So Woreda Boasetɔ Adi?
1 “Minni anigye a ɛsen eyi, . . . sɛ me mma nam nokware mu.” (3 Yoh. 4) Yohane honhom mu mma boasetɔ ma onyaa anigye kɛse. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ yɛn soro Agya no anigye sɛ ohu sɛ wɔn a wɔbɛyɛ ne mma no mu ɔpepem pii ‘kɔ so nantew nokware no mu’!—Mmeb. 23:15, 16; 27:11.
2 Bere a Onyankopɔn nkurɔfo kɔ so de nnam yɛ wɔn Kristofo adwuma sɛ kuw no, wɔn mu binom dwumadi abrɛ ase nkakrankakra. Ɛwom sɛ ebia wɔyeree wɔn ho denneennen bere a wodii kan suaa nokware no de, nanso akyiri yi, wɔde ayɛ wɔn su sɛ asuafoyɛ adwuma no ketewaa bi pɛ na wɔbɛyɛ anaasɛ wɔnyɛ no daa.
3 Esiane honam mu mmerɛwyɛ anaa onyin nti, ntease wom sɛ ebinom dwumadi betumi abrɛ ase. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkamfo wɔn wɔ wɔn boasetɔ no ho. Wɔreyɛ nea wobetumi. Nanso ɛsɛ sɛ obiara a wahyira ne ho so ama Onyankopɔn bisa ne ho sɛ: ‘So mede m’adwene asi nneɛma a m’ankasa midi akyi so araa ma Ahenni nneɛma kakraa bi pɛ na meyɛ wɔ m’asetram? So mabɛyɛ “boturobodwo” wɔ ɔkwan bi so, anaasɛ meda so ara yere me ho “denneennen”?’ (Adi. 3:15, 16; Luka 13:24, NW) Momma yɛn nyinaa mfa mpaebɔ nsusuw nea yɛreyɛ ho na yennya nkɔso sɛnea ehia, na yɛmma ɛntra yɛn adwenem sɛ Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔde “anuonyam ne nidi ne asomdwoe bɛba ama wɔn a wɔyɛ papa nyinaa.”—Rom. 2:10.
4 Sɛnea Wubenya Boasetɔ: Dɛn na ɛboaa Yesu ma onyaa boasetɔ? Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.” (Heb. 12:1-3) Na anigye a wɔde asi Yesu anim no kyɛn bere tiaa mu sɔhwɛ ahorow a na ɛsɛ sɛ ogyina ano no. Anigye a wɔde asi yɛn anim a yɛbɛma atra yɛn adwenem no betumi aboa yɛn ma yɛn nso yɛanya boasetɔ. (Adi. 21:4, 7; 22:12) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so ma ɔma yɛn ahoɔden denam kokoam adesua, nhyiam a yɛkɔ daa, ne mpae a yɛbɔ daa so a, yebetumi akɔ so ayɛ adwuma a ɔde ama yɛn sɛ yɛnyɛ no.
5 Yehowa ani gye bere a ohu sɛ n’asomfo anokwafo nya boasetɔ no. Enti momma yɛmma n’anigye nyɛ kɛse denam kɔ a yɛbɛkɔ so ‘anantew nokware no mu’ no so.