So Wode Nhoma Foforo No Redi Dwuma?
1 Wɔ yɛn “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam no ase ɔsram a etwaam no, yɛn ani gyei sɛ yɛn nsa kaa nhoma foforo, United in Worship of the Only True God no. Emu a wohwɛ kakra ma ɛda adi sɛ wɔanyɛ nhoma yi amma wɔn a afei na wɔrefi ase, nnipa a wonni Bible no mu nimdeɛ pii anaa wonni bi koraa no. Wɔyɛ maa wɔn a wonim Bible mu nokware atitiriw no dedaw. Ebetumi aboa yɛn ma yɛanya Onyankopɔn Asɛm mu honhom mu aduan a ɛyɛ den no mu mfaso ankasa. Nhoma yi betumi aboa yɛn ma yɛn ntease wɔ Kyerɛwnsɛm no mu ayɛ kɛse na emu adɔ na yɛde adi dwuma kɛse wɔ yɛn asetra mu.—Heb. 5:13; 6:1.
2 So worenya mfaso horow a ɛte saa? ‘So worekenkan nhoma no? Bere a woyɛ saa no, gye bere hwɛ kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no na susuw sɛnea ɛfa nsɛm a ɛwɔ hɔ ne w’ankasa w’asetra ho no ho. Mmu w’ani ngu so. Worentumi mfa nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu no nni dwuma yiye gye sɛ wutumi susuw ho fi Bible no mu.
3 Afei so wode adesua nsemmisa a ɛwɔ nkyekyem ahorow no mu ne kratafa no ase no redi dwuma yiye? Sɛnea ebia woahu no, wɔasiesie nsemmisa no pii na ama woasusuw w’ankasa w’asetra ne sɛnea ɛsɛ sɛ nea woresua no ka wo no ho. Ampa, ɛrenkyɛ, yebesua nhoma yi wɔ Asafo Nhoma Adesua ase, nanso sɛ w’ankasa wusua mprempren a, ɛbɛma woanya mu mfaso kɛse bere a yɛbom sua akyiri yi no.
4 Wɔkae wɔ nhyiam no ase sɛ nhoma yi betumi ayɛ nea ɛsom bo wɔ mmofra a wɔboa wɔn ma wɔpere kɔ onyin mu no mu. Ɛwom sɛ ebia wonim nokware atitiriw no dedaw na wonya asɛnka adwuma mu kyɛfa kodu baabi de, nanso bere a wɔte nea enti a Yehowa hwehwɛ nneɛma bi fi yɛn hɔ no ase no, anigye a wɔwɔ no bɛyɛ kɛse na wɔn ani begye Bible afotu a wɔde di dwuma ho kɛse. United in Worship nhoma no betumi aboa wɔn. Ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔn ankasa de wɔn nsɛm ka nokware no ho asɛm, ɛma wosusuw kyerɛw nsɛm no ho na ɛma wohu sɛnea eyinom betumi aboa wɔn ma wɔasisi gyinae pa. Esiane sɛ ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ mmofra bɛma nokware no ayɛ wɔn ankasa de bere a obi ne wɔn sua ade nti, nyansa mu no, mo awofo a mowɔ mmofra a wɔrebɛn mpanyin afe so no na ɛsɛ sɛ moyɛ saa.—Fa toto Genesis 18:19 ho.
5 United in Worship of the Only True God ne nhoma a wɔkamfo kyerɛ afei sɛ wɔne anigyefo afoforo nsua bere a wɔasua Nokware nhoma anaa You Can Live Forever in Paradise on Earth awie no. Sɛ wo ne obi yɛ adesua a ɔrebefi nhoma a ɛto so abien ase na wowɔ nhoma foforo no bi a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubefi ase de adi dwuma ntɛm ara.
6 Momma yɛn nyinaa mfa adwinnade foforo yi nni dwuma yiye (1) mmoa mma yɛn ankasa ne yɛn mmusua nnya nkɔso honhom mu na (2) yɛmmoa afoforo a wɔasua Bible mu nokware atitiriw no dedaw no mma wɔmpere nkɔ onyin mu.