Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/99 kr. 7
  • So Wowɔ Dodow Bi a Wugye no Daa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wowɔ Dodow Bi a Wugye no Daa?
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Fa Bere Si Hɔ ma Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Asafo Nhoma Horow A Wɔde Di Dwuma So
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 4/99 kr. 7

So Wowɔ Dodow Bi a Wugye no Daa?

1 So woakɔ asɛnka nhyiam bi pɛn ahu sɛ na wunni nsɛmma nhoma wɔ w’adansedi bag mu? Wiɛ, kae krataa a ɛhyɛ September 1995 Yɛn Ahenni Som mu a ese “Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So” no. Ɛka kyerɛɛ yɛn sɛ ‘yennya nsɛmma nhoma dodow pɔtee a yegye,’ na ɛkyerɛe sɛ: “Ma onua a ɔhwɛ nsɛmma nhoma so no nhu nsɛmma nhoma biara dodow pɔtee a wopɛ sɛ wugye. Saa kwan yi so no, wo ne w’abusua benya nsɛmma nhoma a ɛbɛso mo bere nyinaa.” So woayɛ eyi?

2 Dɛn nti na womma nea ɔhwɛ nsɛmma nhoma so no nhu nea ɛbɛba biara dodow a wubehia? Ɛbɛma woate nka sɛ ɛsɛ sɛ wokyekyɛ nsɛmma nhoma no dapɛn biara, na saayɛ no de anigye kɛse bɛbrɛ wo. Sɛ wowɔ nea ɛba biara dodow bi a wugye dedaw a, susuw ho bio hwɛ sɛ ebia nea wugye no ara na wuhia ɔsram biara wɔ ɔsom adwuma no mu anaa. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yefi nokwaredi mu gye nea bere nyinaa yɛkra no dapɛn biara no, na ɛsɛ sɛ yebu no ahiasɛm. Sɛ worebefi asafo no mu akodi nna kakra wɔ baabi a, ma nsɛmma nhoma sohwɛfo no nhu sɛ ebia wobɛpɛ sɛ ɔde wo nsɛmma nhoma no ma obi foforo kosi bere a wobɛba.

3 Krataa koro no ara nso kae sɛ ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ nsɛmma nhoma da a wɔyɛ no daa ho nhyehyɛe.’ So wubetumi de wo ho ahyɛ mo asafo no Nsɛmma Nhoma Da no mu? Sɛnea ɛda adi wɔ 1999 Calendar of Jehovah’s Witnesses so no, eyi yɛ afe no mu Memeneda biara! Mmu w’ani ngu hia a ehia sɛ yɛkyekyɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no so. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa akosi ase a, ɛma yɛde ‘biribi pa ho asɛmpa’ ma yɛn afipamfo.—Yes. 52:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena