Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/99 kr. 3-4
  • So Akwampae Adwuma Hokwan Abue Ama Wo Seesei?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Akwampae Adwuma Hokwan Abue Ama Wo Seesei?
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Yɛbɛyɛ Bio?—Yɛreto Nsa Afrɛ Akwampaefo Aboafo Bio
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Akwampae Adwuma—So Wubetumi Ayɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 8/99 kr. 3-4

So Akwampae Adwuma Hokwan Abue Ama Wo Seesei?

1 Yɛn 1999 afe asɛm no kae yɛn sɛ yɛda so ara wɔ Yehowa “nkwagye da” no mu. (2 Kor. 6:2) Nanso ɛrenkyɛ na ne nkwagye da no aba awiei. Afei ‘n’atemmu da’ no befi ase. (2 Pet. 2:9) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ nnipa pii reba, bere a Yehowa kɔ so bue nkwagye hokwan ma adesamma no!

2 Yehowa nkurɔfo redu nnipa asoɔmmerɛfo nkyɛn ansa na aka akyi koraa. Wɔ Ahenni adawurubɔfo pii fam no, eyi ama wɔayɛ akwampaefo. So akwampae adwuma hokwan abue ama wo seesei? Dɛn nti na yebisa saa?

3 Ɛho Anisɔ a Wɔakyerɛ: Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ January 1999 Yɛn Ahenni Som mu no, wɔatew nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ fi daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo nyinaa hɔ no so. Nea ɛbɛyɛ na wɔadu ahwehwɛde foforo yi ho no, ɛsɛ sɛ daa akwampaefo de nnɔnhwerew 70 yɛ ɔsom adwuma no ɔsram biara, a sɛ wɔka bom a, ɛyɛ nnɔnhwerew 840 afe biara. Akwampaefo aboafo de nnɔnhwerew 50 na ɛbɛyɛ ɔsom adwuma no ɔsram biara. Nsɛm pii a wɔaka de akyerɛ anisɔ wɔ nsakrae yi ho a yɛn nsa aka no mu kakra ni:

“Akyɛde a nhyira wɔ so a efi yɛn soro Agya hɔ bɛn ara ni!”

“Asɛm biara nni hɔ a yebetumi aka de akyerɛ yɛn anigye, yɛn dɔ, ne nsiesie yi ho anisɔ a yɛwɔ!”

“Ɛbɛma yɛatumi adi yɛn bere nhyehyɛe so a yɛmmrɛ koraa!”

“Yɛn mpaebɔ ne sɛ nnipa pii de wɔn ho bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu afei, na wɔanya nhyira a efi Yehowa a yɛsom no wɔ ɔkwan a ɛso saa so mu ba no bi.”

4 Bere a yɛrebɛn Onyankopɔn nkwagye da no awiei no, ɛda adi sɛ Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo de ayeyi kɛse a etwa to koraa ma. Asɛm yi retrɛw kɛse denam (1) Ahenni adawurubɔfo dodow a ɛkɔ anim ntoatoaso ne (2) hwehwɛ a yɛn mu biara hwehwɛ sɛ ɔbɛma nea otumi yɛ wɔ Ahenni asɛnka no mu akɔ anim no so. Yehowa a “ɔma enyin no” nam akwan abien yi so ama nkɔso aba denam hyira a wahyira ɔpɛ honhom a wɔn a wɔapene nkwagye so nyinaa wɔ so no so.—1 Kor. 3:6, 7; Dw. 110:3.

5 Ɛmma Atirimpɔw no Nyɛ Kwa: Ɛyɛ Yehowa nkwagye da no nti na Paulo tuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ: “Na yɛn a yɛne no [Yehowa] bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ munnnye Onyankopɔn dom no kwa.” Sɛ yebu bere yi sɛ “ɔdom bere,” a ɛsɛ sɛ yɛde hokwan biara yɛ afoforo nkwagye ho adwuma a, yɛremma ‘atirimpɔw no nyɛ kwa.’ (2 Kor. 6:1, 2) Paulo nsɛm no gye ntɛmpɛ kɛse nnɛ. Kristofo a wofi komam dɔ Yehowa no bu ɔsom adwuma a ɔde ahyɛ wɔn nsa no mu kyɛfa a wobenya akosi ase no sɛ hokwan kɛse. So wutumi de wo ho hyɛ ɔsom adwuma no mu kosi ase sɛ daa ɔkwampaefo afei?

