Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/00 kr. 7
  • Ma Afoforo Hia Nhia Wo Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Afoforo Hia Nhia Wo Bi
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Asemmisa Afa
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Yɛn Nhoma Kyekyɛ Nhyehyɛe a Wɔama Ayɛ Mmerɛw
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Sɛnea Yenya Sika De Yɛ Ahenni Adwuma No
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 8/00 kr. 7

Ma Afoforo Hia Nhia Wo Bi

1 Yehowa nam “akoa” nokwafo no so yɛ nsiesiei ma yenya yɛn honhom fam ahiade. (Mat. 24:45-47) Saa nsiesiei yi mu pii yɛ nhoma ahorow, Bible, bound volume ahorow, video, kasɛt, ne kɔmputa disk ahorow a yɛde yɛ Bible mu nhwehwɛmu. Nea Yehowa de ma yɛn no so yɛn pɛpɛɛpɛ bere nyinaa. Ɔhwɛ kwan sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho bɛkyɛ, na yɛahwɛ ahu sɛ yɛn nyinaa nya so mfaso.

2 Egye sika kɛse na wɔayɛ nneɛma a ɛte saa nyinaa. Anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa na wotua ɛka yi nyinaa. Yehu eyi titiriw fi bere a ahyehyɛde no yɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛmfa nhoma mma afoforo a yentwa bo nto so, na mmom obiara mfi ne pɛ mu nyi ntoboa mma wɔmfa ntua ɛka ahorow no.

3 Sɛnea Yebetumi Aboa: Yebetumi atie Paulo afotu a ese yɛmma afoforo “nsa nka nea wohia” no. (Rom. 12:13, NW) Sɛ yeyi sika de boa wiase nyinaa adwuma no a, na yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa rekyɛ nea yɛwɔ no tẽẽ. Esiane sɛ eyi wɔ ebinom adwenem nti, wɔasi gyinae sɛ wobeyi sika bi ato hɔ de aboa wiase nyinaa adwuma no ɔsram biara, te sɛ nea woyi ma wɔde tua Ahenni Asa ho ka a wɔbɔ no ara pɛ. Wonim sɛ wɔmfa sika yi ntua nhoma tintim ho ka nkutoo na mmom adwuma no afa horow nyinaa ho ka nso. Sɛ yɛn mu pii yi ntoboa daa wɔ saa kwan yi so a, hwɛ ɛso mfaso kɛse a yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no benya.

4 Afei nso, sɛ yɛkra nneɛma a yebenya no ntɛm a, yebetumi ama afoforo anya bi bere a yɛnkra pii dodo no. Nea yehia ankasa nkutoo a yɛbɛkra no bɛboa ma yɛn nuanom a wɔwɔ mmeae foforo nsa aka honhom fam nneɛma a wɔn nso hia na wɔayɛ den na wɔama asɛmpaka adwuma no atrɛw wɔ baabi a wɔwɔ wɔ wiase no mu no.—Heb. 13:16.

5 Ɛsɛ sɛ yɛma eyi tra yɛn adwenem titiriw bere a yɛkra nneɛma a Asafo ti no bɔ ho ka kɛse na wɔayɛ no. Eyi bi ne video, CD-ROM, nhwehwɛmu nhoma akɛse, bound volume ne kasɛt ahorow a wɔkra no. Sɛ anka mobɛkra biako ama abusua no muni biara no, so abusua no nyinaa ntumi mfa biako pɛ nni dwuma? So yɛn ankasa nso ntumi nkra nneɛma a ehia yɛn mprempren nkutoo? Sɛ yɛtew nneɛma a yɛn ankasa hia no so a, ɛbɛma afoforo nso nsa aka nneɛma pa a yenya no bi.—Fil. 2:4.

6 Ntoboa a yeyi wɔ Ahenni Asa so de boa Asafo ti wiase nyinaa adwuma no ne nea anigyefo yi bere a wogye nhoma no betumi ama yɛatua nhoma a yɛde ma wɔ asɛnka mu no ho ka no bi. Nanso, ɛdefa nneɛma te sɛ nnwom nhoma, Yearbook, Bible a akyi yɛ mmerɛw, kalenda, ne nhoma afoforo a yɛkra na yɛn ankasa de adi dwuma ho no, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔnyɛ anuanom na ɛsɛ sɛ wotua ho ka ma yɛn. Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so titiriw na woyi sika de tua eyi ho ka. Esiane sɛ eyi wɔ adawurubɔfo pii adwenem nti, wobu ɛbo a wɔtɔn eyinom de gye wɔ abɔnten na afei woyi ntoboa no. Sɛ nhwɛso no, wobetumi atɔn Bible a akyi yɛ mmerɛw a ano yɛ hyɛnn no ₵45,000 anaa nea ɛboro saa ntɛm, wɔtɔn nhwehwɛmu nhoma ₵60,000 ne akyi, anyɛ yiye koraa no wɔtɔn kalenda a wɔde bɔ dan ho a wɔde kɔla ahorow ayɛ emu mfonini no ₵10,000, ne nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm a ɛwɔ CD-ROM so no bɛyɛ ₵100,000 kosi ₵200,000 anaa nea ɛboro saa. Wɔtaa de compact disc a wɔakyere nnwom agu so gye bɛyɛ ₵35,000, na mpɛn pii no wɔtɔn video kasɛt ahorow kyɛn saa koraa. Sɛ yɛanyi ntoboa a ɛfata a ebetumi atua ɛka ahorow no a, ɛbɛbrɛ nea anka Asafo ti no betumi ayɛ de atrɛw wiase nyinaa adwuma no mu no ase.

7 Yesu kae sɛ ɔdɔ a ne nokware asuafo beyi adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho no na wɔde behu wɔn. (Yoh. 13:34, 35) Ayamye mu a yebefi de honam fam nneɛma aboa afoforo na yɛama wɔn nsa aka nea wohia no yɛ akwampa a yɛfa so da yɛn ho adi sɛ yɛyɛ nokware Kristofo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena