August Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase August 2
Dwom 39
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no ne mo asafo no April asɛnka dwumadi ho asɛm. Hyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran ma wonnya asɛnka adwuma mu kyɛfa wɔ August mu.
17 min: “Nya Obu Kɛse Ma Yehowa Din Pa No.” Mma nnianim asɛm no nnnu simma biako na momfa asɛmmisa ne mmuae nsusuw ho. Twe adwene si kyerɛw nsɛm a wɔnkaa ho asɛm wom no so.—Hwɛ Tra Ase Daa nhoma no, nkratafa 184-5.
18 min: “Wiase Nhomasua ne Wo Honhom Fam Botae Horow.” Agya bi ne ne babarima anaa ne babea susuw asɛm no ho. Wosusuw asɛm a ɛte saa ara a ɛwɔ January 8, 1996 Nyan!, nkratafa 19-23 nso ho.
Dwom 148 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 9
Dwom 138
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
12 min: Akwampaefo Boa Afoforo—Nkɔso Bɛn na Moanya? Ɔkasa ne nsɛm a wobisabisa a asɛnka sohwɛfo di ho dwuma. Susuw akwankyerɛ a wɔde mae wɔ September 1998 Yɛn Ahenni Som mu, kratafa 8 no ho. Ka sɛnea mo asafo no yɛɛ eyi ho nhyehyɛe ho asɛm, na kyerɛ nkɔso a wɔn a wɔboaa wɔn no anya no. Bisabisa akwampaefo no biako anaa baanu ne adawurubɔfo bi a wɔanya mmoa afi akwampaefo no hɔ nsɛm. Hyɛ wɔn a afei na wɔrebɛboa wɔn no nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ nhyehyɛe no mu nkosi ase.
25 min: “So Akwampae Adwuma Hokwan Abue Ama Wo Seesei?” Asɛmmisa ne mmuae a ɔpanyin bi di ho dwuma. Fa adwempa kyerɛkyerɛ mu sɛ adawurubɔfo pii betumi abɛyɛ akwampae adwuma no bi. Bisabisa akwampaefo a wobetumi aka wɔn ankasa suahu a ɛkyerɛ sɛnea wotumi dii akwanside a afoforo taa hyia no ho dwuma no nsɛm. Kyerɛkyerɛ “Nea Akwampaefo Betumi Ahwɛ So Ahyehyɛ Wɔn Bere” no mu na ka sɛnea nhyehyɛe pa betumi ama obi anya nnɔnhwerew dodow a wɔhwehwɛ no ho asɛm. Fa to gua sɛ obiara a ɔpɛ akwampae akwammisa krataa no bi betumi agye bi bere a moapɔn nhyiam no.
Dwom 202 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 16
Dwom 131
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
10 min: Asafo mu ahiade.
12 min: “Asɛyɛde a Awofo Wɔ sɛ Wɔde Wɔn Mma a Wɔkɔ Sukuu Honhom Fam Ahiade Bɛma Wɔn.” Nsɛmmisa ne Mmuae. Ɛsɛ sɛ abusua ti a ɔyɛ nhwɛso pa di ho dwuma.
18 min: Woreyɛ Asuafoyɛ Adwuma no Bi? Atiefo nkɔmmɔbɔ. Esiane sɛ yɛde nhoma pii ma nkurɔfo nti, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebefi Bible adesua ase sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aboa wɔn ma wɔanya nhoma a wɔgye no so mfaso. Ma adawurubɔfo nkyerɛ nea enti a wontumi nyɛ Bible adesua bebree no: (1) Ɛyɛ den sɛ wobenya nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wosua Bible. (2) Ebinom a wɔkyerɛ anigye no ka sɛ wonni adagyew a wɔde besua ade. (3) Sɛ mufi adesua no ase a, ɛyɛ den sɛ wobɛto onipa no wɔ fie ma moatoa so. Afei nso ka adwene a adawurubɔfo bi kura wɔ Bible adesua ho no ho asɛm: (1) ‘Mete nka sɛ memfata sɛ ɔkyerɛkyerɛfo.’ (2) ‘Minni bere a mede bɛyɛ adesua dapɛn biara.’ (3) ‘Mempɛ sɛ mede obi ho adwuma bɛto me ho so.’ (4) ‘M’ani gye asɛnka adwuma no afã foforo a meyɛ no ho.’ Fa sɛnea wobedi akwanside horow yi ho dwuma na ama wɔanya asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa ho nyansahyɛ ma. Ma adawurubɔfo a wɔatumi ayɛ Bible adesua no nkyerɛ anigye a wɔanya wɔ adwuma a ɛte saa mu.—Hwɛ krataa a ɛhyɛ April 1998 Yɛn Ahenni Som mu no, nkyekyem 3-8, 15.
Dwom 100 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 23
Dwom 94
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: Boa Wɔn a Wɔakyerɛ Anigye Foforo Ma Wonhu sɛ Aware Yɛ Kronkron. Ɔpanyin ne atiefo susuw asɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no mu, nkratafa 248-50 ho. Yehyia awarefo a wotie Ahenni asɛm no nanso wontumi nnya nkɔso ntɛmntɛm esiane sɛ wɔmfaa wɔn aware nhyɛɛ mmara ase no nti. Ka sɛnea yebetumi aboa wɔn ma wɔate nea enti a ɛsɛ sɛ Kristofo di aware ni no ase. (Hwɛ January 8, 1992, Egiresi Nyan!, nkratafa 26-7, December 8, 1996 Nyan!, nkratafa 16-19.) Fa sɛnea yebetumi de anifere aboa awarefo a wɔte saa ma wɔahu nea enti a wontumi mmɛyɛ asafo no mufo kosi sɛ wɔde wɔn aware bɛhyɛ mmara ase no ho nyansahyɛ ma.
20 min: “Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Buddhani?” Nsɛmmisa ne Mmuae. Mpɛn pii no ɛyɛ a yenhu nea yɛnka bere a yehyia nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu a wɔnyɛ Kristofo na ɛsono wɔn gyidi, nneyɛe, ne amammerɛ no. Eyi ne nsɛm a ɛwɔ afã anum a ɛbɛtoatoa so aba no mu nea edi kan. Yɛ ɔkwampa a wobetumi afa so ayɛ eyi ho ɔyɛkyerɛ. Nea ɛbɛyɛ na woanya Buddhafo ho nsɛm pii no, hwɛ krataa a ɛhyɛ February 1998 Yɛn Ahenni Som mu; Reasoning nhoma, kratafa 21; ne Mankind’s Search for God, ti 6.
Dwom 133 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 30
Dwom 99
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae obiara ma ɔmfa August asɛnka ho kyerɛwtohɔ mmra. Ɛsɛ sɛ Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo hwɛ ma obiara a ɔwɔ wɔn kuw no mu de ne kyerɛwtohɔ ba sɛnea ɛbɛyɛ a ebedu September 6 no, na wɔatumi aka ne nyinaa abom.
17 min: Yɛdɔ Yɛn Nuanom. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin bi di ho dwuma a egyina December 1, 1995, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 15-17, nkyekyem 7-11 so. Si mfaso horow a yenya fi yɛn nuanom a yebehu wɔn yiye, ahyehyɛ yɛn ho nkuran, na yɛaboa yɛn ho na ama yɛatumi agyina sɔhwɛ ahorow ano no so dua. Fa sɛnea yebetumi ayɛ eyi pii ho nyansahyɛ ma. Ma atiefo nka osuahu a ɛkyerɛ sɛnea afoforo dɔ a woyii adi kyerɛɛ wɔn no kyekyee wɔn werɛ na ɛhyɛɛ wɔn den.
18 min: Fa Anidaso a Wowɔ no Ho Nkyerɛkyerɛmu Ma. Ɔpanyin bisabisa abofra anaa mmofra baanu a wɔkɔ sukuu a wonnii mfe aduonu na wɔyɛ nhwɛso pa nsɛm. Wɔn atipɛnfo a wɔwɔ wiase no mu taa bisa nea enti a yɛn mmofra no mpɛ sɛ wɔne wɔn bɛbom ayɛ nneɛma ahorow a wɔyɛ no. Ɛho hia sɛ yɛn mmofra no gyina pintinn bere a wɔde hokwan no kyerɛkyerɛ wɔn gyidi a egyina Bible so no mu no. Kuw no susuw nea wɔbɛyɛ bere a wɔma wɔn tawa anaa nnubɔne no ho. Munsusuw adwenkyerɛ a wɔde ama wɔ Young People Ask nhoma no, nkratafa 277-81 mu no ho. Kyerɛkyerɛ nea enti a wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ no yɛ ahobammɔ ne adansedi no mu.
Dwom 129 ne mpaebɔ a wɔde wie.