Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 2/1 kr. 9-14
  • Nhomasua—Fa Yi Yehowa Ayɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhomasua—Fa Yi Yehowa Ayɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akenkan a Yebesua no Yiye
  • Akyerɛw a Yebesua no Yiye
  • Adwene, Abrabɔ, ne Honhom Fam Nkɔanim a Yebenya
  • Ntetee Pa a Ehia Ma Da Biara Da Asetra
  • Yehowa Adansefo Bu Nhomasua Sɛn?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • So Bible Nhyɛ Nhomasua Ho Nkuran?
    Nyan!—1998
  • Sɛnea Yehowa Adansefo Bu Nhomasua
    Yehowa Adansefo ne Nhomasua
  • Nhomasua Wɔ Bible Mmere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 2/1 kr. 9-14

Nhomasua—Fa Yi Yehowa Ayɛ

“Nea ɔbɔ n’ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo.”—YOHANE 7:18.

1. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na adesua fii ase?

BERE tenteenten ni na adesua fii ase. Adesua fii ase bere a Yehowa Nyankopɔn, Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no, bɔɔ ne Ba a odi kan no. (Yesaia 30:20; Kolosefo 1:15) Na ɔyɛ Obi a obetumi asua ade afi Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no ankasa hɔ! Wɔ mfe mpempem pii a saa Ɔba no—a wɔbɛfrɛɛ no Yesu Kristo—ne Agya no nyaa fekubɔ a emu yɛ den mu no, onyaa Yehowa Nyankopɔn su, ne nnwuma, ne n’atirimpɔw ahorow ho ntetee a ɛsom bo. Akyiri yi, bere a na Yesu yɛ onipa wɔ asase so no, otumi kae sɛ: “Memmɔ m’ankasa me tirim menyɛ biribi, na sɛnea agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.)—Yohane 8:28.

2-4. (a) Sɛnea Yohane ti 7 kyerɛ no, na tebea no te dɛn ansa na Yesu rekɔ Asesebɔ Afahyɛ no ase wɔ 32 Y.B. mu? (b) Dɛn nti na sɛnea Yesu tumi kyerɛkyerɛe no yɛɛ Yudafo no ahodwiriw?

2 Yesu de nea osuae no dii dwuma dɛn? Wɔ mfe abiɛsa ne fã a ɔde yɛɛ n’asase so som adwuma no nyinaa mu no, ɔyeree ne ho denneennen de nea osuae no kyerɛkyerɛɛ afoforo nso. Nanso, atirimpɔw titiriw bi na ɔde yɛɛ saa. Na ɛne dɛn? Momma yɛnhwehwɛ Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane ti 7, baabi a ɔkyerɛkyerɛɛ ne nkyerɛkyerɛ no fibea ne n’atirimpɔw nyinaa mu no mu.

3 Susuw tebea no ho. Na ɛyɛ 32 Y.B. mu otwa bere, Yesu asubɔ akyi bɛyɛ mfe abiɛsa. Na Yudafo no ahyiam wɔ Yerusalem redi Asesebɔ Afahyɛ no. Afahyɛ no nna a edi kan no, na wɔadi Yesu ho nkɔmmɔ pii. Bere a afahyɛ no duu mfinimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ, na ofii ase kyerɛkyerɛe. (Yohane 7:2, 10-14) Sɛnea na ɔyɛ bere nyinaa no, ɔdaa ne ho adi sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo kɛse.—Mateo 13:54; Luka 4:22.

4 Yohane ti 7 no nkyekyem 15 se: “Na ɛyɛɛ Yudafo no nwonwa na wose: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nhoma pɛn na onim yi?” Wote nea enti a wɔn ho dwiriw wɔn no ase? Na Yesu nkɔɔ rabifo sukuu ahorow no mu biara, enti na onnim nhoma—anaasɛ na wosusuw saa! Nanso, Yesu tumi hwehwɛɛ Nkyerɛwee Kronkron no afã horow mu kenkanee a wammrɛ ho. (Luka 4:16-21) Hwɛ, Galileani duadwumfo yi kyerɛkyerɛɛ wɔn Mose Mmara no mu nsɛm mpo! (Yohane 7:19-23) Ɛyɛɛ dɛn na otumi yɛɛ eyi?

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ baabi a onyaa ne nkyerɛkyerɛ no fii? (b) Yesu de nea osuae no dii dwuma dɛn?

5 Sɛnea yɛkenkan wɔ nkyekyem 16 ne 17 no, Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea. Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛde a, obehu sɛ kyerɛ no fi Nyankopɔn anaasɛ efi m’ankasa me tirim na meka.” Na wɔpɛ sɛ wohu nea ɔkyerɛɛ Yesu ade, na ɔka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛɛ no ade!—Yohane 12:49; 14:10.

6 Yesu de nea osuae no dii dwuma dɛn? Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Yohane 7:18 no, Yesu kae sɛ: “Nea ɔbɔ n’ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ nni no mu.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Hwɛ fata a ɛfata sɛ Yesu de n’adesua no hyɛɛ Yehowa, “nimdeɛ mu mudifo no,” anuonyam!—Hiob 37:16.

7, 8. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde nhomasua yɛ? (b) Dɛn ne nhomasua a ɛkari pɛ atirimpɔw atitiriw anan no?

7 Enti yenya asuade a ɛsom bo bi fi Yesu hɔ—ɛnsɛ sɛ yɛde nhomasua hyɛ yɛn ho anuonyam, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yi Yehowa ayɛ. Ɔkwampa biara nni hɔ a yebetumi afa so de nhomasua adi dwuma asen saa. Nanso wobɛyɛ dɛn atumi de nhomasua ayi Yehowa ayɛ?

8 Sɛ́ wɔbɛkyerɛ obi ade no kyerɛ sɛ “wɔbɛtete obi denam afotu pɔtee ne dwumadi a wɔde ho akwankyerɛ ma so, titiriw wɔ adwinni, nsaanodwuma, anaa adwuma bi mu.” Afei momma yensusuw nhomasua a ɛkari pɛ atirimpɔw titiriw anan ne sɛnea yebetumi de emu biara ayi Yehowa ayɛ no ho. Ɛsɛ sɛ nhomasua a ɛkari pɛ boa yɛn ma (1) yetumi kenkan ade yiye, (2) yɛkyerɛw yiye, (3) yenya adwene ne abrabɔ mu nkɔanim, na (4) yenya ntetee pa a ɛho hia ma da biara da asetra.

Akenkan a Yebesua no Yiye

9. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ akenkanfo pa?

9 Nea edi kan a wɔabɔ din ne akenkan a yebesua no yiye. Dɛn nti na ɛho hia kɛse sɛ yehu akenkan yiye? The World Book Encyclopedia kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Akenkan . . . yɛ ade titiriw a ɛho hia ma adesua, na ɛyɛ ntetee a ɛho hia sen biara wɔ da biara da asetra mu no biako. . . . Akenkanfo pa boa ma wonya asetra a yiyedi ne nkɔso wom. Bere koro no ara, wɔn ankasa nso nya osuahu ne abotɔyam kɛse wɔ asetram.”

10. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm a yɛkenkan no ma yenya osuahu ne abotɔyam kɛse wɔ asetra mu?

10 Sɛ akenkan kɛkɛ mpo betumi aboa yɛn ma yɛanya “osuahu ne abotɔyam kɛse wɔ asetram” a, ɛnde hwɛ mpɛn dodow a Onyankopɔn Asɛm akenkan bɛma yɛanya! Akenkan a ɛte saa no bue yɛn adwene ne yɛn koma mu ma Yehowa nsusuwii ne n’atirimpɔw ahorow kɔ mu, na eyinom a yɛbɛte ase yiye no ma yɛn asetra nya atirimpɔw. Nea ɛka ho bio no, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu,” sɛnea Hebrifo 4:12 ka no. Bere a yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm dwennwen ho no, ɛtwe yɛn bɛn ne Kyerɛwfo no, na ɛka yɛn ma yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn asetra mu ma yɛsɔ n’ani kɛse. (Galatifo 5:22, 23; Efesofo 4:22-24) Ɛkanyan yɛn ma yɛka nokware ahorow a ɛsom bo a yɛkenkan no nso ho asɛm kyerɛ afoforo. Eyi nyinaa de ayeyi brɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini, Yehowa Nyankopɔn. Nokwasɛm ne sɛ ɔkwampa biara nni hɔ a yebetumi de akenkan a yenim no adi dwuma asen saa!

11. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ka kokoam adesua nhyehyɛe a ɛkari pɛ ho?

11 Sɛ́ yesusua anaasɛ yɛanyinyin no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yensua akenkan yiye, efisɛ akenkan ho hia kɛse wɔ yɛn Kristosom mu. Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛkenkan no daa akyi no, ade a ɛsɛ sɛ yɛde ka kokoam adesua nhyehyɛe a ɛkari pɛ ho ne sɛ yebesusuw Bible mu asɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa no ho, akenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan!, na yɛasiesie yɛn ho ama Kristofo nhyiam horow. Na Kristofo som adwuma no nso ɛ? Ɛda adi pefee sɛ baguam asɛnka, anigyefo a yɛkɔ wɔn hɔ sankɔhwɛ, ne ofie Bible adesua a yɛyɛ no nyinaa hwehwɛ sɛ yetumi kenkan yiye.

Akyerɛw a Yebesua no Yiye

12. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yesua akyerɛw yiye? (b) Dɛn ne nsɛm a ɛsen biara a wɔakyerɛw pɛn?

12 Atirimpɔw a ɛto so abien ne sɛ ɛsɛ sɛ nhomasua a ɛkari pɛ boa yɛn ma yesua akyerɛw yiye. Ɛnyɛ sɛ akyerɛw ma afoforo hu yɛn nsɛm ne yɛn nsusuwii nko, na mmom ɛkora so nso. Mfehaha pii a atwam ni no, Yudafo mmarima bɛyɛ 40 kyerɛw nsɛm a ɛbɛyɛɛ Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no guu mmɛw nkrataa anaa mmoa nhoma so. (2 Timoteo 3:16) Nokwarem no, eyi ne nsɛm a ɛsen biara a wɔakyerɛw pɛn! Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa na ɔhwɛ ma wɔhwɛɛ saa nsɛm kronkron no so kyerɛkyerɛw foforo wɔ mfehaha no mu, ma enti yɛn nsa aka a ɛyɛ nea edi mũ. Ɛnyɛ yɛn anisɔ sɛ Yehowa ma wɔkyerɛw ne nsɛm no sen sɛ anka ɔbɛma nnipa de wɔn ano akeka akyerɛ?—Fa toto Exodus 34:27, 28 ho.

13. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Israelfo no nim akyerɛw?

13 Wɔ tete mmere mu no, nnipa atitiriw bi te sɛ akyerɛwfo a na wɔwɔ Mesopotamia ne Misraim no nko ara na na wonim akenkan ne akyerɛw. Nea na ɛne amanaman no de bɔ abira koraa no, wɔhyɛɛ obiara a ɔwɔ Israel nkuran sɛ onsua akenkan ne akyerɛw. Ahyɛde a ɛwɔ Deuteronomium 6:8, 9 a ese Israelfo no nkyerɛw wɔn afie aponnua ho no da no adi sɛ na wonim akyerɛw, ɛwom sɛ ebia na ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so asɛm de. Wɔkyerɛɛ mmofra akyerɛw bere a na wosusua koraa no. Gezer Kalenda, tete Hebrifo nkyerɛwee ho nhwɛso a akyɛ sen biara no biako, yɛ nea abenfo bi susuw sɛ ɛyɛ ade a sukuu abofra bi kyere guu ne tirim kyerɛwee.

14, 15. Dɛn ne akwampa a ɛfata a yebetumi afa so de akyerɛw a yenim no adi dwuma?

14 Nanso ɔkwampa a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi afa so de akyerɛw a yenim no adi dwuma? Akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi ayɛ saa denam nsɛm ntiantiaa a yɛbɛkyerɛw ato hɔ wɔ Kristofo nhyiam horow, amansin nhyiam, ne amantam nhyiam ase no so. Krataa a “nsɛntiaa” bi na ɛwom mpo betumi ahyɛ obi a ɔyare nkuran anaa ɛde aseda ama honhom mu onuabarima anaa onuabea bi a oyii ayamye anaa ahɔhoyɛ adi kyerɛɛ yɛn. (1 Petro 5:12) Sɛ owu afa asafo no muni bi dɔfo a, krataa tiawa bi betumi ama onii no ‘awerɛkyekye’ ama yɛn. (1 Tesalonikafo 5:14) Onuawa Kristoni bi a kokoram kum ne maame kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “M’adamfo bi kyerɛw me krataa bi a ɛyɛ anigye. Ɛno boaa me ankasa, efisɛ na mitumi kenkan no mpɛn pii.”

15 Ɔkwan a etu mpɔn a wubetumi afa so de akyerɛw a wunim no adi dwuma ne sɛ wode beyi Yehowa ayɛ denam krataa a wobɛkyerɛw de akodi Ahenni no ho adanse so. Ɛtɔ mmere bi a ɛho behia sɛ wo ne nnipa a wɔakyerɛ anigye foforo a wɔte mmeae a atew ne ho kɔ so di nkitaho. Ɔyare betumi ama afie afie kɔ ayɛ den ama wo bere tiaa bi mu. Ebia krataa bi a wobɛkyerɛw betumi aka nea anka w’ankasa wowɔ hɔ a wobɛka no.

16, 17. (a) Osuahu bɛn na ɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ krataa a wɔkyerɛw kodi Ahenni no ho adanse mu? (b) Wubetumi aka osuahu bi a ɛte saa?

16 Susuw osuahu bi ho hwɛ. Mfe pii a atwam ni no, Ɔdansefo bi kyerɛw krataa kodii ɔbea kunafo bi a wɔbɔɔ ne kunu wu ho amanneɛ wɔ atesɛm krataa mu adanse faa Ahenni no ho. Wannya ho mmuae biara. Afei, bɛboro mfe 21 akyi, wɔ November 1994 mu no, Ɔdansefo no nsa kaa krataa fii ɔbea no babea hɔ. Ne babea no kyerɛwee sɛ:

17 “Wɔ April 1973 mu no, wokyerɛw me maame bɛkyekyee ne werɛ bere a me papa wui no. Saa bere no na madi mfe akron. Me maame suaa Bible no, nanso ɔmmɛyɛɛ Yehowa somfo. Nanso, bere kɔɔ so no, n’adesua no maa mede me ho bataa nokware no ho. Wɔ 1988 mu no, mifii ase suaa Bible—wo krataa no bae no akyi mfe 15. Wɔbɔɔ me asu March 9, 1990. Meda wo ase paa wɔ wo krataa a wokyerɛw no mfe pii ni no ho, na ɛyɛ me anigye pii sɛ merema woahu sɛ ɛdenam Yehowa mmoa so no, aba a wugui no anyin. Me maame de wo krataa no maa me sɛ memfa nsie, na mepɛ sɛ mihu onipa ko a woyɛ. Mewɔ anidaso sɛ wo nsa bɛka krataa yi.” Ɔdansefo a ɔkyerɛw ɔbea no mfe pii ni no nsa kaa ɔbabea no krataa a na n’address ne ne telefon nɔma ka ho no ampa. Susuw sɛnea ababaa no ho dwiriw no bere a Ɔdansefo no—a ɔda so kyerɛw nkrataa kɔka Ahenni anidaso no kyerɛ afoforo—frɛɛ no wɔ telefon so no ho!

Adwene, Abrabɔ, ne Honhom Fam Nkɔanim a Yebenya

18. Wɔ Bible mmere mu no, ɔkwan bɛn so na awofo dii wɔn mma adwene ne abrabɔ fam ntetee ho dwuma?

18 Atirimpɔw a ɛto so abiɛsa ne sɛ ɛsɛ sɛ nhomasua a ɛkari pɛ boa yɛn ma yenya adwene ne abrabɔ mu nkɔanim. Wɔ Bible mmere mu no, na wobu ntetee a wɔde ma mmofra wɔ adwene ne abrabɔ fam no sɛ awofo asɛyɛde atitiriw no biako. Wɔankyerɛ mmofra akenkan ne akyerɛw kɛkɛ, na mmom nea ɛsen saa no, wɔkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Mmara, a na ɛfa wɔn asetra mu biribiara ho no. Enti, na nea ɛka nhomasua ho ne ɔkyerɛkyerɛ a ɛfa wɔn som mu asɛyɛde ahorow ne aware, abusuafo ntam abusuabɔ, ne nna mu ɔbra pa ho nnyinasosɛm ahorow, ne afei nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma wɔn yɔnko nipa ho. Ɛnyɛ sɛ adesua a ɛte saa no boaa wɔn ma wonyaa nkɔanim wɔ adwene ne abrabɔ fam nko, na mmom honhom fam nso.—Deuteronomium 6:4-9, 20, 21; 11:18-21.

19. Ɛhe na yebetumi anya adesua a ɛkyerɛ yɛn abrabɔ ho gyinapɛn a eye sen biara a yɛde bɛtra ase, na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya nkɔso wɔ honhom mu?

19 Ɛnnɛ nso ɛ? Wiase nhomasua papa ho hia. Ɛboa yɛn ma yenya nkɔanim wɔ adwene mu. Nanso ɛhe na yebetumi anya adesua a ɛbɛkyerɛ yɛn abrabɔ gyinapɛn a eye sen biara a ɛsɛ sɛ yɛde tra ase, na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya honhom mu nkɔanim afi? Wɔ Kristofo asafo no mu no, yenya teokrase adesua nhyehyɛe bi a ebi nni asase so baabi foforo biara. Ɛdenam Bible ne Bible ho nhoma ahorow a yesua no kokoam, ne ɔkyerɛkyerɛ a wɔde ma yɛn wɔ asafo nhyiam horow, amansin ne amantam nhyiam ase so no, yetumi nya saa adesua a ɛsom bo a ɛrekɔ so yi—ɔsoro adesua—a yentua hwee! Dɛn na ɛkyerɛ yɛn?

20. Dɛn na ɔsoro adesua kyerɛ yɛn, na dɛn na efi mu ba?

20 Sɛ yefi ase sua Bible no a, yehu Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛ atitiriw, ‘mfiase nsɛm no.’ (Hebrifo 6:1) Bere a yɛkɔ so sua no, yenya “aduan a ɛyɛ den”—ɛno ne, nokwasɛm ahorow a emu dɔ kɛse. (Hebrifo 5:14) Nanso, nea ɛsen saa no, yesua nnyinasosɛm pa a ɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so atra ase sɛnea Onyankopɔn pɛ. Sɛ nhwɛso no, yesua sɛ yɛbɛkwati suban ne nneyɛe a ‘egu ɔhonam ho fi’ na yenya obu ma nnipa foforo ne wɔn agyapade. (2 Korintofo 7:1; Tito 3:1, 2; Hebrifo 13:4) Nea ɛka ho bio no, yebehu hia a nokwaredi ne nsi a yɛde bɛyɛ yɛn adwuma ho hia ne mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛde Bible mmara a ɛfa nna mu ɔbrapa ho no bɛtra ase. (1 Korintofo 6:9, 10; Efesofo 4:28) Bere a yenya nkɔanim wɔ nnyinasosɛm ahorow yi a yɛde di dwuma wɔ yɛn asetram mu no, yenyin honhom mu, na yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu yɛ den. Bio nso, yɛn abrabɔ pa no ma yɛyɛ ɔmamma pa, a baabi a yɛte mfa ho. Na eyi betumi akanyan afoforo ma wɔde ayeyi ama ɔsoro adesua Farebae no—Yehowa Nyankopɔn.—1 Petro 2:12.

Ntetee Pa a Ehia Ma Da Biara Da Asetra

21. Ntetee a mfaso wɔ so bɛn na mmofra nyae wɔ Bible mmere mu?

21 Nhomasua a ɛkari pɛ botae a ɛto so anan ne sɛ ɛbɛma obi anya ntetee pa a ehia ma da biara da asetra. Ná adwumasua ka nkyerɛkyerɛ a awofo de ma wɔ Bible mmere mu no ho. Wɔkyerɛɛ mmeawa no ofie nnwuma. Mmebusɛm ti a etwa to no da no adi sɛ gyama na eyi dɔɔso, na na egu ahorow. Enti wɔkyerɛɛ mmeawa asaawatow, adenwene, ne aduannoa, ɛne ofiehwɛ, aguadi, ne mfuw, nsase ne adan tɔ ne ne tɔn. Na wɔtaa kyerɛ mmarimaa no wɔn agyanom adwuma, sɛ́ ɛyɛ kuadwuma anaa nsaanodwuma anaa adwinni bi. Yesu suaa duadwumfo adwuma fii ne maame kunu, Yosef hɔ; ne saa nti, wɔamfrɛ no “duadwumfo no ba” nko, na mmom “duadwumfo no” nso.—Mateo 13:55; Marko 6:3.

22, 23. (a) Ɛsɛ sɛ nhomasua siesie mmofra ma dɛn? (b) Sɛ ɛte sɛ nea ɛho hia sɛ yɛpaw nhomasua ntoaso a, atirimpɔw bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ saa?

22 Ɛnnɛ nso, nea ɛka nhomasua a ɛkari pɛ ho ne sɛ ebesiesie yɛn ma yɛatumi adi abusua ahiade ho dwuma da bi. Ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 5:8 no da no adi sɛ obi abusuafo a ɔbɛhwɛ wɔn no yɛ asɛyɛde kronkron. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” Ɛnde ɛsɛ sɛ nhomasua siesie mmofra ma asɛyɛde a wobeso mu wɔ asetra mu, na afei ɛma wɔbɛyɛ ɔmanfo a wɔyɛ adwumaden.

23 Ɛsɛ sɛ yenya wiase nhomasua kodu he? Ɛbɛsono sɛnea ɛte wɔ ɔman biara mu. Nanso sɛ adwumayɛ hokwan no hwehwɛ sɛ wonya ntetee no bi ka nea mmara hwehwɛ no ho a, ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔboa wɔn mma no ma wosi nhomasua ntoaso anaa adwumasua ho gyinae, bere a wosusuw mfaso a wobetumi anya afi adesua ntoaso a ɛte saa no mu ne emu akwanside no ho. Nanso, ɛte sɛ nea ɛho hia sɛ obi paw nhomasua ntoaso a, atirimpɔw bɛn na ɛsɛ sɛ ɔde yɛ saa? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ ahonyade, anuonyampɛ anaa ayeyi ntia. (Mmebusɛm 15:25; 1 Timoteo 6:17) Kae asuade a yenya fii Yesu nhwɛso no mu no—ɛsɛ sɛ yɛde nhomasua yi Yehowa ayɛ. Sɛ yɛpaw sɛ yɛbɛtoa yɛn nhomasua so a, ade a ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛhwɛ yɛn ho sɛnea ɛsɛ na ama yɛatumi asom Yehowa sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara wɔ Kristofo som adwuma no mu.—Kolosefo 3:23, 24.

24. Asuade bɛn na yenya fi Yesu hɔ a ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da?

24 Enti momma yɛmfa nsi mmɔ yɛn ho mmɔden sɛ yebenya wiase nhomasua a ɛkari pɛ. Ɛmmra sɛ yebenya ɔsoro adesua a ɛrekɔ so a wɔde ma wɔ Yehowa ahyehyɛde mu no so mfaso akosi ase. Na mommma yɛn werɛ mmfi asuade a mfaso wɔ so a yenya fii nhomanimfo a ɔsen biara a watra asase so pɛn, Yesu Kristo, hɔ no da—ɛnsɛ sɛ yɛde nhomasua hyɛ yɛn ankasa ho anuonyam, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yi Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara, Yehowa Nyankopɔn, ayɛ!

Wo Mmuae ne Dɛn?

◻ Dɛn na Yesu de nea osuae no yɛe?

◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ yesua akenkan yiye?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi de akyerɛw a yenim no ayi Yehowa ayɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na ɔsoro adesua boa yɛn ma yenya abrabɔ ne honhom fam nkɔso?

◻ Ntetee a mfaso wɔ so bɛn na ɛsɛ sɛ ɛka nhomasua a ɛkari pɛ ho?

[Kratafa 10 mfonini]

Wɔ tete Israel no, na wobu nhomasua sɛ ɛho hia kɛse

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena