Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/99 kr. 2
  • April Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • April Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase April 5
  • Dapɛn a Efi Ase April 12
  • Dapɛn a Efi Ase April 19
  • Dapɛn a Efi Ase April 26
Yɛn Ahenni Som—1999
km 4/99 kr. 2

April Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase April 5

Dwom 55

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka “Yebetumi De Creator Nhoma no Ama Anaa?” ho asɛm. To nsa frɛ anigyefo nyinaa sɛ wommetie baguam ɔkasa titiriw no April 18. Ɔkasa no asɛmti ne “Adamfofa Pa a Yɛne Onyankopɔn ne Yɛn Mfɛfo Nnipa Benya.”

15 min: “Fa Anigye Ka Asɛmpa No.” Mma wo nnianim nsɛm no nnnu simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so. Fa nkuranhyɛsɛm a egyina School Guidebook no nkratafa 191-2, nkyekyem 12-13 so wie.

20 min: “Sɛnea Abusuafo De Biakoyɛ Nya Kyɛfa Kosi Ase—Wɔ Asɛnka Mu.” Nkɔmmɔ a abusua bi bɔ. Munsusuw nea enti a ɛsɛ sɛ abusua no bu asɛnka sɛ nnawɔtwe nnawɔtwe dwumadi a obiara de ne ho hyem ho. Ka nkuranhyɛsɛm a ɛwɔ September 1, 1993, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 17-19, nkyekyem 9-12 no ho asɛm. Ma awofo a wɔwɔ atiefo no mu nka sɛnea wɔatumi ayɛ nnawɔtwe nnawɔtwe asɛnka ho nhyehyɛe bi ama wɔn mmusua.

Dwom 67 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 12

Dwom 112

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: Asafo mu ahiade.

20 min: “Adanse no a Yɛbɛhyɛ mu Den Bere a Awiei no Bɛn No.” Nsɛmmisa ne mmuae. Bisabisa adawurubɔfo no biako anaa baanu a wɔansusuw da sɛ wobetumi ayɛ asɛnka adwuma no bi nanso afei de wɔrenya mu kyɛfa daa esiane sɛ wɔabehu hia a ɛho hia denneennen sɛ wɔtrɛw Ahenni asɛm no mu nti nsɛm. Sɛ bere ma kwan a, ka osuahu ntiantia a efi 1997 Yearbook no nkratafa 42-8, a ɛkyerɛ sɛnea adawurubɔfo ahyɛ mmɔden a wɔrebɔ wɔ asɛnka mu no mu den denam baabi a nnipa wɔ a wɔkɔ so no.

Dwom 93 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 19

Dwom 79

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.

10 min: “So Wowɔ Dodow Bi a Wugye no Daa?” Ɔkasa a sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔhwɛ nsɛmma nhoma so na ɔma. Ma asafo no nhu nsɛmma nhoma dodow a mo nsa ka no ɔsram biara ne dodow a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a wɔde ma. Ɛnsɛ sɛ yɛma nsɛmma nhoma sɛe kwa. Fa ɔkwan a wobetumi afa so akyekyɛ nsɛmma nhoma dedaw ho nyansahyɛ ahorow ma.—Hwɛ August 1993 Yɛn Ahenni Som, kratafa 1.

30 min: “Akwampae Adwuma—Ɛyɛ Bere a Wɔde Di Dwuma Nyansam!” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa hyɛ nnipa baasa nsa ma wɔnka osuahu a ɛwowɔ nkyekyem 5-7 no. Hyɛ obiara a obetumi nkuran sɛ onsusuw akwampaefo aboafo anaa daa akwampae adwuma a ɔde ne ho behyem ho fa wie. Wobetumi anya akwammisa nkrataa no bi afi Asafo Ɔsom Boayikuw no muni biara hɔ. Ma wonhu sɛ ɛnkaa akyiri dodo sɛ obi de akwammisa krataa bɛma de ayɛ ɔkwampaefo boafo wɔ May mu.

Dwom 165 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 26

Dwom 70

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae obiara na ɔmfa ne April asɛnka kyerɛwtohɔ mmra. Bobɔ wɔn a wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo wɔ May mu no din, na hyɛ afoforo nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyem. Fa ɔkwan a wɔbɛfa so de nsɛmma nhoma a aba foforo no ama ho nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so ma.—Hwɛ October 1996 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8.

17 min: “Dɛn na Menyɛ?” Bere a wo ne atiefo asusuw asɛm no ho tiawa no, ma wɔnyɛ abofra bi a ɔreka nhyehyɛe a wayɛ ama daakye bere a wawie ntoaso sukuu no ho asɛm akyerɛ ne wofo bi ho ɔyɛkyerɛ. Wɔbom susuw July 1998 Yɛn Ahenni Som no kratafa 4 ho. Ɔwofo no gyina nkuranhyɛ a wɔde ama wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa February 1, 1996 no kratafa 14, ne nea ɛbaa December 1, 1996 no nkratafa 17-19 no so tu no fo. Seesei a wɔatew akwampaefo nnɔnhwerew so no, abofra no susuw ho sɛ ɔbɛyɛ akwampae adwuma bere a ogu ne sukuu so no.

18 min: Bisabisa Akwampaefo Aboafo Nsɛm. Ɔsom adwuma sohwɛfo bisabisa adawurubɔfo bi a wɔyɛ akwampaefo aboafo ɔsram yi, ne afoforo a wɔayɛ atwam, nsɛm. Ma wɔnka nhyira a wɔanya, nea wɔatumi ayɛ, ne nea enti a wɔpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo aboafo bio, anyɛ yiye koraa, ɔsram biako anaa asram abien wɔ afe biara mu.

Dwom 69 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena