Fa Anigye Ka Asɛmpa No
1 “M’ani gyina sɛ mehu mo, . . . Mifi m’ahoɔden nyinaa mu masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no makyerɛ mo . . . nso.” Eyi ne asɛm a ɔsomafo Paulo kae wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa anuanom a na wɔwɔ Roma no mfiase. Dɛn nti na na Paulo ani gyina sɛ ɔbɛkɔ akɔsra wɔn? Ɔkae sɛ: “Na manya mo nso mu aba bi . . . Na m’ani nwu asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagye mu ma wɔn a wogye di nyinaa.”—Rom. 1:11-16.
2 Paulo daa anigye a ɛte sɛɛ ara adi bere a na ɔne Efesofo mpanyimfo rekasa no. Ɔkaee wɔn sɛ: “Efi da a edi kan a mebaa Asia no, . . . mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, . . . na mekyerɛkyerɛɛ mo gua so ne afi mu, na midii Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho adanse mekyerɛɛ Yudafo ne Helafo.” (Aso. 20:18-21) Wɔ asasesin a wɔde hyɛɛ ne nsa no nyinaa mu no, na Paulo botae ara ne sɛ ɔbɛtrɛw nkwagye asɛmpa no mu na wanya Ahenni aba. Hwɛ su pa ara a ɛsɛ sɛ yesuasua!
3 Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So meda anigye a ɛte saa ara adi bere a mereka asɛmpa no wɔ me mpɔtam no? Sɛ́ anka mebu asɛnka adwuma no sɛ adwuma bi ara kɛkɛ no, m’ani gye sɛ mɛka asɛmpa no akyerɛ nnipa dodow biara a metumi? So mede mpaebɔ asusuw me nsɛm tebea ho? So masɔ akwan a metumi afa so ayɛ saa wɔ me mpɔtam hɔ, te sɛ asɛnka a wɔyɛ no wɔ afie afie, mmorɔn so, mmeae a wɔyɛ nnwuma, telefon so, ne bɔnnɔ so no nyinaa ahwɛ?’
4 Fa Anigye Ka Asɛm no Wɔ April Mu: April ɔsram no yɛ bere pa a yebetumi ahyɛ kyɛfa a yenya wɔ asɛnka adwuma mu no mu den. Ɛsɛ sɛ dɔnhwerew ahwehwɛde a wɔatew so no ma yɛn mu pii tumi yɛ akwampaefo aboafo. Ebia wo nsɛm tebea bɛma wo kwan ma woasom sɛ ɔkwampaefo boafo wɔ April ne May mu. Anaasɛ esiane dɔnhwerew ahwehwɛde mu nsakrae a wɔayɛ no nti, ebia wubetumi de wo ho ahyɛ daa akwampae adwuma no mu. Sɛ woyɛ asafo mu dawurubɔfo a, so wubetumi de bere pii ayɛ asɛnka adwuma no ɔsram yi ne nea edi hɔ no akyɛn sɛnea wotaa yɛ no, de aboa wɔn a wobetumi ayɛ akwampae adwuma no? Ɛno bɛma Yehowa koma ani agye!
5 Te sɛ Paulo no, ɛsɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo kɔ so da anigye adi denam pii a wɔbɛyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu so. Nea yebetumi nyinaa a yɛbɛyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no de anigye ankasa bɛbrɛ yɛn. Paulo nyaa saa anigye yi bi wɔ ɔsom kronn a ɔde mae no mu. Ɛbɛyɛ papa sɛ yebesuasua ne nhwɛso pa no.—Rom. 11:13; 1 Kor. 4:16.