Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/00 kr. 3-4
  • So Worenya Mfaso?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Worenya Mfaso?
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhyiam a ‘Ɛkanyan Yɛn Kɔ Ɔdɔ Ne Nnwuma Pa Mu’
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Nhyiam Ahorow a Yɛde Som
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Mmofra Nya Nhyiam Horow So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nhyiam Horow a Wɔde Twetwe Yɛn kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu
    Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Wiase Nyinaa
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 8/00 kr. 3-4

So Worenya Mfaso?

1 Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no pɛ sɛ wohu sɛnea wobedi ɔhaw ahorow so na wɔanya asetra mu anigye. Wɔkenkan nhoma ahorow anaasɛ wɔkɔdɔm kuw ne ahyehyɛde ahorow de hwehwɛ afotu fa asetra pa a wobenya ho. Ebia ebinom betumi atwe adwene asi mfaso kakraa bi a wɔanya so. Nanso, sɛ yɛhwɛ sɛnea asetra te nnɛ a, so nnipa anya asetra a asomdwoe ne abotɔyam kɛse wom denam nnipa nhyehyɛe ne nkyerɛkyerɛ so? Dabida!—1 Kor. 3:18-20.

2 Nanso, yɛn Bɔfo no de nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so sen biara ma wɔn a wotie no nyinaa kwa. Yehowa pɛ sɛ obiara nya ne nkyerɛkyerɛ mu mfaso. Ofi ayamye mu de N’asɛm a efi honhom mu ama na akyerɛ adesamma kwan wɔ trenee mu, na wama wɔaka N’ahenni ho asɛmpa no wɔ asase nyinaa so. (Dw. 19:7, 8; Mat. 24:14; 2 Tim. 3:16) Sɛ yɛyɛ aso ma Yehowa mmara nsɛm a, yɛn ani begye wɔ asetra mu ankasa.—Yes. 48:17, 18.

3 Yehowa akwankyerɛ korɔn sen nhoma anaa nhyehyɛe biara a ɛma obi tu mpɔn a wiase no de ma no koraa. Sɛ yɛde Yehowa nsiesiei a wɔada no adi wɔ N’asɛm mu ne nea n’ahyehyɛde no kyerɛkyerɛ di dwuma kɛse a, yebetumi anya mmoa a edi mu ne mfaso a ɛtra hɔ daa.—1 Pet. 3:10-12.

4 Nya Mfaso Denam Asafo Nhyiam Ahorow So: Ɛnnɛ, Yehowa wɔ ɔpɛ kɛse sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn n’akwan, na yenya mfaso denam ne nkyerɛkyerɛ a yebetie so. Nhyiam ahorow anum a yɛkɔ dapɛn biara no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa fi ɔdɔ mu dwen yɛn ho. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam ahorow a, yenya Onyankopɔn ho nimdeɛ pii. Yesua sɛnea yɛbɛbɔ yɛn ho ban afi nea enye ho denam Yehowa a yɛbɛn no so. Saa kwan yi so no, yɛyɛ den wɔ honhom fam.

5 Pii ka ho. Wɔ asafo nhyiam ahorow ase no, yetumi ne “nnipa pii bɔ fekuw.” (2 Kor. 6:13, NW) Eyi hwehwɛ sɛ yebehu afoforo pii wɔ asafo no mu. Yenya mfaso bere a yɛhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran, sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Romafo mu no. (Rom. 1:11, 12) Bere a ɔrekyerɛw Hebrifo no, ɔde afotu a emu yɛ den maa wɔn a ebia na wɔtaa toto Kristofo nhyiam mu no.—Heb. 10:24, 25.

6 Sɛ yebenya anigye ne abotɔyam wɔ asetram a, na ɛsɛ sɛ yedwen afoforo yiyedi ho nso. Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ama afoforo ani agye. Enti akyinnye biara nni ho sɛ, yɛne afoforo a yɛne wɔn nya fekubɔ pa no na enya Kristofo nhyiam ahorow no so mfaso. Nea wɔhwehwɛ fi yɛn hɔ ne komam a yebefi de yɛn ho ahyem.

7 Ɔsomafo Paulo kaa ade koro no ara ho asɛm wɔ n’afotu a ɔde kɔmaa Timoteo no mu bere a ɔkyerɛwee eyi no: “Bɔ onyamesom pa ho mmɔden.” (1 Tim. 4:7) Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So merebɔ me ho mmɔden? So merebɔ mmɔden sɛ mede nea mete wɔ asafo nhyiam ahorow ase no bedi dwuma?’ Sɛ yetie nea wɔka wɔ nhyiam ahorow ase no, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde nea yesua no bedi dwuma a, yɛn mmuae no bɛyɛ yiw. Yebetumi ahwɛ nneɛma akɔ akyiri asen sɛnea yebu yɛn nuanom a wɔreyɛ nkyerɛkyerɛ no, na yɛde yɛn gyidi aniwa ahu sɛ Yehowa ne Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini a ɔrekyerɛkyerɛ ne nkurɔfo.—Yes. 30:20.

8 Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam: Wɔasiesie nhyiam ahorow abien yi na aboa yɛn ma yɛatu mpɔn wɔ Kristofo som adwuma no mu. Saa atirimpɔw no na Teokrase Ɔsom Sukuu no di ho dwuma—sukuu a wɔnam so de nkyerɛkyerɛ ne afotu ma asuafo a wɔwom no bere nyinaa. Wunya hokwan de kyerɛ sɛnea woatu mpɔn wɔ baguam kasa ne Onyankopɔn Asɛm no ho kyerɛkyerɛfo mu. Nanso sɛ wubenya sukuu no mu mfaso pii a, ɛsɛ sɛ wokyerɛw wo din wom, wokɔ, na wunya mu kyɛfa daa, na wunya wo dwumadi ahorow no ho komapa. Afotu a wɔde ma a wubegye atom de adi dwuma no bɛboa wo ma woatu mpɔn.

9 Ɔsom Nhyiam no kyerɛ yɛn hia a Kristofo som adwuma no ho hia, na ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi anya asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa. So wo ne w’abusua renya nkyerɛkyerɛ a wɔde ma wɔ nhyiam ahorow abien yi mu no so mfaso? Kristofo awarefo bi ka sɛ: “Wɔ Ɔsom Nhyiam bi ase no, wɔkae sɛ yensusuw daa asɛm no ho sɛ abusua. Ná yɛnyɛ eyi, nanso afei de yɛyɛ.” Ɔkwan bɛn so na wɔrenya mfaso? Wogye tom sɛ: “Yehu sɛ nkɔmmɔ a yɛbɔ wɔ adidi bere no yɛ anigye ankasa. Yennye akyinnye bio bere a yɛredidi no.” So mmofra nketewa mpo nya nhyiam ahorow no so mfaso? Yiw. Ɛna no ka sɛ: “Ɛda adi sɛ nhyiam ahorow no nya yɛn mma no so nkɛntɛnso kɛse. Dapɛn bi, yɛkyeree yɛn ba abarimaa a wadi mfe asia no sɛ ɔredi atoro. Nanso wɔ nhyiam ase saa dapɛn no, na ɔkyerɛkyerɛ kasa no fa atorodi ho. Yɛn ba no de aniwu hwɛɛ ne papa anim na ɔde ne ti sii agua no so. Ohuu nea wɔrepɛ akyerɛ, na efi saa bere no, yɛanhyia nsɛnnennen bio.”

10 Onuawa kwampaefo bi ka sɛ ɛyɛ no anigye sɛ wɔde nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma yɛatu mpɔn wɔ ɔsom adwuma no mu ma wɔ Ɔsom Nhyiam ase. Dɛn ntia? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛyɛ a na minnya nsɛm pii a mɛka. Ɛtɔ da bi a, misusuw sɛ mintumi mfa nyansahyɛ a wɔde ma wɔ Yɛn Ahenni Som mu no nni dwuma. Nanso wɔ Ɔsom Nhyiam ase no, sɛ wɔka sɛ yɛnsɔ nyansahyɛ ahorow no nhwɛ a, minya anigye kɛse sɛ mede bedi dwuma. Ɛma asɛnka adwuma no yɛ anigye!” Bere a ɔde nyansahyɛ a ɛne sɛ yɛmmɔ mmɔden mfi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan mu dii dwuma adapɛn dodow bi no, ɔne abeawa bi a na ɔrebɔ mpae ahwehwɛ mmoa fii adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu.

11 Sɛ wutie ɔkasa bi a Bible mu afotu a ɛfa nneɛma a wɔpaw ho wom a, so wuhu sɛ Yehowa na ɔrekasa akyerɛ wo? Onua bi tee nka saa kwan no so. Ɔkae sɛ: “Wɔ nhyiam bi ase nnansa yi no, wɔmaa ɔkasa bi a emu no, onua no kyerɛɛ anigyede ko a eye ma Kristofo ne nea enye mma Kristofo. Ná metaa hwɛ akuturukubɔ wɔ television so. Nanso wɔ saa nhyiam no akyi no, mibehui sɛ saa agumadi yi ka anigyede a enye mma Kristofo no ho. Enti magyae hwɛ.” Yiw, ɛwom sɛ na onua yi anya akɔnnɔ ama biribi a basabasayɛ wom de, nanso ofi ahobrɛase mu gyee Yehowa akwankyerɛ toom.—Dw. 11:5.

