Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/99 kr. 2
  • September Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • September Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase September 6
  • Dapɛn a Efi Ase September 13
  • Dapɛn a Efi Ase September 20
  • Dapɛn a Efi Ase September 27
Yɛn Ahenni Som—1999
km 9/99 kr. 2

September Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase September 6

Dwom 190

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no ne mo asafo no May asɛnka akontaabu ho asɛm.

17 min: “So Wowɔ Atirimpɔw Wɔ Adwuma a Woreyɛ no Mu?” Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa so. Fa Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 88-9 mu nsɛm ka ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ wɔn som adwuma no pɛpɛɛpɛ a ebi nka mu.

18 min: “Awofo—Monyɛ Nhwɛso Pa Mma Mo Mma.” Ɔpanyin da nnianim asɛm tiawa adi, na afei anuanom mmarima baanu a wɔyɛ awofo susuw asɛm no ho. Wɔka sɛ ɛho hia sɛ wɔbɔ wɔn mma ho ban fi nneɛma bɔne a wohu wɔ sukuu ne television so, ne nea abusuafo a wɔnyɛ Adansefo ne afoforo yɛ no ho. Anuanom no susuw animtiaabu, wiase no kasa ne ahosiesie, ne anigyede a ɛmfata ho. Bere a wɔasusuw sɛnea ɛho hia sɛ wɔyɛ nhwɛso pa ho awie no, wɔka akwan a wɔbɛfa so ama wɔanya abusua adesua, asafo nhyiam horow, ne asɛnka adwuma no ho anigye kɛse ho asɛm.—Hwɛ July 1, 1999 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 8-22 ne September 22, 1991, Engiresi Nyan! nkratafa 8-9.

Dwom 101 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 13

Dwom 171

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: Dɛn na Yɛyɛe Afe a Etwaam No? Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo ma. Ka asafo no 1999 ɔsom afe no akontaabu mu nneɛma atitiriw ho asɛm. Fa nkamfo ma wɔ nneɛma pa a mutumi yɛe ho. Kyerɛ mmeae a mubehia nkɔso. Twe adwene si nea asafo no ayɛ wɔ nhyiamkɔ ne Bible adesuayɛ mu so. Ka botae pa a mode besi mo anim ama afe a ɛreba no ho asɛm.

20 min: “Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Hinduni?” Nsɛmmisa ne mmuae. Si mfaso a ɛwɔ so sɛ yebenya biribi a yɛne onipa no adwene behyia wɔ ho so dua, na kyerɛ nneɛma a yɛne Hinduni adwene betumi ahyia wɔ ho. Kyerɛ sɛnea yebetumi asakra nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no mu na ama yɛadi asɔre biara muni adanse. Yɛ asɛm a wɔka kyerɛ a wɔanwene no yiye a wɔde di Hinduni adanse ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ wopɛ Hindusom ho nsɛm pii a, hwɛ krataa a ɛhyɛ February 1998 Yɛn Ahenni Som mu no mu; Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no nkratafa 13, 14; ne Mankind’s Search for God, ti 5.

Dwom 140 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 20

Dwom 193

12 min: Asafo mu nkaebɔ ne asɛnka mu osuahu ahorow. Munsusuw “Wobɛkɔ Bi?” ho.

15 min: Asafo mu ahiade.

18 min: Fa Creator Nhoma no Di Dwuma Yiye. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow. April 1999 Yɛn Ahenni Som no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ yebetumi de Creator nhoma no ama bere biara a yehyia nnipa a (1) wonnye Onyankopɔn nni anaasɛ (2) wogye Onyankopɔn di nanso wonnim onii ko a ɔyɛ, na wonnim ne su ne n’atirimpɔw ahorow no. Yebetumi de akyi nsɛmmisa ne nsɛm a ɛkanyan adwene no akanyan nhoma no akenkan ho anigye. Anaasɛ yebetumi de kratafa 152 adi dwuma ma atu mpɔn. Ɔdawurubɔfo no betumi abisa sɛ: “Ɛhe na yebetumi ahu sɛnea yebedi yɛn haw ahorow a emu yɛ den paa no ho dwuma ho afotu a eye sen biara?” Obetumi ama onipa no ahu sɛnea animdefo a wɔwɔ din akamfo Yesu Bepɔw so Asɛnka no, na wama wapaw nsɛntitiriw ason a wɔada no adi no mu biako a n’ani gye ho paa no, na afei wakenkan kyerɛw nsɛm no kakra. Yɛ nyansahyɛ abien yi a wɔfa so de Creator nhoma no ma ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa nhoma no nkɔ asɛnka, nyɛ krado sɛ wɔde bɛma bere biara a ɛfata.

Dwom 175 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 27

Dwom 141

15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn September asɛnka akontaabu mmra. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔanya October mu nsɛmma nhoma-kra ɔsatu no mu kyɛfa. Ka sɛnea ɛsɛ sɛ yɛnwene nsɛm a wɔka kyerɛ ho nyansahyɛ a ɛbaa October 1996 Yɛn Ahenni Som no kratafa 8 no ho asɛm. Fa nsɛmma nhoma a aba foforo di dwuma na ka emu nsɛntitiriw bi a yebetumi aka, na yɛ ho ɔyɛkyerɛ tiawa biako anaa abien.

15 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma.

15 min: “Nokware Som Retrɛw Wɔ Europa Apuei Fam.” Ɔpanyin de nsɛmmisa-ne-mmuae di ho dwuma. Ka osuahu anaasɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nkɔso aba aman a wɔabobɔ din no mu sɛnea wɔka ho asɛm wɔ Yearbook ahorow a ɛbae nkyɛe no mu no.

Dwom 87 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena