Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/99 kr. 1
  • Kyerɛkyerɛ Afoforo Ma Ɛso Mmra Wɔn Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyerɛkyerɛ Afoforo Ma Ɛso Mmra Wɔn Mfaso
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Worenya Mfaso?
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Ɛho Hia sɛ Yɛde Onyamesom Pa Di Dwuma wɔ Fie
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Nya Abusua Asetra Mu Anigye
    Nya Abusua Asetra Mu Anigye
  • Biribi Wɔ Hɔ a Ɛde Abusua mu Anigye Ba?
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 5/99 kr. 1

Kyerɛkyerɛ Afoforo Ma Ɛso Mmra Wɔn Mfaso

1 Yehowa pɛ nnipa nyinaa yiye. (Yes. 48:17) Onim nea ɛma yenya anigye a edi mũ. Nea ɔpɛ paa ne sɛ nnipa betie ne mmara nsɛm na ama wɔakwati amanehunu na wɔanya nkwa. Sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ a, ɛso ba yɛn mfaso kɛse. (Dw. 34:8) Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛkyerɛ afoforo ama wɔayɛ saa ara?

2 Dɛn na Nkurɔfo Hwehwɛ? Dɛn na ehia afiewuranom wɔ mo mpɔtam hɔ? So ɛnyɛ wɔn fie ho bammɔ, wɔn aware a ebegyina, wɔn mma daakye, ne nneɛma a ɛtete saa? Sɛ asɛm to wɔn a, ɛhe na wɔkɔhwehwɛ mmoa fi? Ebia wɔde wɔn ho bɛto wɔn ankasa, nhyehyɛe a wɔyɛ ma nkurɔfo de di wɔn ankasa haw ho dwuma, anaa afoforo akwankyerɛ so. Bere a nnipa pii yɛ saa no, sɛnea nyansahyɛ a wɔkyerɛ sɛ ɛso bɛba wɔn mfaso no nhyia na entumi nyɛ adwuma no ma wɔyɛ basaa. Ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ akwankyerɛ a Onyankopɔn Asɛm de ma no ye sen biara. (Dw. 119:98) Ɔkwan a yebetumi afa so ayɛ eyi ne sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn sɛnea sɛ ɛnnɛ mpo wɔbɔ mmɔden sua Bible no de nea ɛka no di dwuma a, ebetumi ama wɔn asetra atu mpɔn no.—2 Tim. 3:16, 17.

3 Abusua Asetra a Ɛyɛ Yiye: Nnipa kakraa bi na wohu sɛnea afotu a efi honhom mu a ɛwɔ Efesofo 5:22–6:4 no tumi boa paa ma wodi abusua mu nsɛnnennen ho dwuma. Etumi boaa awarefo bi a wɔwaree mfe du akyi no, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtetew mu no. Wɔne ɔbea no fii Bible adesua ase, na wɔkyerɛɛ no Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a ɛfa aware ho. Ankyɛ na okunu no huu nsakrae a esiane Bible nnyinasosɛm ahorow a ne yere de di dwuma nti na ɔreyɛ no, na ɔbɛkaa adesua no ho. Akyiri yi, ɔbarima no kae sɛ: “Afei na yɛanya biribi a ɛde abusua asetra a ɛyɛ anigye ba paa.”

4 Asetra Mu Atirimpɔw Ankasa: Bere a aberantewa bi a ɔnom nnubɔne hwehwɛɛ mmoa fii Adansefo no hɔ no, wɔkyerɛkyerɛɛ no sɛ Yehowa dwen ne ho. Ɔkae sɛ: ‘Mibehui sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ atirimpɔw ma nnipa, na ɔde daa nkwa dom wɔn a wɔsɔ n’ani no. Anigye a ɛma minyae no nni ano. Seesei mewɔ akwahosan pa ne asomdwoe, na me ne Nyankopɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den.’

5 Obiara betumi anya mmoa a etu mpɔn a Onyankopɔn Asɛm de ma no so mfaso bi. Ɛdenam kyerɛ a yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan so no, yedi ho adanse sɛ Yehowa kwan korɔn sen wiase no akwan koraa. (Dw. 116:12) Ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛka saa asɛm yi akyerɛ afoforo, na yɛakyerɛkyerɛ wɔn ma ɛso aba wɔn mfaso. Bere a yɛyɛ saa no, ɛbɛsow aba pa pii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena