Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/99 kr. 2-3
  • May Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • May Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase May 3
  • Dapɛn a Efi Ase May 10
  • Dapɛn a Efi Ase May 17
  • Dapɛn a Efi Ase May 24
  • Dapɛn a Efi Ase May 31
Yɛn Ahenni Som—1999
km 5/99 kr. 2-3

May Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase May 3

Dwom 7

8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Teokrase Nsɛmmansɛmma.

17 min: “Kyerɛkyerɛ Afoforo Ma Ɛso Mmra Wɔn Mfaso.” Mma wo nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so. Fa Nimdeɛ nhoma no ti 13 kyerɛ sɛnea nkurɔfo nya mfaso kɛse fi Bible nnyinasosɛm ahorow a wosua te ase, na wɔde di dwuma no so.

20 min: “Akwan a Wobɛfa so Atrɛw Wo Som Adwuma Mu.” Mpanyimfo baanu susuw asɛm no ho de bua nsɛm a atiefo no bi bisa. Mmofra nkumaa baanu a wɔyɛ adawurubɔfo, awarefo bi, ne ɔbarima bi a onyin ama wagyae adwuma bisa mpanyimfo no akwan a wobetumi afa so atrɛw wɔn som adwuma mu. Nyansahyɛ ahorow a etu mpɔn bi wɔ asɛm no mu ne Yɛn Som Adwuma nhoma no ti 9 a ɛka sɛ “Dɛn ne Wo Honhom Mu Botae Horow Ma Daakye?,” wɔ nkratafa 116-18. Adawurubɔfo no kyerɛ anisɔ wɔ nsɛm a mfaso wɔ so a Asafo ti de ama no ho, a ɛkyerɛ sɛnea wobetumi ayɛ nhyehyɛe atrɛw wɔn som adwuma no mu nnansa yi ara.

Dwom 11 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 10

Dwom 15

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: Nneɛma Foforo a Yɛbɛyɛ Aboa Wɔn a Wɔba Nkaedi No. Ɔsom adwuma sohwɛfo no kyerɛ akwan abiɛsa: (1) nhyehyɛe a yebedi kan ne anigyefo ne wɔn a wɔkra yɛn nsɛmma nhoma no ayɛ na yɛasan akɔsra wɔn; (2) boa a yɛbɛboa wɔn ma wɔakɔ so aba nhyiam ahorow; (3) Bible adesua a wɔntotom a yɛne wɔn bɛyɛ ho nhyehyɛe. Sɛ ebetumi a, ma ɔdawurubɔfo bi nyɛ ɔkwampa a yebetumi afa so de nsɛm a yɛne obi adwene hyia wɔ ho afi sankɔhwɛ a ɛbɛkɔ akowie Bible adesua mu ase ho ɔyɛkyerɛ simma 4. (Yɛn Ahenni Som, 5/94 kr. 2; 4/91 [Vol. 34, No. 4] kr. 2)

20 min: “Fa Yɛn Man Yi Mu Kasa Mu Nsɛmma Nhoma Di Dwuma!” Nsɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw ho. Si mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔbɛkenkan yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma no daa so dua. Sɛ momfa yɛn man mu kasa abiɛsa no mu biara nyɛ asafo nhyiam ahorow a, monsakra nkyekyem no bi ma ɛmfata mo tebea.

Dwom 20 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 17

Dwom 27

8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.

12 min: “Di Kan Yɛ Nhyehyɛe!” Ɔkasa a ɛkyerɛ asram pii a edi hɔ no teokrase dwumadi a asafo no ayɛ ho nhyehyɛe ato hɔ. Hyɛ obiara nkuran na ɔnhyɛ nna no agyirae wɔ ne kalenda so na wamma nneɛma foforo antwitware mu.

10 min: Bere Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛma Obi Nhoma Kwa? Ɔkasa a egyina April 1998 Yɛn Ahenni Som no “Asɛmmisa Afã” no so. Si hia a ɛho hia sɛ wɔyɛ anifere bere a ɛfata sɛ wɔyɛ saa no na amma nkurɔfo annya adwene no sɛ yɛde yɛn nhoma ne nsɛmma nhoma no kyekyɛ kwa.

15 min: “Abusua Sohwɛ Ho Asɛyɛde a Wodi Ho Dwuma.” Ɔkasa a abusua ti a ɔyɛ nhwɛso pa ma, a egyina June 1, 1998, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 20-23 so. Si hia a abusua adesua a wɔntotom ho hia so dua.

Dwom 40 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 24

Dwom 41

15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Fa asɛnka nhyehyɛe a wɔayɛ ama dapɛn awiei no ho amanneɛbɔ ma. Ka Asafo ti no krataa a wɔkyerɛw no December 15, 1998, a ɛfa “Please Follow Up” (Yɛsrɛ sɛ Monhwehwɛ Onipa Yi Akyi Kwan) (S-43) ho no mu asɛm. Kyerɛ sɛnea eyi betumi aboa ama wɔahwehwɛ anigyefo a wɔka kasa foforo a wonya wɔn wɔ bɔnnɔ so adansedi mu no akyi kwan. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa nkrataa yi nni dwuma yiye.

12 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma.

18 min: So Yɛreyɛ Mpaapaemu Adwuma Bi? Ɔkasa a ɛkanyan anigye a ɔsom adwuma sohwɛfo ma a egyina July 1, 1997, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 30-1 so.

Dwom 32 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 31

Dwom 43

15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae obiara ma ɔmfa ne May asɛnka kyerɛwtohɔ mma. Ka nhoma a wɔde bɛma June mu no ho asɛm. Sɛ mode Nimdeɛ nhoma no rema a, mubetumi de nhoma a ekura nkratafa 192 a akyɛ a esum mo asafo no mu bi aka ho. Yɛ asɛm a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ na ka yɛn Bible adesua nhyehyɛe no ho asɛm.

15 min: Asafo ahiade.

15 min: Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Me Som Ho? Nkɔmmɔ a asafo mu asomfo baanu bɔ. Yehyia nnipa pii a wɔn ani gye nokware no ho na wɔpɛ Yehowa Adansefo asɛm. Nanso, wɔn asɔre a wontumi nnyae no siw wɔn kwan. Ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegye adi sɛ yɛn som no nkutoo ne nokware som, na wɔn som no yɛ atoro. Eyi bɛyɛ akwanside kɛse ma wɔn honhom fam nkɔso. Anuanom no susuw nneɛma asia a ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 204 ho, ɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɔsom afoforo no ne Bible no nhyia mu pefee. Hyɛ atiefo no nkuran ma wɔmfa saa nsɛm yi nni dwuma anifere kwan so mfa mmoa nnipa komapafo mma wɔnhwehwɛ wɔn som nkyerɛkyerɛ ahorow mu.

Dwom 50 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena