Biako A Yɛayɛ De Resom Yehowa
1 Ɔdwontofo no daa sɛnea yɛte nka wɔ wiase nyinaa onuayɛ a ɛde biakoyɛ resom Yehowa no ho no adi yiye bere a ɔkyerɛw eyi no, sɛ: “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako.” (Dw. 133:1) Ɛdenam nokware nimdeɛ mu nkɔanim a yebenya na akanyan yɛn ma yɛde adi dwuma wɔ yɛn asetra mu so no, yɛn nyinaa bekura ‘adwenkoro ne nsusuwii koro mu.’ (1 Kor. 1:10) Biakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no mu abɛyɛ den kɛse nnansa yi denam Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No nhoma a woyii adi wɔ 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam no ase no so. Ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ saa nhoma yi kɛse mpo bere a yesua bio wɔ Asafo Nhoma Adesua ase fi September mu no.
2 Sɛ́ ɛyɛ nea na yɛwɔ asafo no mu bere a wosuaa Biako a Wɔayɛ nhoma no nea edi kan wɔ Asafo Nhoma Adesua ase no anaasɛ yɛka afoforofo ɔpepem pii a wɔaba nokware no mu wɔ ɛno akyi no ho no, yɛn nyinaa benya mu mfaso pii. Afoforofo benya mfaso afi nkyerɛkyerɛmu ahorow ne sɛnea wɔde di dwuma a mfɛfo gyidifo a wɔn ho akokwaw de ma no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea yɛde emu nsɛm no bedi dwuma wɔ yɛn asafo mu ne wɔ yɛn ankasa ho a adesua so ahwɛfo a wɔn ho akokwaw no besi so dua no bɛka yɛn ankasa asetra ne ɔsom adwuma no afã horow a ehia sɛ yɛyɛ ho ade bio no. Esiane sɛ yɛn mu biara nni tebea a ɛte sɛ nea na ɛwɔ hɔ bere a yesuaa nhoma no nea edi kan no mu nti, Biako a Wɔayɛ nhoma no mu nsɛm mu ntĩmu ne emu afotu no a yɛde bedi dwuma sɛnea ɛfa nsɛnnennen ne nhyɛso ahorow a yehyia nnɛ ho no bɛhyɛ yɛn den bere a yɛkɔ so ‘pere gyidi no ho’ no.—Yuda 3.
3 Wɔ afotu pa a ɛhyɛ nkuran na ɛkanyan koma a ɛwɔ Biako a Wɔayɛ nhoma no mu akyi no, ɛma yenya honhom fam nimdeɛ ho akɔnnɔ. Ɔkwan a wɔfa so da emu nsɛm adi no ma yesusuw nneɛma ho. Nsemmisa a ɛwɔ kratafa no ase ne nsemmisa ne kyerɛw nsɛm ahorow a ɛwɔ nkyekyem no binom mu no hwehwɛ sɛ yɛbɛte asɛm no ase yiye na yɛadwen akɔ akyiri na yɛama nea ɛka no afa yɛn ankasa ho. Saa nhoma yi sua boa ma yɛn nsusuwii tumi nya nkɔanim na ɛma yehu honhom fam nneɛma mu yiye. Ɛboa yɛn ma yehu nokware no wɔ n’afã horow nyinaa mu a ɛnyɛ abusuabɔ a ɛda nsɛntitiriw ahorow no ntam mu nko na ɛma yɛpɛɛpɛe na mmom sɛnea ɛfa yɛn ankasa ho nso. (Mmeb. 1:1-5) Eyi boa yɛn ma ‘yehu nneɛma a ehiaa kyɛn so no mu yiye.’—Fil. 1:10.
4 Ade titiriw biako a ɛbɛma yɛanya mu mfaso pii ne ahosiesie. Sɛ woasua nhoma no dedaw na woatwitwa mmuae ahorow no ase a, nsusuw sɛ ɛho nhia sɛ wusiesie wo ho yiye dapɛn biara. Ɛho hia sɛ yɛn nyinaa kaakae yɛn adwene wɔ saa honhom fam nneɛma yi ho wɔ bere ne bere mu. Wɔde honhom kaa ɔsomafo Petro ma ɔkaakaee anuanom no mfitiase nokware a na wɔasua dedaw no. (1 Pet. 1:12, 13; 3:1) Paulo kae yɛn sɛ eyi yɛ yɛn honhom fam ahobammɔ. (Fil. 3:1) Sɛ yɛpɛɛpɛe Biako a Wɔayɛ nhoma no mu bio a, ɛbɛhyɛ yɛn den wɔ biako a yɛayɛ de resom nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, wɔ saa nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu no mu.