Di Kan Yɛ Nhyehyɛe!
1 Yehowa ahyehyɛde no yɛ teokrase dwumadi ahorow ho nhyehyɛe bere nyinaa de ma yɛn honhom fam nneɛma a yehia. Ɛho anisɔ a yɛwɔ no ka yɛn ma yenya nhyehyɛe biara a wɔyɛ, te sɛ ɔhwɛfo kwantuni nsrahwɛ, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ahorow ne dwumadi atitiriw biara a yɛn asafo no bɛyɛ ho mfaso kosi ase. (Mat. 5:3) Nanso, ebinom ma saa honhom fam nsiesiei ahorow yi pii pa wɔn ti so esiane nhyehyɛe foforo a wɔayɛ nti. Dɛn na wobetumi ayɛ na wɔakwati eyi? Yɛbɛyɛ dɛn ahwɛ ahu sɛ nneɛma a ɛnyɛ teokrase dwumadi no remmunkam “nneɛma a eye koraa” no so?—Fil. 1:10.
2 Nneɛma Ho Nhyehyɛe Pa a Wɔyɛ Ho Hia: Mmebusɛm 21:5 tu fo sɛ: “Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba, na obiara a ɔpere ho no, ɛde no kɔ ohia nko mu.” Sɛ yebenya honhom fam “adedodow” a, ehia sɛ yedi kan yɛ nhyehyɛe a edi mũ, na yɛma teokrase dwumadi ahorow a wɔayɛ ho nhyehyɛe no tra yɛn adwene mu. Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ankasa nhyehyɛe hyɛ bere a ɛsɛ sɛ anka yekogye honhom fam nhyira no. Sɛ yɛde ahopere yɛ nhyehyɛe de di yɛn ankasa nneɛma ho dwuma bere a yensusuw teokrase dwumadi a ɛda yɛn anim ho a, ebetumi ama yɛadi honhom fam ‘hia.’
3 Mma Ɛmmpa Wo Ti So! Yɛn nyinaa yɛ nhyehyɛe ma daakye, a emu bi ne akwamma, adwuma ho akwantu, abusuafo a yɛkɔsra wɔn, ne nea ɛkeka ho. Ansa na wode wo ho bɛhyɛ biribi mu anaa wubesi nhyehyɛe bi pi no, hwehwɛ honhom fam dwumadi ahorow a ɛda yɛn anim ho nhyehyɛe mu hwɛ. Sɛ wubehu sɛ bere a wubetu kwan no ara na ɔmansin sohwɛfo bɛba anaa nhyiam bi bɛba so a, bɔ mmɔden kɛse yɛ nsakrae wɔ wo nhyehyɛe mu na ama woanya mu kyɛfa. Wodi kan ma yehu dwumadi atitiriw a ɛda yɛn anim bere tenten. W’asafo mu mpanyimfo betumi aka mo asafo no mu nhyehyɛe akyerɛ wo.
4 Sɛ yɛhwɛ ade kɔ akyiri na yedi kan yɛ nhyehyɛe ma nneɛma a ɛho hia a, ɛbɛma yɛasow “trenee aba . . . ama Onyankopɔn anuonyam ne ayeyi.”—Fil. 1:11.