6 Ɛyɛ Botae a Ɛfata: Wɔ Ghana no, yɛn botae ne sɛ ebedu September 1 no, na yɛanya daa akwampaefo 5,000. Yegye di sɛ botae no fata na yebetumi adu ho nso. Dɛn nti na yɛwɔ ahotoso saa? Wɔ March 1997 mu no, anuanom 5,759 na wɔyɛɛ akwampaefo aboafo, na wɔ April 1998 mu nso, bɛyɛ 4,800 na wɔde wɔn ho hyɛɛ mu. Wɔn mu dodow no ara nyaa nnɔnhwerew 60—ɛkaa nnɔnhwerew 10 pɛ na ɛne daa akwampaefo ahwehwɛde foforo no ayɛ pɛ! Sɛ wɔn a wɔayɛ akwampaefo aboafo no mu 750 pɛ mpo bɛyɛ daa akwampaefo ansa na ɔsom afe yi akɔ n’awiei a, yebetumi de daa akwampaefo 5,000 anaa nea ɛboro saa afi September ase!

7 Nhyehyɛe Ho Hia: So ɛte sɛ nea nnɔnhwerew 70 a wode bɛyɛ asɛnka adwuma ɔsram biara no da so ara yɛ den ma wo? Sɛ wode ebia nnɔnhwerew 17 yɛ adwuma dapɛn biara a ebetumi aboa. Bere a wode bere nhyehyɛe a ɛwɔ kratafa a edi hɔ no reyɛ adwuma no, bɔ mmɔden yɛ w’ankasa daa akwampaefo bere nhyehyɛe a ɛne wo nsɛm tebea behyia. Bere a woyɛ wo bere nhyehyɛe no, wo ne akwampaefo a wɔn ho akokwaw mmɔ ho nkɔmmɔ, na gye afotu fi wɔn nkyɛn wɔ sɛnea wotumi kari pɛ wɔ wɔn akwampae adwuma no ne wɔn ankasa anaa abusua asɛyɛde horow mu no ho. Bisa wo mansin sohwɛfo ma ɔnkyerɛ wo sɛnea akwampaefo a wɔwɔ mansin no mu yɛ wɔn som adwuma ho nhyehyɛe dapɛn biara. Afei fa wo ho to Yehowa so ma onhyira akwampae adwuma ho nhyehyɛe a woayɛ no so.—Mmeb. 16:3.

8 Fa Yɛ Abusua no Botae: So moasusuw ho sɛ mobɛyɛ akwampae adwuma no mo abusua no adwuma? Mubetumi atra ase sɛ abusua—atɔ mo bo ase ayɛ nhyehyɛe de biakoyɛ—asusuw sɛnea abusua no muni biako anaa baanu betumi ayɛ akwampaefo no ho. Ɛda adi sɛ ebinom nsɛm tebea remma wontumi mmɛyɛ daa akwampaefo seesei bere a wofi nokwaredi mu susuw wɔn nsɛm tebea ho no. Sɛ ɛte saa a, fa yɛ wo botae sɛ wobɛyɛ ɔkwampaefo daakye. Nanso fi ase yɛ bere pɔtee a wopɛ sɛ wufi akwampae adwuma no ase ho nhyehyɛe na pere du ho. Ebia wubetumi ayɛ ɔkwampaefo boafo mpɛn pii afe biara de apere adu daa akwampae adwuma no ho.

9 Daa akwampaefo bɛboro 4,200 a mprempren wɔwɔ Ghana no nsɛm tebea gu ahorow. Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ apɔw-mu-den, na wɔn mu dodow no ara nso wɔ mmusua ne sikasɛm ho asɛyɛde horow. Akwampaefo yi bi adi boro mfe 50, na wɔn mu kakra nso wɔ hɔ a wɔatwam mfe 65. Pii yɛ ahokwafo, na dodow bi adi mfe 20 anaa nea ennu saa. Akwampaefo yi nyinaa mu bɛyɛ anan mu biako yɛ anuanom mmarima, a wɔn mu pii wɔ abusua ne asafo mu asɛyɛde horow. Eyinom nyinaa ‘retɔ bere a ɛfata’ ama akwampae adwuma no, a mpɛn pii no ɛhwehwɛ sɛ wɔkwati akɛsesɛm nanso wonya akomatɔyam kɛse wɔ asetra mu.—Kol. 4:5.

10 Ehia sɛ Wokwati Akɛsesɛm? Sɛ wokwati akɛsesɛm wɔ w’asetra mu a, ebetumi abue akwampae hokwan ama wo. So w’asetra te sɛ ofi kɛse a adan ne nneɛma pii a ɛho nhia wom, a egye bere, sika ne adwuma pii na wode adi ho dwuma? Sɛ ɛte saa a, ɛnde nsakrae a wobɛyɛ ma woayɛ awiɛmfoɔ no betumi ama woayɛ akwampae adwuma no. So wubetumi atew bere a wode yɛ adwuma no so? So wubetumi atew bere a wode yɛ nnwuma a ɛho nhia no so na woakari pɛ wɔ bere a wode gye w’ahome no mu?

11 Bible no tu yɛn fo wɔ 1 Timoteo 6:8 sɛ: “Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.” Ade titiriw a ɛho hia na yɛayɛ nea yebetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu ne sɛ yɛbɛma kakra a yɛwɔ no adɔɔso ama yɛn, na amma honhom fam nneɛma a yɛde bedi kan no anyɛ den. (Mat. 6:22, 33) Wɔ amanneɛbɔ a ɛfa Japan ho a wɔde mae wɔ 1998 Yearbook mu kratafa 104 no, wɔde nyansahyɛ pii ma faa nea enti a akwampae honhom wɔ saa ɔman no mu ho. Susuw biako ho: “Akyinnye biara nni ho sɛ Japanfo afie nyɛ akɛseakɛse pii, ma enti ennye bere pii na wɔde asiesie mu, na ne titiriw no, wɔnyɛ akɛsesɛm wɔ asetra mu.” So ɛnyɛ ɛno ne nea 1 Timoteo 6:8 kyerɛ titiriw?

12 Wɔ wiase nyinaa no, Onyankopɔn asomfo de nsiyɛ kɛse reka asɛmpa no daa ansa na Yehowa nkwagye da no aba n’awiei. Nea ɛfata nkamfo no, nnipa bɛyɛ 700,000 na sɛ wokyekyem a, wɔde wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma no fa bi mu ɔsram biara wɔ afe a etwaam no mu. So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ w’asetra mu na woabɛka wɔn ho? Yɛto nsa frɛ wo sɛ fa mpaebɔ hwehwɛ wo nsɛm tebea mu yiye bere a worebua asɛmmisa a ɛne: “So Akwampae adwuma hokwan abue ama wo seesei?” no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]

BOTAE: DAA AKWAMPAEFO 5,000!

[Kratafa 4 adaka]

Nea Akwampaefo Betumi Ahwɛ So Ahyehyɛ Wɔn Bere

Nea Wohia: Nnɔnhwerew 17 dapɛn biara

Dapɛn no mu Da Koro ne Dapɛn Awiei

Da Nnɔnhwerew

Fida 8

Memeneda 6

Kwasida 3

Nkabom: 17

Dapɛn no mu Nnanu ne Memeneda

Da Nnɔnhwerew

Benada 7

Yawda 7

Memeneda 3

Nkabom: 17

Dapɛn no mu Nnansa ne Kwasida

Da Nnɔnhwerew

Dwoda 5

Wukuda 5

Fida 5

Kwasida 2

Nkabom: 17

Anwummere Abien ne Dapɛn Awiei

Da Nnɔnhwerew

Dwoda 3

Wukuda 3

Memeneda 8

Kwasida 3

Nkabom: 17

Yɛ W’ankasa Akwampae Bere Nhyehyɛe

Da Nnɔnhwerew

Dwoda

Benada

Wukuda

Yawda

Fida

Memeneda

Kwasida

Nkabom: 17

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena