Akwampae Adwuma—Ɛyɛ Bere a Wɔde Di Dwuma Nyansam!
1 ‘Minnya me ho twabere koraa! So nyansa wom sɛ mefi akwampae adwuma ase saa bere yi?’ Saa adwene no na onuawa bi nyae bere a na ɔretie ɔmansin nhyiam ase ɔkasa bi a wɔato din “Nkɔanim a Yebenya Wɔ Akwampae Adwuma no Mu” a ɔpanyin bi a ɔyɛ ɔkwampaefo mae no. Onua aberantewa bi a na ɔno nso wɔ atiefo no mu nyaa adwene no sɛ, ‘Ɔyɛ dɛn tumi yɛ akwampae adwuma no? Menyɛ ɔpanyin, nanso minni me ho adagyew koraa!’
2 Bere a ɔpanyin no toaa so kaa nhyira a ɛwɔ akwampae adwuma no mu no, obisabisaa akwampaefo bi a wɔwɔ ɔmansin no mu nsɛm ma wɔkaa nsakrae a wɔayɛ na ama wɔatumi ayɛ akwampae adwuma no ne sɛnea Yehowa ahyira wɔn mmɔdenbɔ so kɛse no ho asɛm. Ná wɔn mu biako adi dɛm, ɔfoforo nso hokafo nyɛ gyidini, na na obiako nso agyae honam fam adwuma bi nanso na ne nsa hyia ne ho. Bere a onua no ne onuawa a wɔwɔ atiefo no mu no tee sɛnea akwampaefo yi nam Yehowa mmoa so renya nkɔso no, wofii ase pɛɛpɛɛ wɔn nsusuwii ne wɔn nsɛm tebea mu bio. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ wo nso yɛ saa, titiriw esiane sɛ seesei de akwampaefo nnɔnhwerew ahwehwɛde a wɔatew so no yɛ nea asɛmpa no ho adawurubɔfo pii betumi adu ho nti.
3 Yenim sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ ne Amansan Hene, na ne nsam na yɛn nkwa wɔ. (Dan. 4:17; Aso. 17:28) Yehu no pefee sɛ Yehowa de ahyehyɛde biako pɛ na ɛredi dwuma. Ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yefi nokwaredi mu ne no rebɔ anan, na yɛreboa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma wɔadi Ahenni no ho adanse ansa na awiei no aba. (Mat. 24:45; 25:40; 1 Pet. 2:9) Bere a yɛadu akyiri paa wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, yehu sɛ bere a aka ma yɛde aka asɛm no sua. (2 Tim. 3:1) Ne nyinaa akyi no, ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn mmusua wɔ honam fam. (1 Tim. 5:8) Ebia obi akatua rensõ no di bio. Ebetumi aba sɛ yenni ahoɔden te sɛ bere bi a atwam no. Na nokwarem no, yehia bere kakra ne nneɛma bi a yɛde bɛyɛ yɛn ankasa ho nneɛma. (Ɔsɛnk. 3:12, 13) Enti ebia yɛn adwenem bɛyɛ yɛn naa sɛ ebia gye a yebegye ɔfrɛ a ese yɛmmɛyɛ akwampae adwuma no so no nyɛ biribi a nyansa wom ankasa.
4 Ɛyɛ yɛn nyinaa asɛyɛde sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn ankasa nsɛm tebea mu yiye ahwɛ sɛ yebetumi ayɛ akwampae adwuma no bi anaa. (Rom. 14:12; Gal. 6:5) Ɛhyɛ nkuran sɛ yebehu sɛ nnipa bebree agye ɔfrɛ a ese wɔnyɛ akwampae adwuma no so. Ɛmfa ho nhyɛso ne ɔhaw a ɛwɔ nna a edi akyiri yi mu no, ɔsom adwuma ho amanneɛbɔ a ɛbaa 1999 Yearbook mu no kyerɛ sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔrekeka kɔ 700,000 rekɔ wɔn anim wɔ akwampae som adwuma no mu. Sɛ́ wɔwɔ sika fam ahokyere mu, kar ho asɛm yɛ den ma wɔn, wonni apɔwmuden, anaa wɔrehyia ɔhaw foforo no, anuanom mmarima ne mmea yi mmrɛ papayɛ ho, na wɔsɛ nkamfo. (Gal. 6:9) Wɔagye Yehowa ɔfrɛ a ɛne sɛ wɔnsɔ no nhwɛ no so. (Mal. 3:10) Wɔte nka sɛ akwampae adwuma a wɔreyɛ no yɛ wɔn bere ne wɔn ahode kakra no a wɔde redi dwuma nyansam, na Yehowa nso ahyira wɔn yiye sɛ wɔayɛ nsakrae a ɛsɛ de afi akwampae adwuma no ase na wogu so.
5 Akwampaefo Renya Nhyira: Onuawa bi a ɔwɔ Cameroon a ɔwɔ babea ketewa paa kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Efi bere a mewoo me babea no, mede no kɔ asɛnka daa. Bere a onnya nnantewee mpo no, na mede no hyɛ m’akyi de ntama bɔ ne so kɔ. Da koro anɔpa bi a menam asɛnka mu no, mekɔɔ kwankyɛn apata bi mu. Me ba no yiyii nsɛmma nhoma pii fii me bag mu de fii me nkyɛn kɔe. Otutuu mmiako mmiako kɔɔ apata a ɛtoa so no mu. Ɛwom sɛ wantumi ankasa ahe biara de, nanso ɔbea bi adwene baa ne so, na ɔmaa no nsɛmma nhoma. Ɔbea no ho dwiriw no yiye sɛ abofra ketewaa saa reyɛ saa adwuma yi bi. Ogyee nsɛmma nhoma no ntɛm so penee fie Bible adesua nso so!”
6 Ɔpanyin bi a ɔsan yɛ abusua ti a ɔwɔ Zambia a ɔyɛ bere nyinaa honam fam adwuma gyee ɔfrɛ a ɛne sɛ wɔrehwehwɛ akwampaefo aboafo pii no so, yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo boafo ɛmfa ho sɛ na onni adagyew no. Ná ɔpɛ sɛ ɔyɛ nhwɛso ma asafo no ne n’abusua. Ɛtɔ mmere bi a na ɔde ne kar si kwankyɛn baabi bɔ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no wɔ kasɛt so, na ɔto nsa frɛ nkurɔfo a wɔretwam sɛ wommetie akenkan a ɔrebɔ no. Ɔnam saa kwan no so tumi maa Abusua Mu Anigye nhoma no 16 ne Nimdeɛ nhoma no 13, na ofii Bible adesua abien ase.
7 Akwampae honhom pa kɔɔ so wɔ Zimbabwe a ɛbɛn hɔ no nso. Wɔ April 1998 mu no, asafo bi a emu adawurubɔfo yɛ 117 nyaa akwampaefo aboafo 70 ne daa akwampaefo 9. Asafo bi nso a emu adawurubɔfo yɛ 94 nso nyaa akwampaefo aboafo 58. Asafo foforo nso a emu adawurubɔfo yɛ 126 bɔɔ amanneɛ sɛ nnipa 58 sii gyinae sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo aka daa akwampaefo 4 no ho. Ná ɔsom afe a etwaam no da nsow ma Zimbabwe. Ɛwom sɛ abusuasɛm, asafo mu dwumadi, ne baa dwumadibea ho adansi gyee anuanom a wɔwɔ hɔ no bere pii de, nanso wɔde wɔn adwene sii wɔn bere a wɔde bedi dwuma nyansam wɔ ɔsom adwuma no mu so.
8 Akwampaefo hu sɛ sɛ wobetumi afi akwampae adwuma ase na wɔatra mu a, ennyina wɔn ankasa ahoɔden so. Wɔn ankasa gye tom sɛ biribiara a wotumi yɛ no fi “ahoɔden a Onyankopɔn de ma.” (1 Pet. 4:11) Wɔn gyidi ma wotumi yɛ wɔn som adwuma no da biara da. Sɛ́ anka wɔbɛhwehwɛ wɔn ankasa ahotɔ no, akwampaefo a esi wɔn yiye no hu sɛ nkɔanim a wobenya no gye “ɔko bebree,” nanso wonya nhyira pii fi mu.—1 Tes. 2:2.
9 Ɛfata sɛ Yesuasua Paulo Nhwɛso No: Bible no ma yɛn nneɛma a ɔsomafo Paulo yɛe wɔ ɔsom adwuma no mu ne mmoa kɛse a ɔde maa nnipa pii no ho kyerɛwtohɔ. Nanso, na Paulo ka nnipa a wonnya wɔn ho twabere koraa no ho. Ɔfaa ɔtaa ne honam fam ɔhaw ahorow mu na ama watumi aka asɛmpa no na wahyɛ asafo ahorow no den. Ná ɛsɛ sɛ ogyina yare a emu yɛ den bi nso ano. (2 Kor. 11:21-29; 12:7-10) Osii ne bo sɛ ɔde ne bere bedi dwuma nyansam. Ogye toom sɛ ɔnam Yehowa mmoa so na ɛyɛɛ ne nnwuma nyinaa. (Fil. 4:13) Wɔn a Paulo boaa wɔn no mu biara nni hɔ a na obetumi aka sɛ Paulo sɛee ne bere haw ne ho wɔ Yehowa som adwuma mu kwa anaasɛ anka obetumi de ayɛ biribi a mfaso wɔ so sen saa. Hwɛ, seesei yegu so renya Paulo bere a ɔde dii dwuma nyansam no so mfaso! Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ n’afotu a efi honhom mu a ɛboa yɛn ma yɛde nneɛma a ɛho hia di kan na yɛbata nokware no ho wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no!
10 Seesei ‘bere a aka ama yɛde aka asɛmpa no yɛ tiaa’ sen bere biara. (1 Kor. 7:29; Mat. 24:14) Enti ɛfata sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ ɛba sɛ ɔkyena owu bɛfa me mpofirim a, metumi aka akyerɛ Yehowa sɛ mede me bere adi dwuma nyansam?’ (Yak. 4:14) Adɛn nti na wo ne Yehowa nkasa wɔ mpaebɔ mu seesei, na wonka nkyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wode wo bere di dwuma nyansam sɛ N’adansefo no mu biako? (Dw. 90:12) Bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na woamfa nneɛma ankyekyere wo ho wɔ w’asetra mu. Ebia bere bi a atwam no na woato w’adwenem wɔ ho de, nanso afei de so woabehu sɛ wubetumi ayɛ akwampae adwuma no bi anaa?
11 Yɛ Nea Wo Nsɛm Tebea Bɛma Kwan Biara: Ntease wom, nsɛm tebea bi nti ɛnyɛ wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa na wobetumi ayɛ daa akwampaefo de nnɔnhwerew 70 ayɛ adwuma ɔsram biara. Nanso, adawurubɔfo pii yɛ nhyehyɛe de nnɔnhwerew 50 yɛ ɔsom adwuma no ɔsram biara sɛ akwampaefo aboafo mpɛn dodow a wobetumi biara anaa wɔyɛ toam. Sɛ wo nsɛm tebea mma wo kwan mma wonyɛ ɔkwampaefo boafo anaa daa ɔkwampaefo seesei a, mpa abaw. Kɔ so bɔ mpae sɛ wo nsɛm tebea bɛsesa. Ɛnkosi saa bere no, sɛ wuntumi nyɛ ho hwee a, nya awerɛkyekye sɛ Yehowa ani sɔ nea wufi ɔkra nyinaa mu tumi yɛ wɔ ne som mu no paa. (Mat. 13:23) Ohu sɛ wugyina n’afã pintinn, na woreyere wo ho sɛ wobɛyɛ ɔdawurubɔfo nokwafo a ɔmma ɔsram biako mpo mpa ne ti so a ɔmfa hokwan ahorow a obenya no nni adanse. Ebia wubetumi anya nkɔso ama w’adansedi atu mpɔn, na woayere wo ho anya nkɔanim sɛ ɔsɛmpakafo ne ɔkyerɛkyerɛfo.—1 Tim. 4:16.
12 Esiane sɛ ‘Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu’ no abɛn pɛɛ nti, ɛho hia sɛ yɛde bere a aka no di dwuma nyansam sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi awie adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnyɛ no. (Yoel 2:31) Satan nim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa, na ɔrebɔ mmɔden sen bere biara sɛ ɔbɛfa ɔkwan biara a obetumi so de nneɛma akyekyere yɛn wɔ asetram na wayi yɛn adwene afi nneɛma a ɛho hia ankasa no so. (Fil. 1:10; Adi. 12:12) Mma w’ani mmpa so da sɛ Nyankopɔn pɛ w’asɛm. Yehowa betumi aboa wo na woamfa nneɛma ankyekyere wo ho wɔ asetram, na woayɛ nea w’ahoɔden betumi nyinaa wɔ ɔsom adwuma no mu. (Dw. 145:16) Anigyesɛm ne sɛ, bere a nnipa pii apɛɛpɛɛ wɔn nsɛm tebea mu no, wɔrehu sɛ wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo anaa daa akwampaefo. Nokwarem no, akwampaefo nya abotɔyam kɛse fi wɔn bere a wɔde di dwuma nyansam no mu. Wobɛyɛ wɔn mu biako anaa?