Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/00 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase August 14
  • Dapɛn a Efi Ase August 21
  • Dapɛn a Efi Ase August 28
  • Dapɛn a Efi Ase September 4
Yɛn Ahenni Som—2000
km 8/00 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase August 14

Dwom 114

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no ne mo asafo no April asɛnka akontaabu ho asɛm. Adapɛn abien pɛ na aka wɔ August mu, enti hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkɔ asɛnka ansa na ɔsram no awu. Ka dapɛn no awiei asɛnka nhyiam nhyehyɛe ho asɛm.

15 min: “Ko Gyidi Ko Pa No.” Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako na fa asɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa so. Fa sɛnea Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo yɛ asɛnka adwuma ho nhyehyɛe ma wɔn akuw na wɔma wɔn ani ku obiara a ohia mmoa na wakɔ asɛnka de n’akontaabu aba daa ho ho nsɛm foforo fi Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 44-5 ka ho.

18 min: Sɛnea Wubenya Sukuu a Wobɛkɔ so Mfaso. Agya bi kasa kyerɛ ne mma de boa wɔn ma wohu nea enti a nhomasua so wɔ mfaso. (Hwɛ Young People Ask nhoma, no nkratafa 133-9.) Mmofra pii te nka sɛ sukuukɔ yɛ den ankasa wɔ nnɛ wiase a basabasayɛ ayɛ no ma yi mu. Wɔte nka nso sɛ wɔn ani nka, na mfaso ahe biara remma nea wosua no so. Agya no ka Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ne ntease pa a enti nyansa wom sɛ wobenya nhomasua a ɛfata ho asɛm. Ɔhyɛ ne mma no nkuran sɛ wonsua ade yiye, na wontie nea wɔkyerɛ wɔn wɔ sukuu no.

Dwom 127 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase August 21

Dwom 143

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Yɛ asɛnka ho ɔyɛkyerɛ a wɔayɛ ahwɛ yiye a ɛkyerɛ sɛnea yebebua asɛmmisa yi: “Dɛn nti na Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ bɛma kwan ma amanehunu akɔ so bere tenten saa?” (Reasoning nhoma no nkratafa 395-6) Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkɔ asɛnka dapɛn yi awiei.

10 min: Asafo mu ahiade.

25 min: “So Worenya Mfaso?” Nsɛmmisa ne mmuae.

Dwom 152 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase August 28

Dwom 165

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae wɔn nyinaa sɛ wɔmfa wɔn August asɛnka akontaabu mmra. Ɛsɛ sɛ Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo hu wɔn kuw no muni biara na ama ebedu September 6 no, na wɔatumi aka akontaabu no nyinaa abom.

15 min: “Ma Afoforo Hia Nhia Wo Bi.” Ɔkasa a ɔpanyin ma.

20 min: “Mmofra Nya Nhyiam Horow So Mfaso.” Asɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin di ho dwuma. Sɛ moreka nkyekyem 8 ho asɛm a, munsusuw nneɛma a ɛfata a ɛboa ma wotumi tie asɛm yiye wɔ asafo nhyiam ase ho. (Hwɛ October 8, 1998, Nyan!, nkratafa 25-26.) Hyɛ awofo nkuran sɛ wɔnhwɛ nhu sɛ wɔbɛma wɔn mma akɔ nhyiam daa.—Hwɛ osuahu a ɛwɔ September 1, 1997, Ɔwɛn-Aban no kratafa 25 no.

Dwom 176 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 4

Dwom 196

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Ma adawurubɔfo nka osuahu ahorow a wonyae bere a wodii bɔnnɔ so adanse wɔ kwan so, wɔ ɔmansin nhyiam anaa da koro nhyiam titiriw ase anaa bere a wɔrefi nhyiam no ase akɔ fie ho asɛm.

10 min: Yɛn Bere Yi Yɛ Soronko. Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina November 15, 1996, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 22-3 so.

20 min: “So Woreda Boasetɔ Adi?” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsusuw nea wɔatumi ayɛ wɔ boasetɔ a wɔada no adi wɔ Kristofo som adwuma no mu no ho. Sɛ yɛn mmerɛwyɛ ahorow bɛda adi a, ehia sɛ yɛhyɛ yɛn ho den wɔ honhom mu. Fa October 1, 1999, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 20-1, nkyekyem 17-21 mu nsɛm ka ho. To nsa frɛ adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔde nokwaredi ada boasetɔ adi mfe pii ma wɔnka nea wɔreyɛ na aboa wɔn ma wɔagyina mu ho asɛm.

Dwom 206 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena