“Dɛn na Menyɛ?”
1 Sɛ́ abofra a woreyɛ adu mpanyin afe so no, ebia wubebisa sɛ, ‘Dɛn na menyɛ wɔ asetram?’ Kristofo mmofra ani gye ho sɛ wɔbɛtrɛw wɔn som adwuma ma Yehowa no mu. Nanso wobɛyɛ dɛn ayɛ eyi bere a wudi mpanyimfo asɛyɛde a ebi ne sɛ wobɛhwehwɛ w’ankasa wo honam fam ahiade, ho dwuma no? Ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wubenya ɛno ho mmuae.
2 Mmofra binom haw bere a wosusuw wiase sikasɛm ne nea ebetumi aba daakye ho no. Wobisa sɛ: ‘Mentoa sukuu so anaa? Memfa me ho nhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu ntɛm pa ara?’ Nea ɛbɛyɛ na obi atumi asi gyinae pa no, ɛsɛ sɛ ofi nokwaredi mu ma asɛmmisa yi ho mmuae, ‘Dɛn ne m’asetra mu ade titiriw?’ Ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ ne botae ahorow mu yiye.
3 Dɛn na wode asi w’ani so titiriw sɛ wobɛyɛ wɔ wo mmeranteberem? So nea ehia wo ara ne sɛ wubenya sika, anaasɛ wopɛ sɛ wode w’asetra di dwuma ma Ahenni nneɛma nya nkɔso ankasa? Ɛnyɛ sukuupɔn mu abodin krataa a obi benya no na ɛbɛkyerɛ sɛ obedi yiye wɔ adwumam. Nnipa pii afa kwan foforo so anya nsaanodwuma denam adwuma a wosua so, na ebinom kɔ nsaanodwuma anaa mfiridwuma ho sukuu, anaa bere tiaa mu sukuupɔn adesua a ennye bere ne adagyew pii.
4 Gye Yehowa Asɛm Di: Ade titiriw a ɛho hia sɛ yesusuw ho ne awerɛhyemnsɛm a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛma wɔn a wɔde Ahenni nneɛma di kan wɔ wɔn asetra mu no nsa aka wɔn ahiade. (Mat. 6:33) Eyi nyɛ bɔhyɛ hunu. Anuanom mmarima pii a wɔkɔ Asomfo Ntetee Sukuu no nyaa sukuupɔn mu abodin nkrataa ansa na wɔrebehu nokware no. Nanso adwuma bɛn na na wɔyɛ? Wɔn mu kakraa bi na na wɔyɛ adwuma a wokosuaa ho ade no. Ná wɔn mu pii yɛ nnwuma ma nkurɔfo, na na wotumi nya sika hwɛ wɔn ho bere a wɔyɛ akwampae adwuma no. Ɛdenam trɛw a wɔtrɛw wɔn som adwuma mu so no, wɔrenya nhyira horow a ɛkyɛn sika biara.
5 Bere a woresi nea ɛsɛ sɛ woyɛ bere a woawie ntoaso sukuu ho gyinae no, susuw nsɛm a ɛfa ho nyinaa ho na hwehwɛ wo botae horow mu yiye. Sɛ wopɛ nea wobɛyɛ ho adwene a ɛkari pɛ a, susuw nsɛm a epuei wɔ March 8, 1998 Nyan! nkratafa 26-28 no ho. Wo ne w’awofo, asafo mu mpanyimfo, ɔmansin sohwɛfo, ne akwampaefo a wɔbɔ mmɔden wɔ faako a wowɔ no mmɔ ho nkɔmmɔ. Ɛno bɛboa wo ma woasi gyinae pa wɔ nea ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ asetram no ho.—Ɔsɛnk. 12:1, 13.