeɛ no, wonnye Nyankopɔn nni. Nhoma yi di nnipa pii ahiade ho dwuma.
Sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma bɛkɔ yiye nti, nhoma a yɛde ma ɔsram biara no taa yɛ nea nnipa pii ani gye ho. So eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde Creator nhoma no ma? Dabida! Yebetumi de nhoma yi ama nnipa a wonnye Nyankopɔn nni a ɛso bɛba wɔn mfaso no wɔ afe mũ no nyinaa mu. Yebetumi nso de ama nnipa a wogye Nyankopɔn di nanso wonnim onii ko a ɔyɛ pɔtee anaa ne su ne n’atirimpɔw ahorow no. Enti yɛhyɛ wo nkuran sɛ fa bi hyɛ w’asɛnka bag mu na yɛ krado sɛ wode bɛma obiara a wususuw sɛ n’ani begye ho sɛ ɔbɛkenkan.