12 Baguam Nhyiam, Ɔwɛn-Aban Adesua, ne Asafo Nhoma Adesua: Baguam ɔkasa a yetie no dapɛn biara no fa Bible mu nsɛmti pii ho. Dɛn na wunya fi ɔkasa ahorow yi mu? Okunu Kristoni bi kaa mfaso a onyae ho asɛm sɛ: “Ɔkasa biako bi sii honhom aba no nyinaa so dua. Ɔkasafo no kae sɛ, wɔ ne fam no, nea na ɛbɛyɛ na wanya saa aba ahorow yi no, na ɔpaw su pɔtee bi dapɛn biara di ho dwuma. Sɛ dapɛn no ba awiei a, na osusuw sɛnea ɔde saa su no dii dwuma wɔ da biara da asetram no ho. Afei, na ɔpaw su foforo a obedi ho dwuma dapɛn a edi hɔ no. M’ani gyee nyansahyɛ no ho, na mifii ase yɛɛ saa.” Ɔkwan pa bɛn ara na ɔnam so de nea osuae yi dii dwuma sɛɛ yi!

13 Ɔwɛn-Aban Adesua no kyerɛkyerɛ yɛn ma yɛde Bible nnyinasosɛm di dwuma wɔ asetra afã ahorow mu. Eyi boa ma yenya adwene ne koma a edwo ɛmfa ho asetram dadwen ahorow no. Ɔwɛn-Aban Adesua no nso ma yenya nokware no a ɛkɔ so hyerɛn nkakrankakra no ho ntease a edi mu. Sɛ nhwɛso no, so yɛannya mfaso amfi May 1, 1999, Ɔwɛn-Aban adesua nsɛm a wɔato din: “Etwa sɛ Saa Nneɛma Yi Ba,” “Nea Ɔkan No Ma Ɔnte Ase,” ne “Ma W’ani Nna Hɔ na Yɛ Nsi!” no mu? Ɔkwan bɛn so na saa adesua yi kaa w’ankasa? So wonam wo nneyɛe so kyerɛ sɛ wutie Yesu kɔkɔbɔ a ɛfa daakye ho no? So woreyɛ ahoboa ama sɔhwɛ ahorow a ɛda yɛn anim bere a yehu sɛ ‘akyide a ɛbɔ ɔman no abegyina kronkronbea hɔ no’? (Mat. 24:15-22) So wo botae ahorow ne asetra kwan kyerɛ sɛ ɛnyɛ honam fam ade dodowpɛ, na mmom, Yehowa din ho a wɔbɛtew ne ade a ehia wo sen biara? So Ɔwɛn-Aban Adesua no nkyerɛ yɛn sɛnea yebenya mfaso mprempren?

14 Susuw nneɛma pii a yesua wɔ Asafo Nhoma Adesua ase dapɛn biara no ho. Mprempren yɛresua Bible mu nhoma a ɛne Daniel no. Wɔ asram anan a yɛde asua saa Bible nhoma no, so yenhu sɛ yɛn gyidi yɛ den dapɛn biara? Te sɛ Yehowa diyifo Daniel a na ɔdɔ no no, yɛhyɛ yɛn gyidi den na ama yɛatumi agyina mu.

15 Yehowa Kyerɛkyerɛ Yɛn Ma Yɛtra Ase Anigye Mu: Sɛ yetie Onyankopɔn mmara nsɛm a, yɛkwati ɛyaw pii. Bio nso, yehu nea asetra a ɛyɛ anigye kyerɛ ankasa. Sɛ yedi Yehowa akwankyerɛ akyi a, yebenya kyɛfa wɔ n’adwuma mu, na yɛnyɛ bɛhwɛadefo kɛkɛ. Na wɔn a wɔreyɛ Onyankopɔn adwuma no ne nkurɔfo a wɔwɔ anigye.—1 Kor. 3:9; Yak. 1:25.

16 Susuw sɛnea wode nneɛma a wote wɔ asafo nhyiam ahorow ase no bedi dwuma no ho yiye. (Yoh. 13:17) Fi anigye ne koma nyinaa mu som Onyankopɔn. W’anigye bɛyɛ pii. W’asetra betu mpɔn, ɛbɛyɛ nea atirimpɔw kɛse wom. Yiw, wubenya mfaso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena