Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/84 kr. 1
  • Fa Nhoma Foforo No Boa Afoforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Nhoma Foforo No Boa Afoforo
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wode Nhoma Foforo No Redi Dwuma?
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Sɛnea Yɛde “Onyankopɔn Dɔ” Nhoma no Bɛyɛ Bible Adesua
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma No—Nhoma Titiriw a Yɛde Bɛyɛ Bible Adesua
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Sɛnea Wɔde Nimdeɛ Nhoma no Yɛ Asuafo
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 5/84 kr. 1

Fa Nhoma Foforo No Boa Afoforo

1 Yɛn nyinaa ani gyei December a etwaam no mu sɛ yɛn nsa kaa United in Worship of the Only True God nhoma foforo a woyii adi wɔ “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam horow no ase no. Asɛm a wɔaka wɔ nhoma no kratafa 2 ne sɛ: “Nnipa ɔpepem pii wɔ Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ no ho nimdeɛ. Nanso sɛ wobenya kyɛfa a wonya wɔ biakoyɛ a wɔde som nokware Nyankopɔn no mu anigye akosi ase a, ɛho hia sɛ wɔpere kɔ Kristofo onyin mu. Wɔasiesie nhoma yi ma aboa nnipa a wɔte sɛɛ nyinaa ma wɔanya Onyankopɔn Asɛm no mu ntease kɛse a emu dɔ na wɔde adi dwuma kɛse wɔ wɔn asetra mu.” Efi bere a yɛn nsa kaa nhoma yi, so yɛde bi ama obi a obetumi anya mu mfaso wɔ saa kwan no so?

2 Ɛbɛyɛ ayamye kɛse sɛ wode bi bɛma obiara a wo ne no reyɛ ofie Bible adesua. Sɛ ɛbɛyɛ nea ebinom nsiesiee wɔn ho sɛ wobesua nhoma a ɛto so abien wɔ asram dodow bi mu mpo a, ebia nhoma no a wɔwɔ no bɛkanyan wɔn. Ebia ɛbɛkanyan wɔn nso ma wɔakenkan nneɛma afoforo, na ɛno betumi ama wɔanyin ntɛm wɔ honhom mu. Wowɔ biribi a eye. Nnyae sɛ wo ne wɔn bɛkyɛ.​—Mmeb. 3:27.

3 Yɛhyɛ nyansa nso sɛ fa nhoma no biako bere a woreyɛ asɛnka adwuma no. Dɛn ntia? Efisɛ yɛde Wubetumi Atra Ase Daa ne Nokware nhoma no ɔpedudu pii amema anigyefo. Yɛne pii ayɛ ofie Bible adesua. Sɛ wɔkɔ so ara kyerɛ anigye bi a, fa nhoma foforo yi ma wɔn na afei kyerɛ sɛ wopɛ sɛ wo ne wɔn sua. Eyi yɛ nea ɛfata bere biara, a nhoma a yɛde rema wɔ ɔsram no mu mfa ho.

4 Sɛnea woahu no, ti horow a ɛwɔ nhoma foforo no mu no mu biara tenten yɛ nkratafa ason anaa awotwe pɛ. Ɛno yɛ nea eye ma Asafo Nhoma Adesua. Nanso ebia ɛbɛyɛ nea ɛdɔɔso dodo sen nea wubetumi adi ho dwuma ma atu mpɔn dɔnhwerew biako wɔ ofie Bible adesua mu. Sɛ wode nhoma yi reyɛ adesua a, ntu mmirika mfa nsɛm no so. Ma osuani no bere na n’ankasa mfa nhwehwɛ kyerɛw nsɛm no na onsusuw ho. Nkyekyem no bi wɔ hɔ a kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni hɔ pii wom; ne nyinaa som bo. Sɛ wɔde mmuae a ɛyɛ aniani de ma wɔ adesua nsemmisa no ho a, fa nsemmisa afoforo boa na twe adwene si nsɛm atitiriw a ebia ɛreyɛ ayera no so. Hwɛ sɛ osuani no te nea moresua no ase ankasa, ne bo a ɛsom ma n’ankasa no.

5 Ɛmmra sɛ nhoma fɛfɛ yi a yɛde di dwuma no bɛma nnipa pii ne yɛn abenya anigye ankasa a efi biakoyɛ a wɔde som Yehowa, nokware Nyankopɔn koro pɛ no mu ba no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena